Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti na Noa Nyaa Onyankopɔn Anim Dom?—Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Ɛho Hia Yɛn

Dɛn Nti na Noa Nyaa Onyankopɔn Anim Dom?—Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Ɛho Hia Yɛn

Dɛn Nti na Noa Nyaa Onyankopɔn Anim Dom?—Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Ɛho Hia Yɛn

YƐN mu dodow no ara kae bere a yɛtee asɛnhia bi. Ebia yɛkae emu nsɛm nyinaa. Ɛnyɛ baabi a na yɛwɔ ne nea na yɛreyɛ no nko na yɛkae, na mmom sɛnea yɛyɛɛ yɛn ade wɔ asɛm no ho nso. Akyinnye biara nni ho sɛ, Noa nso werɛ remfi da a Yehowa Nyankopɔn, amansan Hene no, kaa asɛm bi kyerɛɛ no no. Asɛm biara nni hɔ a na ehia sen saa. Yehowa kae sɛ, wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe “ɔhonam nyinaa.” Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka kɛse bi a ɔde begye ɔne n’abusua ne mmoa ahorow nyinaa nkwa.—Genesis 6:9-21.

Dɛn na Noa yɛe wɔ asɛm no ho? So asɛm a ɔtee no maa n’ani gyei, anaa ɛma onwiinwii? Ɔkwan bɛn so na ɔfa kaa asɛm no kyerɛɛ ne yere ne n’abusua? Bible no nka nkyerɛ yɛn. Nea ɛka kyerɛ yɛn ara ne sɛ: “Noa yɛɛ sa; sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa, saa ara na ɔyɛe.”—Genesis 6:22.

Ɛno na na ɛho hia titiriw, efisɛ saa asɛm no ma yehu nea Noa yɛe a onyaa Onyankopɔn anim dom no ho biribi; Ná Noa wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ nea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. (Genesis 6:8) Dɛn bio na ɛmaa Noa nyaa Onyankopɔn anim dom? Mmuae no ho hia yɛn efisɛ, sɛ yebenya nkwa bere a Onyankopɔn bɛsan asɛe abɔnefo afi asase so no mu a, gye sɛ yɛyɛ te sɛ Noa. Nanso nea edi kan no, ma yensusuw sɛnea na Noa asetra te ansa na Nsuyiri no reba no ho nhwɛ.

Ahonhommɔne Baa Asase So

Noa traa ase wɔ nnipa asetra mfiase pɛɛ. Bere a wɔbɔɔ onipa a odi kan no akyi bɛyɛ mfe apem na wɔwoo no. Saa bere no na nnipa nte abodan mu sɛnea nnipa pii susuw no. Ná wɔnyɛ nnipa a wɔn ho wɔ nhwi pii a wɔn ani mmuei a na wɔn mu akoakoa a wokurakura mporibaa. Ná wɔde nnade ne kɔbere yɛ nnwinade, na ɛbɛyɛ sɛ ɛno bi na Noa de yɛɛ adaka no. Ná wɔwɔ nnwinade a wɔde bɔ nnwom nso. Wɔwarewaree, wɔwowoe, wɔyeyɛɛ mfuw na wɔyɛn mmoa nso. Wodii gua. Eyinom nyinaa ma yehu sɛ na asetra a ɛwɔ hɔ saa bere no te sɛ nnɛ yi ara.—Genesis 4:20-22; Luka 17:26-28.

Nanso na wɔda nsow kakra wɔ ɔkwan bi so. Ade biako a na ɛma wɔda nsow ne sɛ, na wonyin kyɛ sen yɛn. Ná nnipa tumi di boro mfe 800. Noa dii mfe 950; Adam dii mfe 930; na Noa nanabarima, Metusala dii mfe 969. *Genesis 5:5, 27; 9:29.

