Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsu A Ɛma Wonya Daa Nkwa

Nsu A Ɛma Wonya Daa Nkwa

Nsu A Ɛma Wonya Daa Nkwa

“Obiara a ɔbɛnom nsu a mede bɛma no no, sukɔm renne no da, na mmom nsu a mede bɛma no no bɛyɛ asuti wɔ ne mu a epuw ma daa nkwa.”—YOHANE 4:14.

“PRƐKO pɛ, . . . mihuu ade kurukuruwa hyɛnhyɛn a ɛte sɛ abohene bi a ne kɔla yɛ bruu ne fitaa sɛ ɛrepue nkakrankakra fi ɔsram no akyi te sɛ ahene ketewa bi a ɛda sum kabii mu.”—Saa na Edgar Mitchell, a ɔyɛ ahunmu kwantuni no kaa sɛnea ohuu asase no wɔ ahunmu ho asɛm.

Dɛn na ɛma yɛn okyinnsoromma yi yɛ fɛ a enti, ɛmaa ahunmu kwantuni no kaa ho asɛm wɔ anwensɛm kwan so saa? Ɛyɛ nsu a ɛkata asase no fã kɛse no ara so no. Nokware mu no, ɛnyɛ sɛ nsu ma asase yɛ fɛ nko; na mmom ɛsan ma abɔde a ɛwɔ asase so nkwa. Nokwasɛm ne sɛ, yɛn nipadua no bɛyɛ ɔha mu nkyem 65 yɛ nsu. Enti nhoma bi ka nsu ho asɛm sɛ: “Ɛho hia ma nkwa, na ɛho hia afifide ne mmoa wɔ biribiara mu.”—Encyclopædia Britannica.

Esiane sɛ nsu di kyinhyia bere nyinaa nti, nsu nsa wɔ asase so da. Nhoma bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ nsu biara a yɛde di dwuma no san kɔ po mu. Owia bɔ po no so ma nsu no dan huhuw. Afei ɛsan tɔ gu asase so. Nsu koro no ara na yɛde di dwuma bere nyinaa. Ɛnsa da.” (The World Book Encyclopedia) Bɛyɛ mfe 3,000 a atwam ni no, Bible kaa kyinhyia soronko a nsu di no ho asɛm sɛ: “Nsubɔnten nyinaa sen kɔ po mu, nanso ɛpo renyɛ ma: Faako a nsubɔnten no nenam kɔ no, ɛhɔ ara na ɛsan kɔ bio.” Hwɛ sɛnea nsu di kyinhyia wɔ asase so ma ɛyɛ nwonwa!—Ɔsɛnkafo 1:7.

Esiane sɛnea nsu ho hia ma nkwa ne sɛnea wɔnam anwonwakwan so ma yɛn nsa ka nti, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ epue mpɛn 700 wɔ Bible mu. Bible taa de dwuma soronko a nsu di—titiriw sɛnea etumi yi fĩ na ɛma nkwa—no toto yɛn som ne yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho.—Yesaia 58:11; Yohane 4:14.

Sɛnea Bible Tumi Tew Nnipa Ho

Esiane sɛnea na Israelfo de nsu guare na wɔde horow nneɛma daa no nti, na wɔn ho tew paa, na na wɔda nsow. Ná ɛyɛ amanne sɛ sɛ obi kɔ obi fie a, wɔhohoro ne nan ho. (Luka 7:44) Aguare a na Israelfo no guare ne wɔn nneɛma a na wɔma ɛho tew akyi no, na wɔde nsu nso di dwuma wɔ wɔn som mu de tew wɔn ho. Ná ɛsɛ sɛ asɔfo a wɔsom wɔ ntamadan mu no horo wɔn ntade bere nyinaa. (Exodus 30:18-21) Akyiri yi, Salomo de kɔbere yɛɛ “ogu po” a na nsu bɛboro galɔn 11,500 wom wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ a na wobetumi de atew wɔn ho, sɛnea na Onyankopɔn Mmara hwehwɛ no. (2 Beresosɛm 4:2, 6) Dɛn na nsu a wɔde dii dwuma saa no kyerɛ ma Kristofo nnɛ?

Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, na Yesu nam “asɛm no so de nsu ahohoro” Kristofo asafo no ho. Sɛnea nsu ma nnipa ho tew no, saa ara na Onyankopɔn Asɛm mu nokware wɔ tumi a ɛma yɛn abrabɔ ne yɛn som ho tew. Saa ahotew yi ma Kristo akyidifo yɛ ‘kronkron a wonni dɛm biara.’ (Efesofo 5:25-27) Ne saa nti, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Onyankopɔn anim dom no nyinaa ho tew wɔ abrabɔ ne honhom mu, a “nkekae ne dɛm biara” nni wɔn ho. (2 Petro 3:11, 14) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm boa wɔn ma wɔyɛ saa?

Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Yehowa Nyankopɔn ani no nam Bible a wosua no daa so nom sɛnkyerɛnne kwan so nsu, kyerɛ sɛ wonya nimdeɛ. Sɛ saafo no nya nimdeɛ a ɛte saa a, ɛka wɔn adwene ne wɔn koma, na ɛma wonya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛyɛ nea Bible kyerɛkyerɛ no: “Munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo, na moasɔ ahwɛ ahu Nyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mu.”—Romafo 12:2.

Onyankopɔn apɛde ho nimdeɛ a edi mũ a saafo no nya no ma wohu efĩ ne nkekae a ɛwɔ wɔn abrabɔ ne wɔn nsusuwii mu no. Sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm bɔ wɔn bra a, Onyankopɔn Asɛm a ɛte sɛ nsu no boa wɔn ma ‘woguare kama,’ na mpo ɛtew wɔn ho fi bɔne a anibere wom ho.—1 Korintofo 6:9-11.

Osuahu a edi so yi ma yehu sɛnea aberante bi a ɔwɔ Spain yɛɛ nsakrae. Alfonso ka sɛ: “Bere a midii mfe 18 no, na minni anigye wɔ asetra mu.” Ná nnubɔnenom aka ne hɔ, na na ɔyɛ ɔsɛmmɔnedifo a wɔyɛ no hwee a ɛnyɛ yiye. “Sɛnea na meyɛ me ho, ne sɛnea na me ne afoforo di nsɛm no ma metee nka sɛ me ho ntew.

“Bere a mewɔ sukuu no, mihuu ababaa bi a ɔne me bɔ tipɛn a na ne ho tew na ɔmpɛ ne ho asɛm a enti na ɔda nsow wɔ sukuufo afoforo no ho. Ne nhwɛso no ma minyaa ɔpɛ sɛ mɛbɔ bra pa te sɛ ɔno. Ɔne me kasae, na mekɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam. Ankyɛ na mifii ase suaa Bible no, na me ne Onyankopɔn benyaa ayɔnkofa. Wɔ afe ntam no, mesesaa m’abrabɔ, na mebɔɔ asu bɛyɛɛ Ɔdansefo. Nsakrae kɛse a meyɛe yi maa awofo a wɔwɔ baabi a mete a na wɔn mma anom nnubɔne ma aka wɔn hɔ no ka kyerɛɛ me sɛ memmoa wɔn mma no.”

Nsu a Ɛma Nkwa

Bere bi Yesu kaa “nkwa nsu” ho asɛm kyerɛɛ Samariani bea bi a na ɔrebɛsaw nsu wɔ Yakob abura mu no. Ɔkae sɛ: “Obiara a ɔbɛnom nsu a mede bɛma no no, sukɔm renne no da, na mmom nsu a mede bɛma no no bɛyɛ asuti wɔ ne mu a epuw ma daa nkwa.” (Yohane 4:10, 14) Yesu nsɛm no kyerɛ sɛ, “nkwa nsu” no gyina hɔ ma nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ a ɛma nkwagye a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ n’Asɛm, Bible mu no. Nhyehyɛe yi betumi ama nnipa anya daa nkwa. Ade a ɛho hia wɔ sɛnkyerɛnne kwan so nsu yi ho ne Kristo Yesu ogye afɔre no. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro mae, na obiara a ogye no di no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.”—Yohane 3:16.

Alfonso a yɛaka ne ho asɛm no abehu sɛ “nkwa nsu” a Onyankopɔn de ma no som bo paa. Bere a ɔreka wɔn a wɔkɔɔ so dii nsɛmmɔne na wɔnom nnubɔne ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Me nuabarima awu, na wɔn a kan na me ne wɔn bɔ no nyinaa nso awuwu. Onyankopɔn Asɛm ho nimdeɛ agye me afi owu a ɛte saa mu. Esiane Onyankopɔn som nti, meda so te ase.” Bio nso, nea Alfonso asua afi Onyankopɔn Asɛm mu nti, ɔde anigye hwɛ kwan sɛ ɔbɛtra ase daa wɔ Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no mu.—2 Petro 3:13.

