Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔkyerɛw Onyankopɔn Nsɛm a na Wɔka No—Sɛnea na Tete Kristofo Bu Akyerɛw

Wɔkyerɛw Onyankopɔn Nsɛm a na Wɔka No—Sɛnea na Tete Kristofo Bu Akyerɛw

Wɔkyerɛw Onyankopɔn Nsɛm a na Wɔka No—Sɛnea na Tete Kristofo Bu Akyerɛw

GYIDIFO dodow no ara de bere pii akenkan, asua, na wɔatweetwee nhoma ahorow a nnipa dodow no ara nim a ɛwɔ Apam Foforo, sɛnea wɔtaa frɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Nhoma ahorow yi ne Bible mu nhoma afoforo anya wiase no so nkɛntɛnso kɛse, akyerɛ wɔn sɛnea wɔmmɔ wɔn bra, na aboa nhomakyerɛwfo ne wɔn a wɔyɛ sini. Nea ehia sen saa koraa no, aboa nnipa ɔpepem pii, a ebia woka ho, ma wɔanya Onyankopɔn ne Yesu ho nimdeɛ.—Yohane 17:3.

Wɔankyerɛw Nsɛmpa no ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a aka no wɔ Yesu wu akyi pɛɛ. Ɛda adi sɛ, Yesu wui no, mfe 7 anaa 8 twaa mu ansa na Mateo rekyerɛw n’Asɛmpa no, na Yohane kyerɛw ne de no mfe 65 akyi. Ɛyɛɛ dɛn na wotumi kyerɛw Yesu nsɛm a ɔkae ne nea ɔyɛe no ho nsɛm pɛpɛɛpɛ? Ɛda adi sɛ Onyankopɔn honhom kronkron boaa wɔn paa. (Yohane 14:16, 26) Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na wotumi kaa Yesu nkyerɛkyerɛ ho asɛm kyerɛɛ afoforo pɛpɛɛpɛ, na awiei koraa no, ɛbɛyɛɛ Kyerɛw Kronkron no fã?

“Ná Wonnim Akenkan ne Akyerɛw Koraa”?

Wɔ afeha a etwaam no mu no, na ebinom susuw sɛ Yesu asuafo a wodi kan no ankyerɛw Yesu nkyerɛkyerɛ ne nea ɔyɛe no anto hɔ, na mmom wɔkaa ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Sɛ nhwɛso no, Bible ho ɔbenfo bi kae sɛ: “Yesu wiee ne som adwuma no, mfe pii twaa mu ansa na Nsɛmpa no akyerɛwfo no rekyerɛw nsɛm a Yesu kae no. Saa bere no, na wɔnkyerɛw Yesu ho nsɛm, na mmom na wɔka kyerɛ afoforo.” Nhwehwɛmufo binom mpo ka sɛ, na Yesu asuafo a wodi kan no “nnim akenkan ne akyerɛw koraa.” * Bio nso, wɔka sɛ, woguguu nsɛm a wɔka faa Yesu som adwuma ho no mu, wɔsesaa mu anaa wɔde bi kaa ho. Wɔkyerɛ sɛ, wɔankyerɛw nsɛm a Yesu kae ne nea ɔyɛe no pɛpɛɛpɛ.

Nkyerɛkyerɛ foforo a nhomanimfo binom gye toom ne sɛ, ɛbɛyɛ sɛ Yesu asuafo a na wɔyɛ Yudafo no suasuaa ɔkwan a na Rabifo no fa so kyerɛkyerɛ no—wɔkyere nsɛm gu wɔn tirim ka no mpɛn pii. Eyi ma wɔkaa nsɛm pɛpɛɛpɛ kyerɛɛ afoforo. So ɔkwan a ɛte saa nkutoo so na asuafo no fae? Anaasɛ akyerɛw boae ma wɔkoraa Yesu som adwuma ho nsɛm so? Ɛwom sɛ yentumi nsi pi nka de, nanso ɛbɛyɛ sɛ ɛboae.

Ná Wɔtaa Kyerɛw

Wɔ afeha a edi kan no mu no, na nnipa ahorow nyinaa nim akenkan ne akyerɛw. Ɛdefa asɛm yi ho no, Alan Millard a ɔyɛ Hebri ne tete Yudafo kasa ho nimdefo no kae sɛ: “Ná wɔkyerɛw Hela, Aram, ne Hebri kasa wɔ mmeae pii, na na nnipa ahorow nyinaa tumi kyerɛw bi.” Ɔtoaa so sɛ: “Tebea a ɛte saa mu na Yesu yɛɛ ne som adwuma no.”

