Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mɛtra Ogya Ho Akenkan no Anadwo Yi Ara”

“Mɛtra Ogya Ho Akenkan no Anadwo Yi Ara”

Krataa a Efi Australia

“Mɛtra Ogya Ho Akenkan no Anadwo Yi Ara”

SƐ WƆKA Australia nkuraa a ɛwɔ akyirikyiri a atetew ne ho a nnipa nnɔɔso wɔ hɔ no ho asɛm a, nea ɛba yɛn tirim ara ne anhweatam a ɛso yɛ hyew, na asase no fã kɛse no ara da mpan. Nanso nnipa bɛyɛ 180,000 na wɔte asase yi so. Wɔn dodow bɛyɛ ɔman no mu nnipa nyinaa ɔha mu nkyem 1.

Meyɛ abofra no, na m’awofo a wɔyɛ Yehowa Adansefo no ma yɛkɔ nkuraa a ɛwɔ akyirikyiri yi ase kɔka asɛm no wɔ hɔ. Sɛnea asase no sõ na ayiyi mmonkyemmɔnka no maa m’ani gyee hɔ paa. Afei nso, m’ani gyee ɛhɔ nnipa a wɔn ho yɛ den na wɔpɛ nipa no ho. Afei a manya m’ankasa abusua a emufo nnɔɔso no, na mepɛ sɛ me yere ne yɛn mma baanu a baako adi mfe 10, na ɔfoforo no nso adi mfe 12 no kohu sɛnea ɛhɔ te.

Yesusuw Akwantu no Ho

Nea edi kan no, yɛtraa ase susuw sika a yebehia ho. Ɛhefa na yebetumi akɔ akodu? Nna ahe na yebedi? Awarefo bi ne nnipa baanu a wɔde wɔn bere nyinaa ka asɛm no a wɔwɔ yɛn asafo mu no kae sɛ wɔne yɛn bɛkɔ. Yɛn nyinaa adwene hyiae sɛ yɛbɛkɔ sukuu akwamma bere mu. Afei yɛkyerɛw krataa kɔmaa Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Sydney no sɛ wɔmma yɛn asasesin a yɛbɛyɛ mu adwuma. Wɔde Goondiwindi, kurow ketewa bi a ɛwɔ akyirikyiri no mpɔtam maa yɛn. Goondiwindi da Brisbane, baabi a yɛte no atɔe fam bɛyɛ akwansin 250.

Yɛtee sɛ Yehowa Adansefo asafo ketewa bi wɔ Goondiwindi. Ná eyi yɛ anigyesɛm foforo. Ná Kristofo mmarima ne mmea a yebehu wɔn no bɛyɛ ade titiriw wɔ yɛn akwantu no mu. Yɛkyerɛw kɔmaa asafo no sɛ yɛrebɛsra wɔn. Anigye a wɔn nso de kyerɛw brɛɛ yɛn no ma yehui sɛ wɔrehwɛ yɛn kwan.

Aka kakra ma yɛafi akwantu no ase no, yɛne nnipa a yɛretu kwan no hyiaam susuw sɛnea yɛbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo a wɔte akyirikyiri no ho. Nea na ehia yɛn paa ne sɛ yebenya obu ama Aboriginefo a ebia yebehu wɔn no amammerɛ ne wɔn amanne. Sɛ nhwɛso no, mmusua no bi afa baabi a wɔte no sɛ wɔn kurom ankasa. Enti ɛrenkyerɛ obu sɛ wobɛkɔ hɔ a worento wɔn nkra.

Yesii Mu Kɔe

Awiei koraa no, da a yebetu kwan no dui. Mmusua abien no mu biara de ne kar faa nnipa ne nneɛma pii, na yɛde yɛn ani kyerɛɛ Goondiwindi. Bere a yesii mu mfiase no, na yehu mfuw a wɔayɛ, nanso yɛrekɔ yɛn anim no, na sare asase a eucalyptus nnua mmiako mmiako sisi mu nkutoo na yehu. Sɛnea na wim tew no maa owia bɔɔ denneennen. Nnɔnhwerew bi akyi no, yeduu Goondiwindi, na yekogyee ɔdan ketewa bi wɔ ahomegyebea bi daa mu.

Ade kyee Kwasida no, owia a ɛbɔe ne mframa pa a ɛfaa yɛn ho no maa asɛnka yɛɛ dɛ paa. Sɛ edu ahohuru bere a, ɛha tumi yɛ hyew paa! Baabi a yedii kan gyinae ne Aboriginefo akuraa bi a efi yɛn hɔ rekɔ hɔ bɛyɛ akwansin 20 no. Wɔma yekohuu Jenny, ɔbaapanyin a ɔda kurow no ano. Otiee Bible mu asɛm a yɛkae no yiye na ɔde anigye gyee Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No * nhoma no. Afei ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ kurow no mu nkɔka asɛm no nkyerɛ ɔmanfo.

