Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Nnyae Afie Afie Asɛnka Adwuma No Da”

“Nnyae Afie Afie Asɛnka Adwuma No Da”

“Nnyae Afie Afie Asɛnka Adwuma No Da”

Sɛnea Jacob Neufeld ka kyerɛe

“Ɛmfa ho nea ebesi biara no, nnyae afie afie asɛnka adwuma no da.” Bere a nsɛm yi wɔ m’adwenem no, mitwaa akwansin abiɛsa kɔɔ akuraa a ɛbɛn me no ase. Bere a miduu hɔ no, mannya akokoduru anhyɛn ofie biara mu. Bere a na minhu nea menyɛ no, mekɔɔ wuram kɔbɔɔ mpae denneennen srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma me akokoduru ma memfa nka asɛm no. Awiei koraa no, mitumi kɔɔ ofie a edi kan mu kodii adanse.

ƐYƐƐ dɛn na me nkutoo kopuee akuraa ketewa a ɛwɔ Paraguay anhweatam yi so sɛ merekodi adanse? Ma mimfi asɛm no ase. Wɔwoo me wɔ November 1923 mu wɔ Ukraine akuraa bi a wɔfrɛ hɔ Kronstalʹ, wɔ baabi a German Mennofo te. Wɔ afeha a ɛto so 18 awiei mu no, Mennofo a wofi Germany tu baa Ukraine, na wɔmaa wɔn hokwan ahorow bi. Ná wɔwɔ ɔsom mu fahodi (nanso na ɛnsɛ sɛ wɔsesa nkurɔfo gyidi), na wɔn ankasa bedi wɔn ho so, na wɔrenkɔ sraadi.

Bere a Komunis Amanyɔ Kuw bedii tumi no, wogyee hokwan ahorow yi nyinaa fii wɔn nsam. Ɛrekɔ 1920 mfe no awiei mu no, aban no gyee Mennofo mfuw fã kɛse no ara. Wɔmaa ɔkɔm dee nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ aban no ase, na wɔne wɔn a wɔsɔre tia aban no dii no atirimɔden so. Wɔ 1930 mfe no mu no, kan Soviet Union aban polisifo kyeree mmarima pii kɔe. Ná wɔtaa yɛ saa anadwo, kosi sɛ ɛkaa mmarima kakraa bi wɔ nkuraa pii ase. Saa kwan yi so na wɔkyeree me papa wɔ afe 1938 mu, bere a na madi mfe 14 no, na mante ne nka bio. Mfe abien akyi no, wɔkyeree me nua barima panyin nso kɔe.

Ebeduu afe 1941 mu no, na Hitler asraafo ako afa Ukraine. Yɛn fam no, na ɛte sɛ nea wɔagye yɛn afi Komunis nniso ase. Nanso, Yudafo mmusua baawɔtwe yera fii yɛn akuraa no ase mpofirim. Nsɛm yi nyinaa gyaw me nsɛmmisa pii. Dɛn nti na eyinom nyinaa sisi?

Me Nokwaredi Gyee Me

Wɔ afe 1943 mu no, German asraafo no guanee, na wɔde Germanfo mmusua dodow no ara—a m’abusuafo a wɔaka nso ka ho—kɔe ma wɔkɔboaa ɔko no. Saa bere yi, na wɔakyere me de me akɔka Hitler asraafo no ho wɔ Romania. Asɛm ketewa bi a esii nyaa m’asetra so nkɛntɛnso kɛse akyiri yi.

Ná ɔpanyin a ɔhwɛ asraafokuw a mewom so no pɛ sɛ ɔsɔ me nokwaredi hwɛ. Ɔka kyerɛɛ me sɛ memfa n’adwuma atade nkɔma obi a osi nneɛma. Mehwehwɛɛ n’atade kotoku mu no, mihuu sika wom. Bere a mede sika no brɛɛ no no, ɔkae sɛ onnyaw sika biara wɔ n’atade mu. Misii so dua sɛ, mihui wɔ ne kotoku mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔde me yɛɛ n’abadiakyiri. Ná mehwɛ nkrataasɛm so, mekyɛ asraafo no dwumadi ma wɔn, na na mesan hwɛ kuw no sikasɛm so.

