Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn a Ɔwɔ Ɔpɛ sɛ Ɔde Firi

Onyankopɔn a Ɔwɔ Ɔpɛ sɛ Ɔde Firi

Bɛn Onyankopɔn

Onyankopɔn a Ɔwɔ Ɔpɛ sɛ Ɔde Firi

Yohane 21:15-17

“WO [Yehowa, NW], wuye, na wode firi.” (Dwom 86:5) Bible mu nsɛm a ɛka koma yi ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa Nyankopɔn fafiri dɔɔso. Asɛm bi a esii wɔ ɔsomafo Petro asetra mu no ma yehu pefee sɛ, firi a Yehowa de ‘firi no dɔɔso.’—Yesaia 55:7.

Ná Petro ka nnipa a wɔbɛn Yesu paa no ho. Nanso anadwo a etwa to wɔ Yesu asase so asetra mu no, ehu kaa Petro ma ɔyɛɛ bɔne bi a emu yɛ duru. Wɔ adiwo a ɛbɛn baabi a wodii Yesu asɛm wɔ ɔkwan a ɛmfata so no, Petro paa Yesu mprɛnsa wɔ baguam sɛ onnim no. Bere a Petro kaa no denneennen ne mprɛnsa so sɛ onnim Yesu no, Yesu “danee ne ho hwɛɛ Petro.” (Luka 22:55-61) Wohwɛ a Petro bɛte nka dɛn bere a Yesu ani bɛtɔɔ n’anim no? Bere a Petro huu bɔne kɛse a wayɛ no, “otuee su mu sui.” (Marko 14:72) Ebia ɛbɛyɛ sɛ na ɔsomafo a wanu ne ho no adwenem yɛ no nãã sɛ Yesu a wapa no mprɛnsa no ama ne bɔne mu ayɛ duru dodo sɛ Onyankopɔn de befiri no.

Wɔ Yesu wusɔre akyi no, ɔne Petro bɔɔ nkɔmmɔ a akyinnye biara nni ho sɛ ɛmaa n’adwenem a na ɛyɛ no nãã no fii hɔ. Yesu anka nsɛm a ɛyɛ yaw ankyerɛ no, na wammu no fɔ nso. Mmom no, obisaa Petro sɛ: “Wodɔ me?” Petro buaa no sɛ: “Yiw, Awurade, wunim sɛ mepɛ w’asɛm.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛn me nguammaa.” Yesu san bisaa Petro asɛm koro no ara ne mprenu so, ɛnna Petro maa mmuae koro no ara, na ebia ɔmaa ne nne so. Yesu kae sɛ: “Hwɛ me nguan nkumaa.” Afei Yesu bisaa asɛm koro no ara ne mprɛnsa so sɛ: “Wopɛ m’asɛm anaa?” Eyi maa “Petro werɛ howee” na ɔkae sɛ: “Awurade wunim nneɛma nyinaa; wunim sɛ mepɛ w’asɛm.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛn me nguan nkumaa.”—Yohane 21:15-17.

Dɛn nti na Yesu bisaa nsɛm a na onim mmuae no dedaw? Yesu nim nea ɛwɔ obiara komam, enti na onim sɛ Petro dɔ no. (Marko 2:8) Nsɛm a Yesu bisae no maa Petro nyaa hokwan sii ɔdɔ a na ɔwɔ ma Yesu no so dua mprɛnsa. Yesu mmuae a ɛne sɛ: “Yɛn me nguammaa. . . . Hwɛ me nguan nkumaa. . . . Yɛn me nguan nkumaa,” no maa ɔsomafo a na wanu ne ho no nyaa awerɛhyem sɛ Yesu da so ara wɔ ne mu ahotoso. Nokwarem no, na Yesu de agyapade a ɛsom bo paa, a ɛyɛ n’akyidifo a wɔte sɛ nguan a ɔdɔ wɔn no sohwɛ no rehyɛ Petro nsa. (Yohane 10:14, 15) Akyinnye biara nni ho sɛ, Petro koma tɔɔ ne yam bere ohui sɛ Yesu da so ara wɔ ne mu ahotoso no!

Ɛda adi sɛ, Yesu de ɔsomafo Petro a na wanu ne ho no bɔne firii no. Esiane sɛ Yesu da n’Agya su ahorow adi pɛpɛɛpɛ nti, yebetumi aka sɛ Yehowa nso de Petro bɔne firii no. (Yohane 5:19) Ɛnyɛ Yehowa den koraa sɛ ɔde bɔne befiri. Yehowa yɛ mmɔborohunu Nyankopɔn a ‘ɔwɔ ɔpɛ sɛ’ ɔde ɔbɔnefo a wanu ne ho ‘bɔne befiri’ no. So eyi nyɛ awerɛkyekyesɛm?