Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asase no “Yare”—So Ano Aduru wɔ Hɔ?

Asase no “Yare”—So Ano Aduru wɔ Hɔ?

Asase no “Yare”—So Ano Aduru wɔ Hɔ?

NSƐNKYERƐNNE no reda adi—ewim rekɔ so yɛ hyew. Eyi ho nhwɛso ne Alaska akuraa a wɔfrɛ hɔ Newtok, a ɛda anafo fam a ɛhɔ yɛ nwini yiye no. Asase a bere bi na ɛso yɛ nsukyenee a wɔkyekyeree Newtok, wɔ so no afi ase rennan. Frank a ɔte akuraa no ase de awerɛhow kae sɛ: “Mempɛ sɛ mɛtra nsukyenee no so bio. Ɛhɔ yɛ atɛkyɛ dodo.” Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ bɛyɛ mfe du ntam no, nsu betwiw afa akuraa yi a ɛda mpoano no so.

Amanaman Ntam Fekuw a Ɛhwɛ Wim Nsakrae Ho Nsɛm So (IPCC) ka sɛ: “Ɛda adi pefee sɛ wim reyɛ hyew.” Sɛnea wiase nyinaa reyɛ hyew no si eyi so dua. Nyansahufo kyerɛ sɛ wim a ayɛ hyew no ma ɔpɛ a ano yɛ den si, osu tɔ kɛse, mframa a emu yɛ hyew bɔ, na ahum tu wɔ wiase nyinaa. Dɛn na ɛbɛba yɛn asase yi so? So ano aduru wɔ hɔ?

Wɔrehwehwɛ Nea Ɛrehaw Asase no Mu

Sɛnea oduruyɛfo hwɛ ɔyarefo a ɔda ayaresabea no, saa ara na nyansahufo a wosua wim nsakrae ho ade rehwɛ nsɛnkyerɛnne a ɛma wohu ɔhaw a asase no refa mu no. Mfiri ahorow a wɔde di dwuma no ma wohu nsukyenee a ɛrenan, nsu dodow a ɛtɔ, sɛnea ɛpo bun mu hyew te, ne sɛnea mframa ahorow a ɛwɔ wim dodow te. Wɔde eyi nyinaa ho nsɛm gu kɔmputa akɛse so. Afei wɔhyɛ da sɔ kɔmputa no hwɛ de hu nea ebesi wɔ wim wɔ mfe pii a ɛda yɛn anim no mu.

Dɛn na nhwehwɛmu no ada no adi? Ebinom gye di sɛ mframa bɔne ahyɛ wim ma. Wɔ afe 2006 nkutoo mu no, Time nsɛmma nhoma no kyerɛe sɛ mframa bɔne a wɔfrɛ no carbon dioxide, “tɔn bɛyɛ ɔpepepem 32” na ɛwɔ wim. Sɛnea sɛ wɔde ahwehwɛ si ɔdan a, ɛyɛ den sɛ mframa betumi afi mu no, saa ara na mframa bɔne a ɛwɔ wim no mma ɔhyew a ɛwɔ asase so no mfi nkɔ soro, ma enti ɛma wim yɛ hyew. Dɛn na ebefi mu aba? Sɛnea IPCC kyerɛ no, sɛ wɔkɔ so puw mframa bɔne gu wim sɛnea ɛte ɛnnɛ yi a, ɛbɛma “nsakrae pii aba wiase nyinaa wim tebea so,” na anhwɛ a ɛbɛsɛe tebea no koraa asen sɛnea ɛte yi. Nnipa pii susuw sɛ, sɛ wɔtew carbon dioxide dodow a ɛwɔ wim no so a, ɔhaw yi to betwa. Nanso, sɛ wɔsɔ mframa bɔne dodow a wopuw gu wim no ano mpo a, kɔmputa mfiri da no adi sɛ “wim bɛkɔ so ayɛ hyew, na ɛpo bɛkɔ so ayiri mfehaha pii.”

Baabi a Yebenya Ano Aduru

Nokwarem no, wim nsakrae ho adesua yɛ den. Intanɛt so nhoma bi ka sɛ: “Sɛ nhwɛso no, sɛ asase so yɛ hyew a, ɛbɛka amununkum dɛn? So amununkum a emu yɛ hare a ɛkɔ soro ntɛmntɛm na ebetumi ama wim ayɛ hyew kɛse no bɛdɔɔso asen amununkum a emu yɛ duru a ɛmma owia mmɔ kɛse no?” (Earth Observatory) Mmuae bɛn na wɔde ma? Nhoma no toa so sɛ: “Seesei de, nyansahufo ntumi mmua.”