Anadwo bi, Russia asraafo kyeree yɛn asraafo kuw no nyinaa ma ɛkaa me nkutoo; na wɔagyaw me wɔ adwumam sɛ menyɛ ɔpanyin no adwuma bi mma no. Sɛnea minim no, me nkutoo na wɔankyere me. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, nokware a midii no na ɛma minyaa saa hokwan soronko no. Sɛ ɛnyɛ saa a, anka wɔkyeree me nso.

Enti wɔ afe 1944 mu no, wɔmaa me kwan sɛ minkogye m’ahome kosi sɛ wɔbɛfrɛ me. Mekɔɔ fie kɔhwɛɛ me maame. Bere a na meretwɛn sɛ wɔbɛfrɛ me wɔ adwumam no, misuaa sɛnea wosi dan, na akyiri yi ɛboaa me paa. Wɔ April 1945 mu no, Amerika asraafo bɛtow hyɛɛ yɛn kurow a ɛbɛn Magdeburg no so. Ɔsram biako akyi no, ɔko no baa awiei. Yenyaa yɛn ti didii mu. Ná ɛte sɛ nea afei nneɛma bɛkɔ yiye no.

Da bi, wɔ June mu no, yɛtee sɛ obi a ɔbɔ dawuru rebɔ amanneɛ sɛ, “Amerika asraafo no fii ha nnɛra anadwo, na Russia asraafo bɛba abedu ha ɛnnɛ anɔpa 11.” Bere a yɛtee sɛ Komunisfo no resan abedi yɛn so no, yɛn anidaso nyinaa sae. Ntɛm ara na me ne me papa kumaa babarima yɛe sɛ yebeguan. Eduu bɛyɛ July mu no, na yɛatwa adu faako a Amerikafo no wɔ. Afei wɔ November mu no, yɛde yɛn nkwa too asiane mu san baa baabi a Russiafo wɔ no bɛfaa yɛn abusuafo kɔe a obiara anhu ho hwee.

“Tie Nkyerɛkyerɛ no Yiye, na Fa Toto Ho”

Yɛtraa baabi a saa bere no na wɔfrɛ hɔ West Germany. Bere bi akyi no, m’ani begyee Bible ho. Sɛ edu Kwasida a, na mekɔ wuram kɔkenkan Bible, nanso na mente nea mekenkan no ase, na na ɛyɛ me sɛ tete asɛm bi. Afei nso, mekɔɔ Mennofo gyidikasɛm ho adesua de siesiee me ho maa asubɔ. Mihui wɔ gyidikasɛm nhoma no mu sɛ: “Agya no yɛ Onyankopɔn, Ɔba no yɛ Onyankopɔn, na Honhom Kronkron no nso yɛ Onyankopɔn.” Ná asɛmmisa yi toa so: “So Nyankopɔn baasa na wɔwɔ hɔ?” Ná wɔatintim mmuae no wɔ ase sɛ: “Dabi, baasa yi nyinaa yɛ baako.” Nsɛm yi nyinaa maa me ho dwiriw me. Mibisaa ɔsɔfo no sɛ, ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi aba saa? Obuae sɛ: “Aberante, ɛnsɛ sɛ wudwennwen nneɛma ho kɔ akyiri saa; ebinom ayɛ saa abɔ dam.” Amonom hɔ ara na misii gyinae sɛ meremmɔ asu.

