Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Edin a Wɔmmɔ”?

“Edin a Wɔmmɔ”?

“Edin a Wɔmmɔ”?

GATEWAY ARCH nkaedum a ne tenten yɛ nammɔn 630 a esi nsu ano wɔ St. Louis, Missouri, no ne nkaedum a ɛware paa wɔ United States. Nkaedum yi nkyɛn pɛɛ na asɔredan bi a ɛnware pii, a wɔtaa frɛ no Old Cathedral, no si.

Bere a nhomawa bi a Roma Katolek asɔre no tintimii reka nneɛma a ɛwɔ asɔredan no anim ho asɛm no, ɛka sɛ: “Wɔayɛ mfonini fɛfɛ bi wɔ asɔredan no anim, na mfonini yi mfinimfini na wɔde Hebri nkyerɛwde akɛse akyerɛw Onyankopɔn din a wɔmmɔ no agu.” (The Story of the Old Cathedral) Sɛnea ɛda adi wɔ mfonini no mu no, yehu Hebri nkyerɛwde anan יהוה (YHWH), anaa Tetragrammaton a egyina hɔ ma Onyankopɔn din no pefee.

Bere a wosii asɔredan kɛse no wɔ afe 1834 mu no, na asɔre no mu akannifo a wɔwɔ St. Louis no adwene yɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde edin a wɔde Hebri nkyerɛwde anan akyerɛw no bɔ baabi a obiara behu. Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na din kronkron no bɛyɛɛ din a “wɔmmɔ” yi?

Nhwehwɛmu nhoma bi kyerɛkyerɛ nea ɛkɔɔ so bere a Yudafo no san fii Babilon nkoasom mu bae wɔ afeha a ɛto so asia ansa na wɔrewo Yesu no mu. Ɛka sɛ: “Wobebuu edin Yahwe [Tetragrammaton no a wɔde ɛnne nkyerɛwde ahyehyɛ mu] no sɛ ɛyɛ kronkron dodo sɛ wɔbɔ, enti nea wofii ase yɛe ne sɛ wɔde asɛmfua ADONAI [Awurade] anaa ELOHIM [Onyankopɔn] sii Tetragrammaton no ananmu. . . . Enti bere bi akyi no, wɔn werɛ fii sɛnea wɔbɔ edin Yahwe no ankasa.” (New Catholic Encyclopedia) Eyi nti, na nkurɔfo mmɔ Onyankopɔn din bio. Awiei koraa no, wɔn werɛ fii sɛnea na tetefo no bɔ din kronkron no ankasa, ma enti wogyaee bɔ.

Ɛwom sɛ yennim sɛnea na wɔbɔ Onyankopɔn din no ankasa de, nanso nea ehia ne sɛ, ne din no a yɛbɔ no ma yɛbɛn no yiye. So w’ani begye ho sɛ wo nnamfo bɛfrɛ wo “owura” anaa “awuraa,” anaa wobɛpɛ sɛ wɔde wo din ankasa frɛ wo? Sɛ wɔka kasa foforo na wontumi mmɔ wo din no yiye mpo a, wobɛpɛ sɛ wɔde wo din ankasa frɛ wo, anaa ɛnte saa? Saa ara na Onyankopɔn nso te; ɔpɛ sɛ yɛde ne din, Yehowa, frɛ no.

Wɔ Twi kasa mu no, “Yehowa” na nnipa dodow no ara nim. Enti ɛfata sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn nyinaa de ne din ankasa frɛ no, na ama wɔabɛn no. Bible ka sɛ “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.”—Yakobo 4:8.