Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tel Arad De Adanse Ma

Tel Arad De Adanse Ma

Tel Arad De Adanse Ma

Kurow a abɔ. Asɔredan nwonwaso bi. Tete nkyerɛwee pii a wɔakora so. Ebia nneɛma a yɛabobɔ so yi bɛyɛ te sɛ sini mu nsɛm bi a ɛyɛ anigye. Nokwarem no, na eyinom nyinaa hyehyɛ asase ase mfe pii wɔ Tel Arad, Israel, kosii sɛ wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no tutu hui.

ƐNNƐ, nnipa pii a wɔkɔhwehwɛ Arad kurow a ɛwɔ hɔ nnɛ no susuw sɛ ɛyɛ Israelfo kurow ankasa. Nnipa 27,000 na wɔte hɔ, na ɛda Yudea sare a ɛwɔ Po a Awu no atɔe fam. Nanso, na tete Israel kurow Arad da Po a Awu no atɔe fam bɛyɛ akwansin anum. Ɛhɔ na wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no atutu anhwea ahu tete adan ne nkyerɛwee pii.

Ná nkyerɛwee yi wɔ kyɛmfɛre, a ɛyɛ nkuku a abubu a wɔakyerɛw so so. Tete no, na wɔtaa kyerɛw kyɛmfɛre so. Wɔkyerɛ sɛ wontutuu Israel man no baabiara nhuu kyɛmfɛre pii te sɛ nea wohui wɔ Tel Arad no bi saa da. Nanso mfaso bɛn na wonya fii fam a wotutui yi mu?

Nneɛma a wohui wɔ Tel Arad no yɛ nea na wɔaka ho asɛm teteete wɔ Bible mu fi Israel Atemmufo no bere so besi bere a Babilonfo bɛtow hyɛɛ Yuda so wɔ afe 607 ansa na wɔrewo Yesu no. Enti nneɛma a wohui yi si so dua sɛ Bible no mu nsɛm yɛ nokware. Afei nso, ɛma yɛte sɛnea na tete Israelfo bu Onyankopɔn din no ase yiye.

Nea Bible Ka Fa Arad Ho

Nokwarem no, Bible nka Arad ho nsɛm pii. Nanso bere bi, na ɔkwan titiriw a aguadifo fa so no kɔfa kurow a na ɛda yiye yi mu. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ abakɔsɛm ne nneɛma a wɔatutu fam ahu yi kyerɛ sɛ, wodii tete kurow a afa bere pa ne bere bɔne mu yi so nkonim, wɔsɛee no, na wɔkyekyee no mpɛn pii. Esiane sɛ wɔkyekyee kurow no mpɛn pii nti, ɛbɛyɛɛ kurow a egu koko so anaa tell.

Wodii kan kaa Arad ho asɛm bere a Bible no reka mfe 40 a Israelfo de dii atutra wɔ sare so no ho asɛm no. Mose nuabarima Aaron wu akyi bere tiaa bi no, Onyankopɔn nkurɔfo faa baabi a na ɛbɛn Bɔhyɛ Asase no hye so wɔ anafo fam. Ɛda adi sɛ Kanaanfo hene a na odi Arad so no hui sɛ ɛrenyɛ den sɛ obedi Israelfo a na wɔredi akɔneaba wɔ sare so yi so nkonim. Ɔtow hyɛɛ wɔn so. Ɛdenam Yehowa Nyankopɔn mmoa so no, Israelfo nyaa akokoduru ne wɔn de sii ani, na wodii Aradfo no so nkonim, na wɔsɛee wɔn pasaa. Nanso ɛda adi sɛ wɔn mu binom nyaa wɔn ti didii mu.—Numeri 21:1-3.

Kanaanfo no ansɛe bere koraa na wɔsan kyekyee wɔn kurow no; mfe kakra bi akyi bere a Yosua faa atifi fam kɔtow hyɛɛ Kanaanfo a wɔyɛ n’atamfo so, na ɔde nkakrankakra sɛee wɔn fi “mmepɔw no ne nifa fam” beduu hɔ no, ɔbɛtoo “Arad hene” nso wɔ hɔ. (Yosua 10:40; 12:14) Akyiri yi, bere a Israelfo redi atutra wɔ sare so no, Kenini Hobab, a ɔboaa Israelfo no asefo na wɔkɔtraa Arad asase no so.—Atemmufo 1:16.