Nna bi akyi no, metee sɛ ɔhɔho bi ne me sewaa babea rebɔ nkɔmmɔ. Asɛmpɛ maa mitwiw bɛn wɔn de m’ano kɔtoo nkɔmmɔbɔ no mu, na mibisaa no nsɛm kakra. Saa bere no, na minnim sɛ ɔhɔho no ne Erich Nikolaizig, a onyaa ne ti didii mu wɔ Wewelsburg nneduaban mu no. Obisaa me sɛ m’ani begye ho sɛ mɛte Bible no ase anaa? Bere a mibuae sɛ m’ani gye ho no, ɔmaa me awerɛhyem sɛ biribiara a ɔbɛkyerɛkyerɛ me no begyina m’ankasa Bible so.

Bere a Erich baa me nkyɛn mpɛn kakra bi no, ɔtoo nsa frɛɛ me kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam kɛse bi a misusuw sɛ ɛno na wodii kan yɛe wɔ ɔko no akyi no ase. M’ani gyee pii na mekyerɛw kyerɛwsɛm biara a akasafo no de dii dwuma no too hɔ. Ankyɛ na mibehuu sɛ nea Bible kyerɛkyerɛ no de asɛyɛde bi bɛto me so, enti meyɛɛ m’adwene sɛ megyae adesua no. Ná ɛyɛ den ma me sɛ megye atom sɛ nokware som yɛ biako pɛ. Bere a Erich hui sɛ m’asi me bo sɛ mɛsan akɔ m’asɔre dedaw no mu no, otuu me fo sɛ, “Tie nkyerɛkyerɛ no yiye, na fa toto ho.”

Mekɔɔ m’asɔfo hɔ mprenu pɛ no, mihui sɛ wonnim nea wɔreka, na ɛda adi sɛ wɔnkyerɛkyerɛ nokware no nso. Mekyerɛw krataa kɔmaa asɔfo pii kobisaa Bible mu nsɛm. Wɔn mu baako buae sɛ, “Wɔnwoo wo foforo, enti wunni hokwan sɛ wohwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu.”

Ababaa bi a na me ne no ayɛ aware nhyehyeɛ ma misii gyinae bi a na ɛyɛ den. Ná ɔyɛ Mennofo a wɔatew wɔn ho a wɔkyerɛ sɛ wɔawo wɔn foforo no muni. Esiane nhyɛso a n’awofo a wɔmpɛ Yehowa Adansefo asɛm de baa ne so nti, ɔka kyerɛɛ me sɛ, sɛ mannyae asɔre foforo yi a, ɔremma me nkyɛn bio. Ebeduu saa bere yi na mate nokware no ase, enti na minim nea ɛsɛ sɛ meyɛ—me ne no twaa mu.

Ankyɛ na Erich san bɛsraa me. Ɔka kyerɛɛ me sɛ wɔayɛ asubɔ ho nhyehyeɛ, enti obisaa me sɛ ebia m’ani begye ho sɛ wɔbɔ me asu anaa? Saa bere yi de na magye atom sɛ Yehowa Adansefo nkutoo na wɔkyerɛkyerɛ nokware no, na na mepɛ sɛ mesom Yehowa Nyankopɔn. Enti mepenee so maa wɔbɔɔ me asu wɔ aguasɛn bi mu wɔ May 1948 mu.

Mebɔɔ asu no, ankyɛ koraa na m’abusua sii gyinae sɛ wobetu akɔ Paraguay, a ɛwɔ Amerika Anafo Fam, na me maame srɛɛ me sɛ me ne wɔn nkɔ. Ná mempɛ sɛ mekɔ efisɛ na ehia sɛ mekɔ so sua Bible na minya ntetee kakra. Bere a mekɔɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Wiesbaden no, mihuu August Peters. Ɔtwee m’adwene sii so sɛ ɛyɛ m’asɛde sɛ mehwɛ m’abusua. Otuu me fo nso sɛ: “Ɛmfa ho nea ebesi biara no, nnyae afie afie asɛnka adwuma no da. Sɛ wugyae a, wobɛyɛ te sɛ afoforo a wɔwɔ Kristoman asɔre ahorow mu no.” Ɛde besi nnɛ no, mihu mfaso a ɛwɔ saa afotu no so ne sɛnea “afie mu” asɛnka adwuma no ho hia.—Asomafo Nnwuma 20:20, 21.