Ɛdefa asɛm a wɔka sɛ wɔkyerɛw Asɛmpa no “wɔ nnipa a na wonnim akenkan ne akyerɛw mu ho no,” Ɔbenfo Millard kae sɛ: “Ná entumi mma saa efisɛ na nnipa a wɔwɔ baabiara nim akyerɛw . . . Ne saa nti, bere nyinaa na nnipa wɔ hɔ a wotumi kyerɛw nsɛm a wɔte no bi fa, anaa wɔkyerɛw ma afoforo.”

Ɛda adi sɛ na kyerɛwpon nyɛ na, na na wotumi kyerɛw nsɛm ntiantia wɔ so. Yehu eyi ho nhwɛso wɔ Luka nhoma no ti a edi kan no mu. Bere a Sakaria tɔɔ mum bere tiaa bi no, wobisaa no edin a ɔpɛ sɛ ɔde to ne babarima no. Nkyekyɛm 63 ka sɛ: “Ogyee ɔbopon kyerɛw so sɛ: ‘Ne din de Yohane.’” Bible mu nsɛmfua asekyerɛ nhoma ahorow kyerɛkyerɛ mu sɛ, asɛmfua “ɔbopon” betumi akyerɛ dua pon a wɔanan kyɛnere afa so a wɔkyerɛw so. Ebetumi aba sɛ na wɔn a wɔahyiam wɔ hɔ no mu bi kura dua pon no bi, na ɔde maa Sakaria kyerɛw so.

Nhwɛso foforo boa ma yehu sɛnea na wɔkyerɛw kyerɛwpon so saa bere no. Yɛkenkan wɔ Asomafo Nnwuma no mu sɛ, bere a na Petro rekasa akyerɛ nkurɔfokuw bi wɔ asɔrefie hɔ no, otuu wɔn fo sɛ: “Monsakra mo adwene . . . ma wɔmpopa mo bɔne.” (Asomafo Nnwuma 3:11, 19) Bible mu nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ebia adwene a ɛwɔ adeyɛ asɛm yi mu ne sɛ wɔmpopa kyerɛwpon no so, na wɔatumi akyerɛw ade foforo wɔ so.”—The New International Dictionary of New Testament Theology.

Nsɛmpa no ma yehu nso sɛ na Yesu asuafo no ne afoforo a wotiee no no mu binom kyerɛw ade daa. Sɛ nhwɛso no, na togyefo Mateo ne Sakeo (Mateo 9:9; Luka 19:2); hyiadan mu panyin (Marko 5:22); ɔsraani panyin (Mateo 8:5); Yoana a ɔyɛ Herode Antipa fie so panyin yere (Luka 8:3); ne akyerɛwfo, Farisifo, Sadukifo, ne Sanhedrin no mufo no nim akyerɛw. (Mateo 21:23, 45; 22:23; 26:59) Akyinnye biara nni ho sɛ na Yesu asuafo ne asomafo no mu dodow no ara nim akyerɛw.

Asuafo, Akyerɛkyerɛfo, ne Akyerɛwfo

Sɛ asuafo no betumi ayɛ Kristofo akyerɛkyerɛfo a, na ɛnyɛ nea Yesu kae ne nea ɔyɛe nko na ɛsɛ sɛ wohu, na mmom na ɛsɛ sɛ wɔte Mmara ne nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a ɛfa Kristo ho no nso ase. (Asomafo Nnwuma 18:5) Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow no, Luka kyerɛw nhyiam bi a Yesu ne n’asuafo no binom yɛe wɔ ne wusɔre akyi pɛɛ no ho asɛm. Dɛn na Yesu yɛe? “Ɔde fi Mose ne Adiyifo no nyinaa so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho mu wɔ Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu.” Bere tiaa bi akyi no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “‘Eyi ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo bere a na meda so ka mo ho no, sɛ etwa sɛ nea wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mose mmara ne Adiyifo no ne Nnwom no mu nyinaa ba mu.’ Afei obuee wɔn adwene mu yiye ma wɔtee Kyerɛwnsɛm no ase.” (Luka 24:27, 44, 45) Akyiri yi, asuafo no ‘kaee’ nea na Yesu akyerɛ wɔn no.—Yohane 12:16.

