Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛn Soro Agya No Te Dɛn Ankasa?

Yɛn Soro Agya No Te Dɛn Ankasa?

Yɛn Soro Agya No Te Dɛn Ankasa?

NNIPA pii tumi ka Yɛn Agya a Ɔwɔ Soro, anaa Awurade Mpaebɔ, a Yesu kyerɛɛ n’asuafo no. (Mateo 6:9-13) Bere biara a wɔbɛbɔ saa mpae no, wɔfrɛ Onyankopɔn sɛ, “Yɛn Agya.” Nanso, wɔn mu baahe na wobetumi aka sɛ wonim Onyankopɔn yiye?

Wo nso ɛ? So wunim Onyankopɔn yiye? Wo ne no wɔ abusuabɔ pa, wutumi ne no kasa, na wutumi ka sɛnea wote nka kyerɛ no bere a w’ani agye anaa woredi awerɛhow no? Nokwarem no, dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi nim Onyankopɔn?

“Ne Din Ne Yehowa”

Ade a ebia abofra bi nim wɔ ne papa ho ara ne sɛ, wɔfrɛ no Paapa. Nanso bere a ɔrenyin no, ohu ne papa din ne sɛnea ɔte, na n’ani begye ne ho. Na yɛn Nkwamafo no nso ɛ? So wunim ne din ne nea ɛkyerɛ?

Ɛwom sɛ nnipa pii taa tĩ asɛm, “Wo din ho ntew” no mu bere a wɔreka Awurade Mpaebɔ no de, nanso sɛ wubisa wɔn sɛ, “Dɛn ne saa din no” a, wonhu nea wɔnka. Wim a nsoromma ahyɛ hɔ ma, mmepɔw atenten, po ase nneɛma—mmoa ne afifide ahorow—nyinaa kyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Nanso nneɛma yi mma yenhu Onyankopɔn din. Sɛ yebehu a, gye sɛ yɛhwɛ Bible mu. Ɛka pefee sɛ: “Ne din ne Yehowa.”—Exodus 15:3, NW.

Onyankopɔn pɛ sɛ yehu ne din, Yehowa no. Dɛn ntia? Efisɛ edin no ma yehu onipa ko a ɔyɛ? Nea saa din no kyerɛ ara ne, “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Nea ɛkyerɛ ne sɛ otumi yɛ nea ehia biara na ama n’atirimpɔw abam. Susuw ho saa kwan yi so hwɛ: Nea ɛbɛyɛ na agya bi atumi ahwɛ n’abusua no, ogyina wɔn ahiade ne wɔn nsɛm tebea so bɔ wɔn akɔnhoma, tu wɔn fo, bu wɔn atɛn, siesie wɔn ntam nsɛmnsɛm, bɔ wɔn ho ban, na ɔkyerɛkyerɛ wɔn. Saa ara nso na edin, Yehowa, ma yenya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn betumi ama n’apɛde ayɛ hɔ na ama n’asomfo nyinaa anya so mfaso, ɛmfa ho nea ebesi biara.

Ma yensusuw nneɛma horow a yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no yɛ ma ɛne nea ne din no kyerɛ hyia no ho nhwɛ. Ɛbɛboa wo ma woahu Onyankopɔn ko a Yehowa yɛ, ne nea ɛsɛ sɛ woyɛ na woatumi abɛn no.

“Ɔdɔ ne Asomdwoe Nyankopɔn”

Ɔsomafo Paulo frɛɛ yɛn Yɛfo no sɛ, “ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn.” (2 Korintofo 13:11) Dɛn ntia? Ná Yesu Kristo adi kan aka sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro mae, na obiara a ogye no di no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Esiane ɔdɔ kɛse a Onyankopɔn wɔ ma adesamma nti, ɔde ne Dɔba no mae sɛ agyede, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔkyerɛ ne mu gyidi no benya daa nkwa, a yaw ne amanehunu a bɔne de bae biara nnim. Ɛno nti Paulo nso kae sɛ: “Bɔne akatua ne owu, na akyɛde a Nyankopɔn de ma ne daa nkwa a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu so.” (Romafo 6:23) So ɛnsɛ sɛ eyi ka yɛn ma yefi ɔdɔ mu bɛn Onyankopɔn?

Ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn daa ne dɔ adi kyerɛɛ adesamma nyinaa nko, na mmom ɔda no adi kyerɛ ne nkoa anokwafo nso. Mose ka kyerɛɛ tete Israelfo a na wɔtaa yɛ asoɔden no sɛ: “Ɔman nkwaseafo a munnim nyansa, Yehowa na moyɛ no saa no? Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya a ɔbɔɔ mo? Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ mo na ɔmaa mo ase timii?” (Deuteronomium 32:6, NW) So wote saa asɛm no ase? Sɛnea Agya bi a ɔwɔ ɔdɔ te nka no, saa ara na Yehowa tee nka wɔ ne nkurɔfo ho ɛmfa ho wɔn sintɔ ahorow. Ɔmaa wɔn nsa kaa nea wohia wɔ honam mu ne nea ɛbɛma wɔatumi asom no nyinaa.

Yɛn nyinaa fa asetra mu nsɛnnennen mu, na ɛtɔ mmere bi a yedwennwen, na yɛhaw. Yehia obi a ɔte yɛn ase a ɔbɛboa yɛn ma yɛanya tebea no ho adwempa. Hena na obetumi aboa yɛn? Yehowa nam n’Asɛm, Bible so da ne ho adi sɛ Ofotufo ne Ɔhwɛfo. Bible no kyerɛkyerɛ nea enti a yɛrehu amane pii saa ne sɛnea yebetumi agyina ano no mu. Sɛnea agya bi fi ɔdɔ mu boa ne ba a wahwe ase apira no, saa ara na ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ nti, sɛnkyerɛnne kwan so no, ɔbɔ ne mu ase, de mmoa a yehia ma yɛn. Nokwarem no, Yehowa nsa nyɛ tiaa sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔwɔ ne mu gyidi no.—Yesaia 59:1.

Yehu ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn no nso wɔ ‘mpaebɔ a otie’ no mu. (Dwom 65:2) Ɔkwan bɛn so? Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Monnnwennwene biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Nyankopɔn anim ade nyinaa mu; na Nyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ne mo adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.” (Filipifo 4:6, 7) Sɛ wufi komam bɔ Onyankopɔn mpae na wudi akwankyerɛ a ɔde ama wɔ n’Asɛm mu no so a, wo nso wubenya “Nyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so” no bi.

“Onyankopɔn Nimdefo”

Wɔka Yehowa Nyankopɔn ho asɛm wɔ Bible mu sɛ “nea odi mu nimdeɛ mu.” Sɛ́ “Onyankopɔn nimdefo” no, onim sɛnea yɛte, na onim nea nnipa hia sen obiara. (Hiob 36:4; 1 Samuel 2:3, NW) Ɔnam n’akoa Mose so daa no adi sɛ “ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na ade biara a efi [Yehowa, NW] anom so na onipa nam tra ase.” (Deuteronomium 8:3; Mateo 4:4) Eyi kyerɛ sɛ ɛnyɛ honam fam nneɛma nkutoo na ɛma yenya akomatɔyam ankasa.

Yɛn Bɔfo no nam n’Asɛm Bible so ma yɛn akwankyerɛ ne afotu a mfaso wɔ so. Sɛ yesua Bible no na yɛde emu afotu di dwuma wɔ yɛn asetra mu a, yenya “ade biara a efi [Yehowa, NW] anom” no so mfaso. Sɛ nhwɛso no, Kristoni ɔbea bi a wɔfrɛ no Zuzanna, kaa n’abusua ho asɛm sɛ: “Bible a yebom kenkan, Kristofo nhyiam a yebom kɔ, ne nea yesua a yɛka ho asɛm kyerɛ afoforo no hyɛɛ yɛn aware mu den. Esiane akwankyerɛ a Onyankopɔn de ma nti, yekura botae koro, na abusuabɔ a ɛda yɛn ntam no mu yɛ den.”

