Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere a Wo Dɔfo Bi Awu

Bere a Wo Dɔfo Bi Awu

Bere a Wo Dɔfo Bi Awu

Wɔ Benada, July 17, 2007, bɛyɛ anwummere nnɔnson bere mu no, wimhyɛn bi a ɛfa nnipa de mmirika yɛɛ sɛ ɛretu wɔ Brazil wimhyɛn gyinabea a adagyew nni hɔ koraa no wɔ São Paulo kurow no mfinimfini, nanso antumi. Wimhyɛn no tew faa so traa kwantempɔn bi kɔbɔɔ ɔdan kɛse bi a wɔkora nneɛma pii wom mu. Nnipa bɛyɛ 200 hweree wɔn nkwa wɔ akwanhyia no mu.

WƆKYERƐ sɛ akwanhyia a ɛte saa bi nsii Brazil da, na wɔn a wɔn adɔfo wuwui no werɛ remfi saa da yi da. Wɔn a wɔhweree wɔn adɔfo no mu baako ne Claudete. Ná ɔrehwɛ TV na ɔtee sɛ wimhyɛn no anya akwanhyia. Ná ne babarima Renato a wadi mfe 26 pɛ no wɔ wimhyɛn no mu bi. Ná Renato ayɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛware wɔ October mu. Claudete de ahopopo frɛɛ ne babarima no wɔ ne telefon so, nanso obiara annye so. Otwa hwee fam sui, a wɔpata no a na ɛmpata.

Wɔ January 1986 mu no, kar akwanhyia bi si maa ɔbarima bi a na Antje rebɛware no no wuu yayaayaw. Bere a Antje tee asɛm no, ade tɔɔ ne so. Ɔkae sɛ: “Mfiase no, mannye anni. Ná misusuw sɛ mereso dae bɔne bi, na mɛbɔ pitiri asɔre no, na ɛnyɛ nokware. Me ho popoe, na me yam yɛɛ me yaw te sɛ nea obi de akuturuku abɔ me yam.” Eyi maa Antje nyaa adwenemhaw mfe abiɛsa. Ɛwom sɛ akwanhyia no sii no mfe 20 atwam de, nanso sɛ ɔkae a, ɛma ne ho popo.

Ɛyɛ den sɛ yɛde nsɛm bɛkyerɛkyerɛ sɛnea sɛ obi dɔfo bi wu mpofirim a ɔte nka no mu. Sɛ ɛba saa a, onii no ho tumi dwiriw no, otumi yɛ senn, na onhu nea ɔnyɛ. Nanso sɛ onim sɛ ne dɔfo no bewu esiane sɛ ebia wayare ada hɔ akyɛ mpo a, obetumi adi awerɛhow paa. Obiara nni hɔ a ɔhwɛ kwan paa sɛ ne dɔfo bi bewu. Nanci maame yare daa hɔ kyɛe, na owui wɔ afe 2002 mu. Nanso da a Nanci maame wui no, ogyaa ne ho traa fam wɔ ayaresabea hɔ a na onhu nea ɔnyɛ koraa. Na ɛte sɛ nea n’anidaso nyinaa asa. Mfe anum atwam, nanso ɛde besi nnɛ, sɛ Nanci kae ne maame wu no a, osu.

Oduruyɛfo Holly G. Prigerson kae sɛ: “Owu nkokwaw nnipa da, fa na wɔfa no saa kɛkɛ.” Sɛ́ wo dɔfo bi awu mpofirim anaa ɛnte saa no, ebia wubebisa sɛ: ‘So eye sɛ medi awerɛhow? Mɛyɛ dɛn agyina me dɔfo no wu ano? Bere bi bɛba a mehu me dɔfo no bio?’ Yebesusuw nsɛmmisa yi ne afoforo a ebia wowɔ ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

EVERTON DE FREITAS/AFP/Getty Images