Wɔaka ade foforo a na ɛma wɔda nsow no ho asɛm wɔ Genesis 6:1, 2, sɛ: “Nnipa fii ase redɔɔso wɔ asase so na wɔwoo mmabea maa wɔn no, Onyankopɔn mma huu nnipa mmabea sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.” Ná “Onyankopɔn mma” yi yɛ abɔfo a wofi soro baa asase so bɛyɛɛ wɔn ho nnipa. Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa wɔn baa asase so; na saa ara nso na wɔamma sɛ wɔrebɛboa nnipa. Mmom no, “wogyaw wɔn ankasa trabere” wɔ soro na wɔne asase so mmea a wɔn ho yɛ fɛ bɛdedae. Wɔbɛyɛɛ ahonhommɔne.—Yuda 6.

Esiane sɛ na abɔfo bɔne yi yɛ atuatewfo, wɔn bra asɛe, na wɔwɔ tumi ne nyansa a ɛboro so nti, wonyaa nnipa so nkɛntɛnso bɔne. Ɛda adi sɛ, wodii nnipa so hyɛɛ wɔn so. Wɔanyɛ nneɛma wɔ sum ase te sɛ ɔsɛmmɔnedifo a ɔde ne ho sie na ɔyɛ ade wɔ sum ase no. Mmom no, wɔtotõõ wɔn ani wee, na wɔyɛɛ nneɛma bɔne pefee tiaa Onyankopɔn nhyehyɛe.

Abɔfo a wɔyɛ Onyankopɔn mma yi ne mmea bɛdedae, na mmea no wowoo mma ma wonyin bɛyɛɛ nnipa a wɔn ho yɛ den paa. Wɔ Hebri kasa mu no, wɔfrɛ wɔn “Nefilim.” Wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Nna no mu na abran akɛse [Nefilim] wɔ asase so, na akyiri yi nso a Onyankopɔn mma kɔɔ nnipa mmabea ho na wɔwoo mma maa wɔn no, eyinom ne abirɛmpɔn a wɔwɔ din fi teteete.” (Genesis 6:4) Ná Nefilim no ho yɛ hu paa. Asɛmfua “Nefilim” no kyerɛ “Abusuyɛfo” anaa wɔn a wɔbrɛ afoforo ase. Ná wɔyɛ awudifo a ɛda adi sɛ wɔaka wɔn awudi no ho nsɛm pii wɔ tete anansesɛm ahorow mu.

Ɛyaw a Atreneefo Dii

Bible ka saa awo ntoatoaso no ho asɛm sɛ, na wɔn bra asɛe paa. Ɛka sɛ: “Nnipa bɔne dɔɔso pii asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa. . . . Na anuɔden ahyɛ asase so ma. . . . Ɔhonam nyinaa asɛe wɔn kwan wɔ asase so.”—Genesis 6:5, 11, 12.

Saa wiase no mu na na Noa te. Ná Noa nte sɛ ne beresofo no. Ná “Noa yɛ onipa trenee,” na ɔne “Onyankopɔn na ɛnantewee.” (Genesis 6:9) Ɛyɛ den sɛ onipa trenee bɛtra nnipa abɔnefo mu. Ɛbɛyɛ sɛ, nsɛm a nkurɔfo kae ne nea wɔyɛe no haw Noa! Ebetumi aba sɛ ɔtee nka te sɛ Lot, onipa trenee a ɔno nso traa ase wɔ Nsuyiri no akyi no. Lot traa ase wɔ nnipa a na wɔn bra asɛe wɔ Sodom kurow no mu, na “mmaratofo no ahohwibra maa ne ho hiahiaa no,” na nea ‘ohui na ɔtee bere a ɔne wɔn te da biara da no maa ne kra a ɛteɛ no ho yeraw no esiane wɔn mmaratode no nti.’ (2 Petro 2:7, 8) Saa ara nso na Noa tee nka.

So nsɛm a ɛyɛ ahodwiriw a nsɛm ho amanneɛbɔfo ka, anaa nneɛma bɔne a nnipa a wo ne wɔn te no yɛ no ma wo ho hiahia wo? Sɛ saa a, ɛnde wubetumi ate sɛnea Noa tee nka no ase. Wode susuw sɛnea ɛbɛyɛ den sɛ ɔtraa wiase a na abɔnefo ahyɛ mu ma mu mfe 600 no ho hwɛ; Nsuyiri no bae no, na Noa adi mfe 600. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɔhwɛɛ kwan sɛ abɔnefosɛm to betwa!—Genesis 7:6.