Nanso Bible si so dua sɛ, Yehowa Nyankopɔn yɛ “ɔsoro ne asase wura” a “ɔde amununkum sensɛn soro.” (Genesis 14:19; Mmebusɛm 8:28) Yehowa ka ne ho asɛm wɔ anwensɛm kwan so sɛ, ɔno na “ɔde nyansa hyɛɛ omununkum mu.” Nokwarem no, Yehowa nim biribiara a nyansahufo ntumi nte ase.—Hiob 38:36, NW.

Hyɛ nea Onyankopɔn ka faa ahunmu ho a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu bɛyɛ mfe 2,700 a atwam ni no nsow: “Osu . . . fi soro gu fam na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔw asase ansa.” (Yesaia 55:10) Hwɛ sɛnea ɛno kyerɛkyerɛ sɛnea nsu di kyinhyia no mu pɛpɛɛpɛ! Nsuwisiw a ɛwɔ wim no dan nsu na ɛtɔ, na “ɛfɔw asase.” Owia bɔ ma ɛsan twe asase no mu nsu ‘kɔ soro’ anaa ahunmu, na ɛsan tɔ gu asase so. Yehowa Asɛm kaa wim tebea ho nsɛm pii mfehaha ansa na wiase nhoma ahorow reka ho asɛm. So eyi nhyɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ Ɔbɔadeɛ no ne nea otumi yɛ no mu den? Enti sɛ yɛresusuw sɛnea wim tebea ho haw a ɛwɔ hɔ nnɛ no bɛkɔ akowie ho a, so ntease nnim sɛ yɛhwehwɛ akwankyerɛ fi nea “ɔbɔɔ mframa” na ‘ɔbɔɔ osu,’ na onim sɛnea asase yi yɛ adwuma no hɔ?—Amos 4:13; Hiob 38:28.

Biribi Nti na Wɔbɔɔ Asase

Ɛwom sɛ ɛsono adwene a nkurɔfo kura wɔ yɛn asase yi daakye ho de, nanso ade biako da adi pefee: Yɛrentumi mfa biribiara ntoto asase no ho. Ɛyɛ soronko wɔ okyinnsoromma afoforo ho efisɛ abɔde a nkwa wom pii wɔ so. Dɛn na ɛma eyi tumi yɛ yiye saa? Nyansahufo kyerɛ sɛ, egyina nneɛma ahorow bi so. Ebi ne sɛ, nsu pii wɔ asase so; ɔkwan a ɛda asase ne owia ntam no fata; asase no wɔ mframa ahorow a ɛfata wɔ wim, na ɛwɔ oxygen (mframa pa a yɛhome) dodow a ɛsɛ nso.

Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ Bible mu nhoma a ɛne Genesis no kaa nneɛma yi ho asɛm wɔ adebɔ ho kyerɛwtohɔ no mu. Sɛ nhwɛso no, Genesis 1:10 ka sɛnea Onyankopɔn ‘boaboaa nsu ano frɛɛ no ɛpo’—adanse a ɛkyerɛ sɛ nsu pii wɔ asase so. Yɛkenkan wɔ Genesis 1:3 sɛ: “Onyankopɔn kae sɛ: Ɛnyɛ hann!” Yɛn asase no bɛn owia no sɛnea ɛsɛ ma enti asase no so nsu fã kɛse no ara nyɛ nsukyenee, nanso ɛmmɛn owia no mmoro so a ɛbɛma asase no so nsu nyinaa ayow.

Genesis 1:6 ka sɛ Onyankopɔn yɛɛ “ntrɛwmu,” anaa ahunmu. Afei nkyekyɛm 11 ne 12 ka sɛnea Onyankopɔn maa wura ne nnua fifii. Eyi nyinaa kyerɛ sɛ na oxygen wɔ asase so a akyiri yi ɛbɛma nnipa ne mmoa atumi ahome na wɔakɔ so atra nkwa mu.

Ɛnde, dɛn na eyi kyerɛ yɛn? Sɛnea Onyankopɔn bɔɔ asase—ɔmaa nsu pii baa so, ɔde sɛn baabi a ɛfata, na ɔmaa mframa dodow a ɛfata a adi afra baa so—no kyerɛ sɛ biribi nti, na ɔbɔe. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: ‘Onyankopɔn ammɔ asase no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so.’ (Yesaia 45:18) Dwom 115:16 ka sɛ: “Ɔsoro yɛ [Yehowa, NW] soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma.” Nokwarem no wɔbɔɔ asase sɛ nnipa ntra so.

Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, Onyankopɔn bɔɔ nnipa baanu a wodi kan, na ɔde wɔn too Eden turo, paradise fɛfɛ no mu. Ná ɛsɛ sɛ ‘wɔdɔw hɔ na wɔnwɛn hɔ.’ (Genesis 2:15) Onyankopɔn san ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so.” (Genesis 1:28) Wode susuw asetra pa a na wobenya no ho hwɛ! Ná wɔbɛma asase nyinaa adan Paradise na wɔatra so daa. Daakye a ɛyɛ anigye bɛn ara ni!

Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛ anka nnipa baanu a wɔdi kan no betie Onyankopɔn no, wɔtwee wɔn fii ne ho, na saa ara na nnɛ adesamma dodow no ara yɛ wɔn ade. (Genesis 3:1-6) Dɛn na afi mu aba? Sɛ́ anka nnipa bɛdɔw asase na wɔahwɛ so no, ‘wɔresɛe no’ wɔ ɔkwan a ebi nsii saa da so. (Adiyisɛm 11:18) Nanso, yebetumi anya anidaso efisɛ, Onyankopɔn atirimpɔw a ɔwɔ ma asase no nsakrae. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “[Onyankopɔn de] asase atim ne nnyinaso so, na anhim da biara da.” (Dwom 104:5) Yesu ankasa nso hyɛɛ bɔ wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ wobenya asase no.” (Mateo 5:5) Ɛbɛyɛ dɛn na eyi abam?

Mmere Pa Bi Reba

Kan Amerika ɔman panyin bi kae sɛ, “Wim nsakrae no yɛ wiase nyinaa haw.” Ɛnde, wunnye ntom sɛ wiase nyinaa hia ano aduru? Yesu Kristo kyerɛe sɛ, saa aduru no ne Onyankopɔn Ahenni. Ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ, wɔmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra.” (Mateo 6:9, 10) Sɛnea Bible nkɔmhyɛ kyerɛ no, ɛrenkyɛ, saa ɔsoro Ahenni a ebedi wiase nyinaa so no ‘bebubu ahenni horow [nnɛ nniso] no nyinaa ama asã.’ (Daniel 2:44) Bio nso, Ahenni no ‘bɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18) Nokwarem no, wɔn a wɔmfa asase so nneɛma nni dwuma yiye na wɔsɛe no no bebu ho akontaa, na wɔbɛsɛe wɔn.

Ɛnde, dɛn na ɛbɛba yɛn asase a wɔasɛe no no so? Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔkyerɛe sɛ ɔwɔ nneɛma bi te sɛ ahum ne po so tumi. Ɔkaa nsɛm kakraa bi maa ahum a ano yɛ den gyaee. (Marko 4:35-41) Yesu a ɔredi ade wɔ soro sɛ “awuranom mu Awurade ne ahemfo mu Hene” no bɛda ne tumi kɛse adi wɔ asase ne nea ɛrekɔ so wɔ so no so. (Adiyisɛm 17:14) Nokwarem no, Yesu kaa ne nniso no ho asɛm sɛ, “bere a wɔayɛ nneɛma foforo.” (Mateo 19:28) Bible foforo kyerɛ ase sɛ “bere a wɔayɛ nneɛma nyinaa foforo.” (New International Version) Yesu bɛyɛ nneɛma foforo wɔ asase so, na ama ayɛ te sɛ tebea a na ɛwɔ Eden turo no mu. Asase bɛsan ayɛ paradise. (Luka 23:43) Onyankopɔn Ahenni bɛsa asase “yare.”

Seesei mpo no, wubetumi anya Ahenni nniso no so mfaso. Ɔkwan bɛn so? Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.” (Mateo 24:14) Enti, nnipa ɔpepem pii retie asɛmpa no. Wɔayɛ nsakrae wɔ wɔn asetram. Wɔadi subammɔne so. Wɔn mmusua asetra ayɛ papa. Wonni abusuakuw bi ho tan na mmom wɔdɔ wɔn ho. Nokwasɛm ni, Onyankopɔn Ahenni reyɛ biribi a onipa nniso biara ntumi nyɛ. Aka nnipa bɛyɛ ɔpepem ason a wofi aman ahorow bɛboro 235 so abom sɛ anuanom! Sɛ́ nnipa a Onyankopɔn Ahenni bedi wɔn so no, wɔresiesie wɔn ho ama daa nkwa wɔ Paradise wɔ asase yi so.

Asase bɛtra hɔ daa. Ɛmmra sɛ wo nso wobɛtra ase daa!

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Bible kaa wim tebea ho nsɛm mfehaha pii ansa na wiase nhoma ahorow reka ho asɛm

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Yesu ‘teɛteɛɛ mframa no ka kyerɛɛ po no sɛ: “Gyina! Yɛ dinn!” Na mframa no ano brɛɛ ase, na ɛyɛɛ dinn’

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Sɛ wɔsan de Paradise ba a, wɔbɛsa asase no “yare”

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 26]

Godo-Foto