Nneɛma a Wɔatutu Fam Ahu

Nneɛma a wɔatutu fam ahu wɔ Tel Arad amanfo so no boa yɛn ma yɛte nsɛm a esisii akyiri yi wɔ Bible mu no ase. Sɛ nhwɛso no, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no ahu afasu a na wɔato atwa kurow no ho ahyia. Ɛbɛyɛ sɛ wɔtoo afasu yi bi wɔ Ɔhene Salomo a wonim no sɛ osisii adan pii no bere so. (1 Ahene 9:15-19) Wotutuu fam kakra no, wohuu adanse a ɛkyerɛ sɛ bɛyɛ afeha a ɛto so du ansa na wɔrewo Yesu no, wɔde ogya too kurow no mu sɛee no pasaa. Nneɛma a wohui no kyerɛ sɛ wɔsɛee kurow no bere a Misraim hene Sisak bɛtow hyɛɛ kurow no so wɔ Salomo wu akyi mfe anum no. Wɔayɛ mfonini agu ɔfasu bi ho wɔ Karnak, Misraim anafo fam, a wɔde kae sɛnea wɔkɔtow hyɛɛ nkurow no so no, na wɔbɔ Arad din ka nkurow pii a wɔsɛe no no ho.—2 Beresosɛm 12:1-4.

Nea ɛyɛ anigye paa ne sɛ, Hebrifo din a ɛwɔ Bible mu te sɛ Pashur, Meremot, ne Kora mma din nso wɔ nkyɛmfɛre bɛyɛ 200 a wɔahu no mu pii so. Kyɛmfɛre so nsɛm a wɔakora so yi mu bi ho hia paa efisɛ wohu Onyankopɔn ankasa din wɔ so. Wɔde Hebri nkyerɛwde anan יהוה (YHWH), a wɔtaa frɛ no Tetragrammaton na akyerɛw. Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no nkutoo na ɔwɔ din yi. Akyiri yi, gyidihunu nti, na nnipa pii susuw sɛ ɛyɛ mmusu sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn din anaa wɔbɛkyerɛw. Nanso, nneɛma a wɔahu wɔ Tel Arad ne nneɛma afoforo pii si so dua sɛ, tete no ná nkurɔfo bɔ Onyankopɔn din da biara da. Ná wɔde kyia, na na wɔde hyira nkurɔfo nso. Sɛ nhwɛso no, nkyerɛwee no biako kenkan sɛ: “De kɔma me wura Elyashib. Yahwe [Yehowa] mma ensi wo yiye. . . . Ɔte Yahwe asɔrefie.”

Na asɔredan nwonwaso a yedii kan kaa ho asɛm no nso ɛ? Ɔdan a ɛwɔ Tel Arad a nkurɔfo aka ho nsɛm pii no yɛ asɔredan a wɔakyekyem a afɔremuka a wosii no Yudafo bere so wom. Ɛwom sɛ ne kɛse nnu Salomo asɔrefie a na ɛwɔ Yerusalem no koraa de, nanso ɛho nneɛma pii di nsɛ. Dɛn nti na wosii Arad asɔrefie no, na bere bɛn na wosii? Dɛn na na wɔyɛ wɔ hɔ? Fam tutufo ne abakɔsɛm akyerɛwfo ntumi mma yɛn nsɛmmisa yi ho mmuae pɔtẽẽ biara.

Yehowa hyɛe sɛ, asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no nkutoo ne baabi a afe biara wobetumi ahyɛ fã na wɔabɔ afɔre ma asɔ n’ani. (Deuteronomium 12:5; 2 Beresosɛm 7:12) Enti wosii asɔrefie a ɛwɔ Arad no de buu Onyankopɔn Mmara so. Ebia wɔyɛɛ saa bere a na wɔbɔ afɔre ma anyame afoforo na wɔhyɛ fã ahorow a ɛnsɔ Onyankopɔn ani, ma enti ɛtwee nnipa pii fii nokware som ho no. (Hesekiel 6:13) Sɛ saa na ɛte a, ɛnde ɛbɛyɛ sɛ Hesekia anaa Yosia sɛee asɔrefie yi a na wɔsom atoro nyame wom no bere a wɔde nokware som resan asi hɔ wɔ afeha a ɛtɔ so awotwe ne ason ansa na wɔrewo Yesu no.—2 Beresosɛm 31:1; 34:3-5, 33.

Ɛda adi sɛ, yebetumi asua ade a ɛho hia paa afi Arad ho abakɔsɛm kakra a yɛahu yi mu. Mfe pii a atwam ni no, adwinne ahorow a wɔahu no si so dua sɛ, Bible mu nsɛm yɛ nokware, na ɛma yehu sɛnea atoro som bae ne sɛnea wɔtɔree ase, na ɛma yehu nso sɛ, na wɔbɔ Yehowa din da biara da.

[[Asase Mfonini/Mfonini wɔ kratafa 23]

YERUSALEM

Po a Awu

Arad

Tel Arad

[Asɛm Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Nkyerɛwee a ɛwɔ ɔfasu ho wɔ Karnak, Misraim

[Asɛm Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Nkyerɛwee yi fã bi kenkan sɛ: “Yahwe [Yehowa] mma ensi wo yiye”

[Asɛm Fibea]

Photograph © Israel Museum, Jerusalem; courtesy of Israel Antiquities Authority

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Asɔredan a wɔakyekyem a ɛwɔ Tel Arad no fã bi

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Sɛnea wohu Tel Arad abankɛse no fã a ɛwɔ apuei

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 25]

Todd Bolen/Bible Places.com ▸