Noa Tumi Daa no Adi sɛ Ɔyɛ Soronko

Ná “Noa yɛ onipa trenee a ɔyɛ pɛ wɔ ne bere so nnipa mu.” (Genesis 6:9) Hyɛ no nsow sɛ, Bible ka sɛ ná ɔyɛ pɛ ne bere so nnipa mu, na ɛnyɛ sɛ na ɔyɛ pɛ wɔ wɔn ani so. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, na ɔyɛ pɛ wɔ Onyankopɔn ani so, nanso wɔ nnipa a wɔtraa ase ansa na Nsuyiri no reba no fam de, na Noa yɛ atetekwaa. Yebetumi agye atom sɛ ɔne nnipa dodow no ara anyɛ adwene, na saa ara nso na wamfa ne ho anhyɛ anigyede a ɛmfata ne wɔn ahohwibra mu. Susuw sɛnea nkurɔfo buu Noa, bere a ofii ase sɛ ɔreyɛ adaka no ho hwɛ! Ɛda adi sɛ wɔserew no na wodii ne ho fɛw. Wɔamfa n’asɛm no aniberesɛm.

Bio nso, na Noa wɔ Onyankopɔn mu gyidi a emu yɛ den, na ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Bible ka sɛ ná “ɔyɛ trenee sɛnkafo.” (2 Petro 2:5) Akyinnye biara nni ho sɛ na Noa nim sɛ obehyia ɔsɔretia. Ná ne nanabarima Henok yɛ onipa trenee, na ɔkaa Onyankopɔn atemmu a na ɔde bɛba nnipa abɔnefo so no ho asɛm. Ɛda adi sɛ eyi maa wɔtaa Henok, nanso Onyankopɔn amma n’asɔretiafo no kwan ma wɔankum no. (Genesis 5:18, 21-24; Hebrifo 11:5; 12:1; Yuda 14, 15) Esiane sɛ na ahonhommɔne no ne Nefilim no ka Satan ho, na nnipa dodow no ara ntie Noa anaa wɔsɔre tia no nti, na ehia sɛ onya akokoduru ne gyidi wɔ Yehowa mu sɛ obetumi abɔ ne ho ban.

Wɔn a wɔnsom Onyankopɔn no fi bere tenten asɔre atia wɔn a wɔsom Onyankopɔn no. Wɔtaa Yesu Kristo mpo, na saa ara na wɔtaa wɔn a na wodi n’akyi no. (Mateo 10:22; Yohane 15:18) Ɛwom sɛ na nnipa dodow no ara nsom Onyankopɔn de, nanso Noa nyaa akokoduru yɛɛ saa. Ohui sɛ, Onyankopɔn anim dom a obenya no ho hia koraa sen sɛ nnipa a wɔnsom Onyankopɔn no begye no atom. Eyi ma Noa nyaa Onyankopɔn anim dom.

Noa Tiee Kɔkɔbɔ No

Sɛnea yɛahu no, Noa de akokoduru kaa asɛm no kyerɛɛ afoforo. Dɛn na wɔyɛe wɔ asɛm no ho? Bible ka sɛ ansa na Nsuyiri no reba no “wodidi nomee, mmarima warewaree na wɔde mmea memaa aware kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu kosi sɛ nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe.” Wɔantie kɔkɔbɔ no.—Mateo 24:38, 39.

Yesu kae sɛ, saa ara na ɛbɛyɛ wɔ yɛn bere yi mu. Yehowa Adansefo de bɛboro mfe ɔha abɔ kɔkɔ sɛ Yehowa bɛyɛ ade ntɛmso de ama ne bɔhyɛ a ɛfa wiase foforo a trenee bɛtra mu ho no abam. Ɛwom sɛ nnipa ɔpepem pii atie de, nanso nnipa dodow no ara abubu nnua agu wɔn asom. “Esiane sɛ wɔn ankasa pɛ no saa nti,” wobu wɔn ani gu nokwasɛm a Nsuyiri no yɛ, ne nea ɛkyerɛ ma yɛn no so.—2 Petro 3:5, 13.