Wɔto Nsa Frɛ Obiara

Wɔka “nkwa nsu asubɔnten a ani tew te sɛ ahwehwɛbo a ɛsen fi Nyankopɔn ne Oguammaa no ahengua no mu” ho asɛm wɔ Bible mu nhoma a etwa to no mu. (Adiyisɛm 22:1) Asubɔnten no yɛ Onyankopɔn nhyehyɛe a awiei koraa no ɛbɛma nnipa anya nkwa a ɛyɛ pɛ te sɛ nea na Adam ne Hawa wɔ wɔ adesamma abakɔsɛm mfiase pɛɛ no.

Bere a wɔkyerɛkyerɛɛ nea asubɔnten no yɛ mu wiei no, kyerɛwtohɔ no kɔ so ka sɛ: “Ma nea osukɔm de no biara mmra; na ma nea ɔpɛ biara mmegye nkwa nsu kwa.” (Adiyisɛm 22:17) Ɛnnɛ, wɔreto nsa afrɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa. Afe biara, Yehowa Adansefo a wɔwɔ nsase bɛboro 235 so de nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem biako boa nkurɔfo ma wonya Bible mu nimdeɛ a ɛma nkwa no bi.

So nkwa nsu no ho sukɔm de wo? Sɛ wonom nsu kurennyenn yi bi, kyerɛ sɛ, sɛ wusua nhyehyɛe a yɛn Bɔfo no ayɛ ho ade na wode di dwuma a, wo nso wubetumi abɛka wɔn a ‘wɔreto fapem pa asie yiye ama daakye, na ama wɔatumi aso nkwa ankasa no mu denneennen’ no ho.—1 Timoteo 6:19.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

Sɛnea nsu ma nnipa ho tew no, saa ara na Bible mu nokware wɔ tumi a ɛma yɛn abrabɔ ne yɛn som ho tew

[Adaka/Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

SƐNEA NA WONYA NSU WƆ TETE MMERE MU

Tete mmere mu no, na nnipa bɔ mmɔden paa hwehwɛ baabi a wobenya nsu. Abraham ne Isak tutuu mmura wɔ baabi a ɛbɛn Beer-Seba sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nsu ama wɔn fiefo ne wɔn mmoa.—Genesis 21:30, 31; 26:18.

Ná mmura a emu nnɔ no taa yow wɔ ɔpɛ bere mu. Nea ɛbɛyɛ ma wɔanya nsu bere nyinaa no, na ɛsɛ sɛ wotu abura ma emu dɔ. (Mmebusɛm 20:5) Ná abura bi a ɛwɔ Lakis no mu tenten yɛ anammɔn 144. Abura foforo nso a na ɛwɔ Gibeon no mu tenten boro anammɔn 80, na ne trɛw yɛ anammɔn 35. Ná abura a ɛte saa a wobetu no hwehwɛ sɛ woyi abotan pii fi asase ase. Samariani bea a ɔbɛsaw nsu wɔ Yakob abura no mu no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Abura no mu dɔ.” Ɛbɛyɛ sɛ na abura no mu tenten yɛ anammɔn 75.—Yohane 4:11.

Ná aman a tete no ɛwɔ Mediterranea Apuei fam no nya nsu fi nsubura nso mu. Ná wɔkora nsu a ɛtɔ fi October kosi April no so wɔ nsubura yi mu. Wotwitwaa akã wɔ mmepɔw ho ma nsunsuan tene koguu nsubura no mu. Israelfo tutuu nsubura akɛse a na wɔkora nsu wom.—2 Beresosɛm 26:10.

Ná ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi bɛsaw nsu afi abura ne nsubura mu, na saa ara na ɛte nnɛ. Mmea bi te sɛ Rebeka ne Yetro mmabea no yɛɛ adwuma a ɛho hia yi bi. Ná wɔsaw nsu ma wɔn fiefo ne wɔn mmoa daa.—Genesis 24:15-20; Exodus 2:16.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Alfonso a ɛnnɛ, ɔreka Onyankopɔn Asɛm