Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Sɛ Wudu Asubɔnten Coco Ho a, Fa Nifa”

“Sɛ Wudu Asubɔnten Coco Ho a, Fa Nifa”

Krataa a Efi Nicaragua

“Sɛ Wudu Asubɔnten Coco Ho a, Fa Nifa”

“WUBEHIA kar a ɛwɔ ahoɔden a ebetumi afa ɔkwan a enye so. Afei nso, wubehia ade a sɛ etim a, wode bɛtwe. Fa pɛtro kakra gu ade mu nso kɔ. Kae sɛ wobɛfa atɛkyɛ mu. Sɛ wudu asubɔnten Coco ho a, fa nifa.”

Nokwasɛm ni, nsɛm yi a me yɔnko ɔsɛmpatrɛwfo bi ka kyerɛɛ me no ma mebɔɔ hu. Nanso Benada anɔpa bi, misii mu sɛ merekɔ Kristofo nhyiam wɔ Wamblán, kurow ketewa bi a ɛwɔ Nicaragua atifi fam.

Misii mu anɔpatutuutu faa kwantempɔn bi a efi Alaska kosi Chile so. Ná me kar no yɛ dedaw de, nanso na ɛwɔ ahoɔden. Bere a miduu Jinotega no, mefaa mfutukwan a wɔn a wɔte hɔ no frɛ no feo, anaa ɔkwan tantan no so. Ansa na merefi kurow no mu no, mihuu sotɔɔ abien bi a wɔakyerɛw biako ho sɛ, Onyankopɔn Anwonwade, na biako nso wɔakyerɛw ho, Owusɔre No.

Ɔkwan no akoakoa, na ɛda mmepɔw ne mmɔnka mu. Metɔɔ me bo ase faa mmonkyemmɔnka no mu. Ɔkwan no da ɔtare kɛse bi a ɛda mmepɔw atenten bi a ɛbɔ asi so mu ho. Ɛbɔ no mu no, mihuu nnua ne nhwiren ahorow.

Bere a miduu ɔkwan no baabi a akoa paa no, ɛkaa dɛ sɛ anka me ne bɔs bi pemee. Epuw wusiw kumɔɔ, na na ne tae no twa abo pete. Wɔ Nicaragua no, wubehu sɛ wɔakyerɛw wɔ ofirikafo a ɔka kar basabasa no kar anim sɛ: Nkonimdifo, Akekantwɛre, Onini, anaa Ɔbɔmmɔfo.

Eduu awiabere no, na meretwam wɔ Pantasma Tataw no so. Ɛhɔ na mitwaam wɔ ofie bi a wɔde ntaboo abobɔ a wɔapra adiwo hɔ fɛfɛɛfɛ. Mihuu akwakoraa bi a ɔte benkyi so, ɔkraman bi a ɔda dua ase, ne nantwinini abien a wɔato wɔn kɔndua. Ná teaseɛnam a wɔde nnua ayɛ tae no sa anantwinini no. Wɔ kurow ketewa bi mu no, mihuu sukuu mmofra pii. Ná wɔhyɛ sukuu ntade a ne kɔla yɛ bruu, na na sɛnea wɔresen yuu wɔ kwan ho no te sɛ po asorɔkye a ɛrebɔ.

Bere a mereyɛ adu Wiwilí no, na owia no ano ayɛ den, na ade a m’ani dii kan bɔɔ so ne asubɔnten Coco. Sɛ wupue kurow no so a, ade a wuhu paa yɛ asubɔnten kɛse yi a ɛtene bere nyinaa no. Bere a mekae akwankyerɛ a ɔsɛmpatrɛwfo no de maa me no, mefaa nifa so de m’ani kyerɛɛ Wamblán, a ɛyɛ akwansin 23 kwan a ɛso nye no.

Bere a mefaa ɔkwan a ɛyɛ mmonkyemmɔnka no so no, me kar no faa asuten bɛyɛ awotwe anaa akron mu. Bere a mebɔɔ mmɔden sɛ meremfa mmonkyemmɔnka no mu no, mebɔɔ mfuturu wɔ kwan no so. Nokwarem no, sɛnea ɛhɔfo no taa ka no no, “Midii mfuturu.” Awiei koraa no, miduu Wamblán, kurow a ɛda bon mu a nnua atwa ho ahyia no.