Nanso, Noa tiee kɔkɔbɔ no. Ogyee nea Yehowa Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no dii. Osetie a ɔyɛe no ma onyaa nkwa. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Gyidi nti bere a wɔmaa Noa Onyankopɔn kɔkɔbɔ a ɛfa nneɛma a wonnya nhui ho no, ɔdaa Onyankopɔn ho suro adi na ɔyɛɛ adaka a wɔde begye ne fiefo nkwa.”—Hebrifo 11:7.

Nhwɛso Pa a Ɛsɛ sɛ Yesuasua

Ná adaka a Noa yɛe no so paa—ná ɛware sen agoprama a wɔbɔ so bɔɔl, na na ne tenten bɛyɛ sɛ abansoro a ɛtoa so abiɛsa. Ná ɛware sen po so hyɛn a wɔfrɛ no Wyoming no anammɔn 100. Wɔkyerɛ sɛ, ɛno ne po so hyɛn a wɔde dua ayɛ a ɛso sen biara. Ɛwom, na adaka no nyɛ po so hyɛn; nea na ehia ara ne sɛ ɛbɛtɛn nsu ani. Nanso na ehia sɛ wonya obi a onim adaka yɛ yiye paa. Ná ɛsɛ sɛ wɔde mannɔ tetare emu ne ɛho nyinaa. Ɛbɛyɛ sɛ egyee bɛboro mfe 50 ansa na wɔrewie.—Genesis 6:14-16.

Ná adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ná ɛsɛ sɛ Noa boaboa aduan a ɔne n’abusua ne mmoa no bedi no afe ano. Ansa na Nsuyiri no reba no, na ɛsɛ sɛ wɔboaboa mmoa no ano de wɔn kɔ adaka no mu. “Noa yɛe sɛnea [Yehowa, NW] hyɛɛ no no nyinaa.” Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Noa koma tɔɔ ne yam bere a owiee biribiara na Yehowa too adaka no mu no!—Genesis 6:19-21; 7:5, 16.

Afei Nsuyiri no bae. Osu tɔe nnafua 40; awia ne anadwo. Ná ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa tra adaka no mu afe mũ kosi sɛ nsu no bɛtwe. (Genesis 7:11, 12; 8:13-16) Abɔnefo no nyinaa wuwui. Noa ne n’abusua nkutoo na wonyaa wɔn ti didii mu traa asase a abɔnefo nni so no so.

Bible ka sɛ, Nsuyiri a ɛbaa wiase nyinaa wɔ Noa bere so no yɛ “sɛnnahɔ.” Ɔkwan bɛn so? Yɛkenkan sɛ: “Wɔakora ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi so ama ogya de retwɛn atemmu ne amumɔyɛfo sɛe da.” Sɛnea ebinom nyaa wɔn ti didii mu wɔ Noa bere so no, saa ara na ɛbɛyɛ wɔ yɛn bere yi so. Nya awerɛhyem sɛ, “Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a woyi wɔn yam som no afi sɔhwɛ mu.”—2 Petro 2:5, 6, 9; 3:7.

Ná Noa yɛ onipa a ɔmfa ne Nyankopɔn som nni agoru, onipa trenee a na ɔte nnipa abɔnefo mu. Ɔyɛɛ nea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no nyinaa. Onyaa akokoduru yɛɛ nea ɛteɛ ɛmfa ho sɛ na onim sɛ ɛbɛma wɔn a na wɔmpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn no abu no animtiaa na wɔatan no no. Sɛ yesuasua Noa wɔ saa akwan yi so a, yɛn nso yebenya Onyankopɔn anim dom, na yɛahwɛ kwan sɛ wobegye yɛn akɔ wiase foforo a ɛrenkyɛ ɛbɛba no mu.—Dwom 37:9, 10.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Hwɛ asɛm “Did They Really Live That Long?” (So Wɔtraa Ase Kyɛe Saa?) a ɛwɔ July 2007, Awake! kratafa 30 no.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Ɛbɛyɛ sɛ wɔkaa Nefilim no awudi ho nsɛm pii wɔ tete anansesɛm ahorow mu

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Alinari/Art Resource, NY

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Sɛ yesuasua Noa gyidi a, yebetumi anya Onyankopɔn anim dom