“Atoro Diyifo” wɔ Paraguay

Me ne August Peters hyiae akyi no, ankyɛ koraa na me ne m’abusua faa po so hyɛn kɔɔ Amerika Anafo Fam. Yekopuee Gran Chaco, mantam a ɛwɔ Paraguay no mu, na bio nso, yɛkɔtraa baabi a Mennofo te. Yeduu hɔ no, adapɛn abien akyi na minkutoo tuu kwan kɔɔ akuraa bi a ɛbɛn yɛn no ase kodii saa adanse no. Ntɛm ara na nkurɔfo tee sɛ “atoro diyifo” bi ka ahɔho a wɔbae no ho.

Saa bere yi na adansi adwuma a misuae no so baa mfaso paa. Ná atukɔfo mmusua no biara hia fie. Ntayaa na na yɛde si, na yɛde sare abɔ so. Wɔ asram asia a edi hɔ no, na minnya me ho twabere koraa, na minyaa hokwan pii de dii adanse. Ná nkurɔfo bu me, nanso sɛ minya si wɔn dan no wie a, na wɔmpɛ sɛ wohu m’anim bio.

Saa bere yi nyinaa na po so ahyɛn gu so de Mennofo aguanfo pii fi Germany reba. Ná wɔn mu baako ne ababaa Katerina Schellenberg. Ná ɔne Adansefo no abɔ kakra ma wahu ntɛm ara sɛ wɔn na wɔkyerɛkyerɛ Bible mu nokware no. Ɛwom sɛ na onnya mmɔɔ asu de, nanso ɔmaa wɔn a na wɔne no te hyɛn no mu no hui sɛ ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo. Ɛno nti, wɔamma wankɔ baabi a na Germanfo te no. Ɛkaa no nko wɔ Paraguay ahenkurow, Asunción mu no, ɔsom sɛ abaawa, osuaa Spania kasa, ohuu Adansefo no, na ɔbɔɔ asu. Wɔ October 1950 mu no, mewaree ababaa kokodurufo yi. Waboa me akwan pii so wɔ nea yɛafa mu nyinaa mu.

Bere tiaa bi mu no, na sika a makora so no betumi atɔ teaseɛnam ne mpɔnkɔ abien, na mede teaseɛnam no yɛɛ asɛnka adwuma no. Me werɛ amfi Onua Peters afotu a ɔde maa me no da. Saa bere no, me nuabea a na ɔno nso abɛyɛ Ɔdansefo no bɛkaa yɛn ho. Ná yɛtaa sɔre ahemadakye nnɔnan twa kwan nnɔnhwerew anan kɔka asɛm no nnɔnhwerew abiɛsa anaa anan, na yɛasan aba fie.

Ná makenkan yɛn nhoma ahu sɛ wɔma baguam ɔkasa, enti me nso meyɛɛ bi. Ná menkɔɔ asafo nhyiam wɔ Germany da, enti mede m’adwene buu sɛnea na wɔbɛyɛ no no, na mekaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. Nnipa baawɔtwe betiee ɔkasa no, na eyi hyɛɛ Mennofo asɔfo no abufuw paa. Wotuu sa gyigyee Bible ho nhoma biara a na yɛde ama nkurɔfo no, na wɔhyɛɛ wɔn sɛ mma wonkyia yɛn da.

Nea edi hɔ no, wɔfrɛɛ me kɔɔ wɔn adwumayɛbea ti hɔ, ma ɔpanyin a ɔda wɔn ano ne asɔfo baanu a wofi Canada, bisaa me nsɛm nnɔnhwerew dodow bi. Awiei koraa no, wɔn mu baako kae sɛ, “Aberante, wubetumi agye biribiara a wopɛ adi, nanso hyɛ yɛn bɔ sɛ worenka wo gyidi ho asɛm nkyerɛ obiara.” Ná mintumi nhyɛ bɔ a ɛte saa. Enti wɔka kyerɛɛ me sɛ mintu mfi baabi a Mennofo te no, efisɛ wɔmpɛ “atoro diyifo” wɔ “gyidifo anokwafo” no mu. Bere a mantu no, wɔka kyerɛɛ me sɛ wobetua me ne m’abusua nyinaa akwantu ho ka. Migyinaa pintinn, na mantu.

