Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim Wo Soro Agya No?

So Wunim Wo Soro Agya No?

So Wunim Wo Soro Agya No?

WUNIM wo papa yiye paa? Sɛ wɔtetee wo wɔ abusua a ɔdɔ wom mu a, anhwɛ a asɛmmisa yi bɛyɛ wo nwonwa. Ebia wobɛka sɛ, ‘Minim no yiye paa!’ Nokwarem no, nnipa pii nim nea wɔn papa pɛ ne nea ɔmpɛ, sɛnea ɔyɛ n’ade wɔ tebea ahorow mu, ne sɛnea ɔhwɛ n’abusua.

Nanso, ebia bere bi, wo papa yɛɛ biribi a wonhwɛ kwan ma wo ho dwiriw wo. Fa no sɛ na abofra bi bu ne papa sɛ odwo na ɔmpɛ ne ho asɛm kosi sɛ, asɛm bi sii mpofirim. Prɛko pɛ, ohu sɛ ne papa yɛ ade akokoduru so de bɔ n’abusua ho ban.

Yɛn Bɔfo no nso ɛ? Wɔka ne ho asɛm kyerɛ yɛn sɛ: “Ɛnam ne so na yɛwɔ nkwa na yɛkeka yɛn ho.” (Asomafo Nnwuma 17:28) Yɛn nkwa fi Onyankopɔn; ne saa nti, ɔyɛ ateasefo nyinaa Agya. (Yesaia 64:8) Sɛ saa na wote nka wɔ Onyankopɔn ho a, ne kwan so ara ne no. Nanso ne ho nsɛm pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yehu na ama yɛanya mfaso ne anigye.

Sɛnea wote nka wɔ w’agya a ɔwoo wo ho ne obu a wowɔ ma no no gyina sɛnea wunim no yiye no so. Saa ara na sɛ wuhu Onyankopɔn yiye a, wo ne ne ntam abusuabɔ mu bɛyɛ den paa. Sɛ wuhu Onyankopɔn yiye na sɛ woyɛ n’apɛde a, ɔbɛboa wo ma woagyina asetram nsɛnnennen ano.

Onyankopɔn yɛ onipa bɛn? Ɛsɛ sɛ ne su ahorow no ma wote nka dɛn wɔ ne ho? Sɛ wuhu no a, asɛyɛde bɛn na ɛde bɛto wo so? Wubenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]

Sɛnea wunim afoforo no betumi aka sɛnea wote nka ma wɔn