Kurow no mu mmofra de mmirika dii yɛn anim kan kɔbɔɔ ɔmanfo amanneɛ sɛ yɛaba. Obiara a yehuu no no de obu tiee yɛn, na wogyee Bible ho nhoma. Ankyɛ na yɛn nhoma nyinaa sae, na na bere aso sɛ yɛsan kɔ kurow no mu kosiesie yɛn ho ma asafo nhyiam. Ansa na yɛrefi hɔ no, yɛhyɛɛ bɔ sɛ yɛbɛsan aba wɔn a yɛanto wɔn wɔ fie no hɔ.

Saa awiabere no, Ahenni Asa so hɔ yɛɛ anigye paa efisɛ yɛn a yɛyɛ ahɔho no ne anuanom a yɛkɔtoo wɔn no bɔɔ nkɔmmɔ anigye so, na ankyɛ na yɛbɛyɛɛ nnamfo. Adansefo 25 a wɔwɔ hɔ no de nokwaredi reka Ahenni asɛm no kyerɛ nnipa 11,000 a wɔte asase a ne kɛse bɛyɛ akwansin 11,500 no so nyinaa no. Ɔdansefo bi de anisɔ kae sɛ: “Yɛda mo ase sɛ moabɔ mmɔden abɛboa yɛn.” Nhyiam no akyi no, yɛn nyinaa tetew mu kɔpɛɛ biribi dii. Anadwo a yɛrekɔda no, yɛmaa mmoa bi a wɔte sɛ ntwaboa a na wɔnenam yɛn dan no ho no aduan dii.

Mɛtra Ogya ho Anadwo Yi Ara’

Nnanu a edi hɔ no, yɛn a yɛwɔ kar abien no mu nyinaa kɔɔ mmeae a ɛwɔ akyirikyiri a ɛwɔ Queensland-New South Wales hye so no. Asase yi fã kɛse no ara yɛ sare pradadaa a eucalyptus nnua sisi mu a nguan ne anantwi ba hɔ adidi. Yɛrekɔ no, yehuu kangaroo dodow bi, na wɔn aso a na wɔagyinagyina no kyerɛ sɛ wɔahu yɛn. Ntakraboa kɛse bi a ne ho yɛ fɛ a ɔte sɛ sohori betwaam wɔ yɛn anim.

Benada awia no, yehuu anantwi pii sɛ wɔde nkakrankakra retwa kwan mu. Efi bere tenten na mmoahwɛfo de wɔn mmoa aba hɔ adidi, titiriw wɔ ɔpɛ bere mu. Ankyɛ na yehuu nantwikafo bi sɛ ɔte ne pɔnkɔ so. Migyinae no, misii fam kyiaa no, na ɔno nso gyee me so. Ɔpanyin yi ne ne kraman a ɔka ne ho no gyinae ma yɛbɔɔ nkɔmmɔ.

Bere a yɛbɔɔ osu a ɛntɔ ho nkɔmmɔ kakra no, mekaa nea enti a yɛnam no ho asɛm kyerɛɛ no. Ɔpanyin no kae sɛ: “Efi me mmofraase mentee Bible mu asɛm da!” Nea ɔkae ne sɛ, nyamesom akannifo na ama ɔbrabɔne abu so wɔ wiase saa. Nanso na n’ani da so ara gye Bible ho paa. Bere a me ne no bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ kakra no, mede Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?  * nhoma no maa no. Ɔsoo nhoma no mu yiye de hyɛɛ n’atade kotoku mu, na ɔkae sɛ: “Sɛ ɛbɛma mahu nea Bible kyerɛkyerɛ a, mɛtra ogya ho akenkan no anadwo yi ara.”

Yɛsan Baa Fie

Saa anadwo no, yɛkaa osuahu ahorow a yenyae kyerɛɛ yɛn nuanom Kristofo wɔ Ahenni Asa so. Wɔhyɛɛ yɛn bɔ sɛ wɔbɛkɔ akɔsra wɔn a wɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye no. Bere a yɛpɔn nhyiam no, na ɛyɛ den sɛ yɛne wɔn bedi nkra. Ná yɛabenya ɔdɔ a emu yɛ den ama yɛn ho yɛn ho. Honhom mu nkuranhyɛ a yɛn mu biara nyae no maa yɛn ani gyei paa.—Romafo 1:12.

Ade kyee no, yɛbaa yɛn kurom. Sɛ yedwennwen yɛn akwantu no ho a, yehu sɛ Yehowa ahyira mmɔden a yɛbɔe no so paa. Yɛtee nka sɛ yɛabɛn Yehowa kɛse. Yeduu fie no, mibisaa mmofra no sɛ: “Akwamma foforo a ɛbɛba no, ɛhe na mobɛpɛ sɛ yɛkɔ? Yɛnkɔ mmepɔw no so anaa?” Wobuae sɛ “Dabi, ma yɛnsan nkɔ nkuraa a ɛwɔ akyirikyiri no ase nkodi adanse.” Me yere nso foaa so sɛ: “Ɛhɔ ara na yɛbɛkɔ. Minnii akwamma biara saa da!”

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 11 Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 17 Yehowa Adansefo na wotintimii.