Nsɛm yi kyerɛ sɛ, na asomafo no ne asuafo no bɔ mmɔden hwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu na wosua, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte nea wohui na wɔte faa wɔn Wura, Yesu Kristo ho no ase yiye. (Luka 1:1-4; Asomafo Nnwuma 17:11) Ɛdefa eyi ho no, Harry Y. Gamble, a ɔyɛ nyamesom ho adesua ho ɔbenfo wɔ Virginia Sukuupɔn mu no kyerɛwee sɛ: “Yɛrentumi nnye kyim da sɛ Kristosom mfiase no, Kristofo kuw bi tuu wɔn ho sii hɔ sɛ wobesua Hebri Kyerɛwnsɛm no yiye na wɔagyina ntease a Kristofo anya no so akyerɛkyerɛ mu, na ama wɔatumi de nsɛm a ɛte saa no adi dwuma wɔ Kristofo asɛnka adwuma no mu.”

Eyi nyinaa da no adi sɛ, sɛ́ anka Yesu asuafo a wodi kan no de wɔn ho bɛto nsɛm a wɔte nkutoo so no, na wosua ade, kenkan ade, na wɔkyerɛw nso. Ná wɔyɛ asuafo, akyerɛkyerɛfo, ne akyerɛwfo. Nea ɛsen ne nyinaa no, na wɔyɛ mmarima a wosuro Nyankopɔn na wɔde wɔn ho to honhom kronkron no akwankyerɛ so. Yesu maa wɔn awerɛhyem sɛ, ‘nokware honhom’ no ‘bɛkaakae wɔn nea waka akyerɛ wɔn no nyinaa.’ (Yohane 14:17, 26) Onyankopɔn honhom kronkron boaa wɔn ma wɔkaee nea Yesu yɛe ne nsɛm a ɔkae no ma wɔkyerɛwee, a nsɛm a ɛware te sɛ Bepɔw so Asɛnka no mpo ka ho. (Mateo ti 5-7) Honhom no boaa Asɛmpa akyerɛwfo no ma wɔkyerɛw sɛnea na ɛtɔ bere bi a Yesu te nka, ne nea ɔkae wɔ mpaebɔ mu nso.—Mateo 4:2; 9:36; Yohane 17:1-26.

Enti bere a ɛda adi sɛ Asɛmpa akyerɛwfo no de nsɛm a afoforo aka ne nea wɔakyerɛw dii dwuma no, wonyaa nsɛm a wɔkyerɛwee no fii beae a ɛkorɔn—Yehowa Nyankopɔn ankasa hɔ. Enti yebetumi anya ahotoso sɛ, “Kyerɛwnsɛm nyinaa fi Nyankopɔn honhom mu” na ebetumi akyerɛkyerɛ yɛn na akyerɛ yɛn nneɛma a yɛyɛ a yɛbɛsɔ n’ani.—2 Timoteo 3:16.

[Ase hɔ asɛm]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

Ɛda adi sɛ na Yesu akyidifo no binom kyerɛw ade daa

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]

Onyankopɔn honhom kronkron boaa Yesu asuafo a wodi kan no ma wɔkaee nsɛm a ɔkae ne nea ɔyɛe no, na wɔkyerɛwee

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 15]

 So na Asomafo no Nnim Akenkan ne Akyerɛw?

Bere a atumfoɔ ne mpanyimfo a na wɔwɔ Yerusalem huu “sɛnea Petro ne Yohane kasa akokoduru so, na wohui sɛ wɔyɛ nnipa a wonsuaa nhoma na wɔyɛ mpapahwekwa no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa.” (Asomafo Nnwuma 4:13) So na asomafo no nsuaa nhoma da, anaa wonnim akenkan ne akyerɛw? Bible nkyerɛase bi ka eyi ho asɛm sɛ: “Ɛnsɛ sɛ yɛfa nsɛm yi sɛnea ɛte ankasa, te sɛ nea na Petro [ne Yohane] nsuaa nhoma da ma enti na wontumi nkenkan anaa wɔnkyerɛw. Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, wohuu nsonsonoe kɛse a na ɛda atemmufo no ne asomafo no ntam no.”—The New Interpreter’s Bible.

[Mfonini wɔ kratafa 13]

© British Museum/Art Resource, NY

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Kyerɛwpon ne kyerɛwdua a wɔde dii dwuama wɔ afeha a edi kan anaa nea ɛto so abien wɔ Yesu awo akyi

[Asɛm Fibea]

“Ogyee ɔbopon kyerɛw so sɛ: ‘Ne din de Yohane’”