Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔbarima Bi Abufuw

Ɔbarima Bi Abufuw

Mmofra Afã

Ɔbarima Bi Abufuw

Akwankyerɛ: Pɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm tra na kenkan Bible no fa yiyi nsɛmmisa yi ano. Bere a worekenkan kyerɛw nsɛm no, fa no sɛ wowɔ hɔ na asɛm no sii. Twa nea ɛkɔɔ so no ho mfonini. Tie nsɛm a na wɔreka no. Hu sɛnea wɔn a wɔwom no te nka fa.

DWENNWEN NEA ESII NO HO.—KENKAN GENESIS 4:1-12.

Sɛ wutwa tebea no ho mfonini wɔ w’adwenem a, wobɛkyerɛ sɛnea na Kain te ne sɛnea na wayɛ n’anim no mu dɛn? Na Habel nso ɛ?

․․․․․

“Ɔhonam nnwuma” bɛn na Kain daa no adi, na yɛyɛ dɛn hu? (Galatifo 5:19-21)

․․․․․

DWENNWEN HO KƆ AKYIRI.—KENKAN NKYEKYƐM 4-7 BIO.

So ayɛyɛde no nkutoo na Yehowa gyei anaa ɔpowee, anaa na biribi foforo ka ho? (Mmebusɛm 21:2)

․․․․․

Tebea horow bɛn mu na ebia abufuw bɛfata, na dɛn nti na na ɛmfata koraa sɛ Kain ma ne ‘bo fuw pii’?

․․․․․

Bere bɛn na ebia ninkuntwe bɛfata, nanso wɔ Kain asɛm no mu no, dɛn nti na na ɛnsɛ sɛ ɔtwe ninkunu? (1 Ahene 19:10)

․․․․․

Dɛn na na Kain betumi ayɛ na ama ‘wadi n’abufuw no so’?

․․․․․

FA NEA WUSUAE NO YƐ ADWUMA. KYERƐW NEA WUSUAE WƆ NEA EDIDI SO YI HO . . .

Abufuw.

․․․․․

Ninkuntwe.

․․․․․

Sɛnea ‘wodi nsusuwii bɔne so.’

․․․․․

DƐN NA ƐKA WO KOMA PAA WƆ BIBLE MU NSƐM ABIEN YI HO, NA DƐN NTIA?

․․․․․