Ahohuru bere mu wɔ afe 1953 mu no, mekɔɔ nhyiam wɔ Asunción. Ɛhɔ na me ne Nathan Knorr, a ofi Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no kasae. Ɔmaa me nyansahyɛ sɛ mintu mmra ɔman no ahenkurow mu ne asɛmpatrɛwfo kuw ketewaa bi a wɔwɔ hɔ no mmɛyɛ adwuma, efisɛ asɛnka adwuma a yɛreyɛ wɔ Mennofo atrae hɔ no nsow aba biara.

Mede Ahenni Nneɛma Dii Kan

Saa bere no, na Adansefo bɛyɛ 35 pɛ na wɔwɔ Paraguay. Mekaa ho asɛm kyerɛɛ me yere. Ɛwom sɛ na n’ani nnye ho sɛ obetu akɔtra kurow kɛse mu de, nanso onyaa ɔpɛ sɛ obefi ɔbra ase foforo. Wɔ 1954 mu no, me ne Katerina nkutoo de bere kakra a yɛwɔ no sii ntayaa dan. Nhyiam biara ampa yɛn ti so da, na dapɛn biara awiei no na yɛka Bible mu asɛm kyerɛ afoforo.

Hokwan a minyae no bi ne sɛ me ne ɔhwɛfo a otutu akwan kɔsrasra asafo ahorow no bɛnantew, na sɛ ɔkɔ baabi a Germanfo te wɔ Paraguay a, makyerɛ ne kasa ase. Esiane sɛ na mente Spania kasa papa nti, bere a edi kan a mekyerɛɛ ɔkasa bi ase fi Spania kasa mu kɔɔ German kasa mu no, me ho kyeree me paa. Metumi aka sɛ, menyɛɛ dwumadi a ɛyɛ den saa da.

Esiane me yere akwahosan nti, yetu kɔɔ Canada wɔ afe 1957 mu. Afei wɔ afe 1963 mu no, yetu baa United States. Baabi a yɛakɔ biara no, yɛabɔ mmɔden sɛ yɛde Ahenni no bedi kan wɔ yɛn asetra mu. (Mateo 6:33) Meda Yehowa Nyankopɔn ase sɛ ɔma mihuu nokware a ɛwɔ n’Asɛm, Bible mu bere a na meda so yɛ aberante no. Bible a misuae no aboa me wɔ akwan pii so wɔ m’asetra nyinaa mu!

Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ maboa afoforo ma wɔahu Bible mu nokware a ɛyɛ anigye a ama manya awerɛkyekye kɛse no. Nea ɛyɛ me anigye paa ne sɛ, me mma ne me mmanana nyinaa anya Bible mu ntetee so mfaso fi wɔn mmofra ase. Wɔn nyinaa de afotu a Onua Peters de maa me bere tenten ni no reyɛ adwuma, “Ɛmfa ho nea ebesi biara no, nnyae afie afie asɛnka adwuma no da.”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]

Nea ɛyɛ me anigye paa ne sɛ me mma ne me mmanana nyinaa anya Bible mu ntetee so mfaso fi wɔn mmofra ase

[Mfonini wɔ kratafa 20, 21]

Me ne Katerina, bere tiaa bi ansa na yɛrehyia ayeforo wɔ afe 1950 mu

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Yɛne yɛn abakan wɔ yɛn fie wɔ Paraguay, afe 1952

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Me ne m’abusua santen nnɛ

[Asɛm Fibea]

Photo by Keith Trammel © 2000

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 19]

Photo by Keith Trammel © 2000