Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Yennim Sɛnea Wɔbɔ Onyankopɔn Din Ankasa a, Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛbɔ?

Sɛ Yennim Sɛnea Wɔbɔ Onyankopɔn Din Ankasa a, Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛbɔ?

Nsɛm a Akenkanfo Bisa

Sɛ Yennim Sɛnea Wɔbɔ Onyankopɔn Din Ankasa a, Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛbɔ?

Ɛnnɛ, obiara nni hɔ a onim sɛnea na wɔbɔ Onyankopɔn din ankasa wɔ tete Hebri kasa mu. Nanso, nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, Onyankopɔn din ankasa pue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ Bible mu. Bere a Yesu baa asase so no, ɔdaa Onyankopɔn din adi, na ɔkyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae mma saa din no ho ntew. (Mateo 6:9; Yohane 17:6) Ɛno nti, ɛda adi sɛ, Onyankopɔn din a wɔde bedi dwuma no hia Kristofo. Ɛnde, dɛn nti na nnɛ, yennim sɛnea wɔbɔ Onyankopɔn din ankasa? Ɛyɛ nneɛma abien bi nti.

Nea edi kan no, bɛyɛ mfe mpem abien a atwam ni no, Yudafo binom nyaa gyidihunu bi sɛ ɛyɛ mfomso sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn din. Sɛ obi kenkan Bible no na ohu edin no a, na ɔde “Awurade” si ananmu. Saa kwan yi so no, esiane sɛ wogyaee Onyankopɔn din bɔ mfe pii nti, sɛnea wɔbɔ no no yerae.

Nea ɛto so abien no, na ɛnne nkyerɛwde nni tete Hebri kasa mu, sɛnea ɛte wɔ nsɛmfua a wotwa no tiawa wɔ Borɔfo ne kasa afoforo mu no ara pɛ. Sɛ obi rekenkan kyerɛwsɛm bi a, na ɔde ɛnne nkyerɛwde a enni mu no hyehyem wɔ n’adwenem. Bere bi akyi no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn werɛ remfi sɛnea wɔbɔ Hebri nsɛmfua koraa no, wɔyɛɛ nhyehyɛe bi. Wɔde ɛnne nkyerɛwde hyehyɛɛ asɛmfua biara a ɛwɔ Hebri Bible mu no mu. Nanso ɛdefa Onyankopɔn din ho de, ebetumi aba sɛ wɔde ɛnne nkyerɛwde a ɛwɔ “Awurade” mu no hyehyɛɛ din no mu sɛnea ɛbɛkae ɔkenkanfo no ma wɔabɔ edin a wɔde sii Yehowa din ananmu no, anaa wɔamfa anhyehyɛ mu koraa.

Ne saa nti, anom nkyerɛwde anan a wɔfrɛ no Tetragrammaton, a nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ ase sɛ “Hebri nkyerɛwde anan a wɔtaa kyerɛ ase, YHWH, no ne Onyankopɔn ankasa din a ɛwɔ Bible mu.” Ɛyɛ mmerɛw sɛ wubehu sɛnea sɛ wɔde ɛnne nkyerɛwde hyehyɛ YHWH mu a, ɛdan “Yehowa,” ɔkwan a wɔfa so bɔ din no a nnipa dodow no ara nim wɔ Twi kasa mu no.

Nanso, nhomanimfo bi kyerɛ sɛ wɔbɔ din no “Yahwe.” So ɛbɛn sɛnea na wɔbɔ no tete no? Obiara ntumi nkyerɛ. Nhomanimfo afoforo nso akyerɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ wɔbɔ no saa. Nokwarem no, ɛnnɛ sɛ obi bɔ din ahorow a ɛwɔ Bible mu no bi a, ebia ɔremmɔ no sɛnea na wɔbɔ no wɔ Hebri kasa mu no de, nanso obiara nka ho asɛm. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, edin ahorow yi abɛyɛ yɛn kasa no fã, na yegye tom. Saa ara na ɛte wɔ edin, Yehowa no ho.

Wɔfrɛɛ afeha a edi kan mu Kristofo no sɛ nnipa a Onyankopɔn din da wɔn so. Wɔkaa edin no ho asɛm kyerɛɛ afoforo na wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmɔ. (Asomafo Nnwuma 2:21; 15:14; Romafo 10:13-15) Ɛda adi sɛ, Onyankopɔn ani gye ho sɛ yɛbɛbɔ ne din no wɔ kasa biara a yɛka mu, yebehu sɛnea ɛho hia, na yɛabɔ yɛn bra ma ɛne nea edin no kyerɛ ahyia.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 31]

Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, Onyankopɔn din ankasa pue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ Bible mu