Ɛbɔɔ ahemadakye 4:30 no, ɛkame ayɛ sɛ na obiara asɔre. Ná nkokɔnini a wɔrebɔn ntoatoaso no ama manyan dedaw, na mesɔre kɔɔ kurow no abɔnten so. Ná tortillas, aduan bi a ɛte sɛ paanoo a wɔretõ no hua agye baabiara.

Ná obi a ɔyɛ mfonini ayɛ paradise ho mfonini fɛfɛɛfɛ wɔ afasu pii ho. Ná wɔayeyɛ mfonini a ɛrebɔ anonne ahorow ho dawuru wɔ sotɔɔ ahorow bi ho. Dawurubɔ nkratasin a wɔde abobɔ dan ho no ma ɔmanfo kae bɔ ahorow a aban abiɛsa a atwam no hyehyɛe no. Agyananbea a wɔde nkankyee abobɔ sisi kurow no tia.

Midii kan de Nicaragua kasa, Adiós, kyiaa ɔmanfo. Wɔn a mikyiaa wɔn no serewee, na wɔne me kasae anigye so. Esiane dede a apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ a wɔretwam no yɛ nti, na ɛsɛ sɛ yɛkasa den.

Eduu Fida anwummere no, na mmusua pii abedu nnanu nhyiam no ase. Ebinom nantewee, ebinom nso traa apɔnkɔ so, na afoforo nso faa kar. Mmofra binom twaa kwan nnɔnhwerew nsia a na wɔhyehyɛ rɔba mpaboa. Wɔde wɔn nkwa too asiane mu faa akwan a na wɔde atopae ahyehyɛ fam so, na wotwaa nsubɔnten a na amemem ayɛ mu ma. Ebinom a wofi nkuraa a ɛwɔ akyirikyiri no de nnuan kakraa bi bae—ɛmo a wɔde prako srade anoa. Dɛn nti na wɔbae?

Wɔbae sɛ wɔrebɛhyɛ daakye ho anidaso a wɔwɔ no mu den. Ná wɔrebetie Bible mu nkyerɛkyerɛmu. Na wɔbae sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani.

Memeneda dui. Atiefo a wɔn dodo bɛboro 300 traa benkyi ne rɔba nkongua so wɔ asa a wɔde nkankyee abɔ so so. Awofo maa wɔn mma nufu. Mprako puruw wɔn hwenem, na nkokɔnini bɔnee wɔ baabi a ɛbɛn hɔ.

Ná ɔhyew wɔ hɔ, na ankyɛ koraa na ɔhyew no ano yɛɛ den. Nanso, atiefo no wɛn wɔn aso tiee afotu ne akwankyerɛ a wɔde mae no. Sɛ akasafo no kenkan Bible a, na wɔhwɛ wɔn de mu di akyi. Wɔtoo nnwom a egyina Bible so, na wɔde ahobrɛase tiee mpae biara a wɔbɔe no.

Nhyiam no akyi no, mekɔkaa afoforo ho ma yɛne mmofra no boom dii agoru. Afei yesusuw kyerɛwtohɔ a mmofra no yɛe ho. Mede nsoromma ne nsoromma kuw ho mfonini a ɛwɔ me kɔmputa so no kyerɛɛ wɔn. Mmofra no serewee, na wɔn awofo nso ani gyei.

Ankyɛ koraa na nhyiam no baa awiei, na afei na ɛsɛ sɛ obiara kɔ baabi a ofi bae. Ade kyee no, mifii hɔ a na m’ani agye yiye, na na me nnamfo foforo a manya wɔn no ho dɔ ahyɛ me koma ma. Masi me bo sɛ mesuasua wɔn nhwɛso, mɛma m’ani asɔ kakra a mewɔ, na matwɛn Onyankopɔn.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Mmusua twaa akwansin pii baa nhyiam no wɔ Wamblán