So wobɛpɛ sɛ wunya akwankyerɛ ne afotu a Onyankopɔn de ma no so mfaso? Sɛ wusua Bible daa, na wode Bible mu afotu bɔ wo bra a, wubenya Onyankopɔn nhyira pii.—Hebrifo 12:9.

“Nkwagye Nyankopɔn”

Ɛnnɛ, nitan ahyɛ wiase mu ma. Obiara nnim nea ɛbɛba ɔkyena. Sɛ wote ɔman a wɔredi ako mu a, ebia sɛ wunya asomdwoe a anka wopɛ. Wɔ wiase mmeae pii no, basabasayɛ ne nsɛmmɔnedi, sikasɛm a ɛresɛe, ne amumɔyɛfo ama ehu aka nnipa pii. Hena na obegye yɛn afi eyinom nyinaa mu? Ɛnnɛ paa na adesamma hia ahobammɔ ne ogye.

Bible ka sɛ: “Aban dennen ne [Yehowa, NW] din, ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no.” (Mmebusɛm 18:10) Onyankopɔn din a yebehu ne yɛn ho a yɛde bɛto so no bɛma yɛadwennwen nea wayɛ ne nea ɔbɛyɛ de agye wɔn a wɔwɔ ne mu gyidi no ho. Yehowa Nyankopɔn ada ne ho adi sɛ obetumi agye ne nkurɔfo. Sɛ nhwɛso no, ɔsɛee Farao teaseɛnam ne n’asraafo dɔm de gyee Israelfo. Yehowa daa ne ho adi sɛ nokware Nyankopɔn, Onyankopɔn a ɔkae amanehunufo na ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribi de gye wɔn.—Exodus 15:1-4.

Daa nkwa a yebenya no nso gyina gyidi a yebenya wɔ Yehowa Nyankopɔn mu sɛ Agyenkwa no so. Tete Israel hene Dawid a ogyinaa nsɛnnennen pii ano no daa no adi sɛ ɔwɔ gyidi a ɛte saa wɔ Onyankopɔn mu bere a ɔkaa Yehowa ho asɛm sɛ, “Wone me nkwagye Nyankopɔn” no. (Dwom 25:5) Ɔsomafo Petro nso de ahotoso kae sɛ: “Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a woyi wɔn yam som no afi sɔhwɛ mu.”—2 Petro 2:9.

Onyankopɔn ahyɛ onipa a ɔde ne ho to ne so no bɔ sɛ: “Mɛbɔ ne ho ban, efisɛ onim me din.” (Dwom 91:14, NW) Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ahu sɛ asɛm yi yɛ nokware. Ɛmfa ho ɔtaa ne amanehunu a Henryk a ɔwɔ Poland hyiae no, ɔde nokwaredi asom Yehowa mfe 70. Bere a na Henryk adi mfe 16 pɛ no, wɔde n’agya kɔtoo Auschwitz nneduaban mu. Wɔde Henryk ne ne nuabarima kɔɔ Nasi mmofrabɔne sukuu. Ɛno akyi no, wɔde no kɔtoo nneduaban ahorow mu. Bere a Henryk reka nea ɛkɔɔ so saa bere no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Wɔ mmere a emu yɛ den yi nyinaa mu no, Yehowa annyaw me da. Ɛmfa ho sɛ me ne owu bɔɔ mpu-ne-mpu mpɛn pii no, ɔboaa me ma midii nokware bere nyinaa.” Nokwarem no, Yehowa ma n’asomfo nya gyidi ne ahoɔden a wɔde gyina nsɛnnennen ano.

Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn bɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Ogyefo ma wɔn a wɔwɔ ne mu gyidi na wɔde wɔn ho to no so no nyinaa. Ɔka sɛ: “Me, mene [Yehowa, NW], na ogyefo bi nni hɔ sɛ me!” (Yesaia 43:11) Yehowa bɛsɛe abɔnefo afi asase so na wagye atreneefo wɔ “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko no” mu. (Adiyisɛm 16:14, 16; Mmebusɛm 2:21, 22) Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:11.

Yebetumi Ayɛ “Onyankopɔn Mma”

Wɔ odiyifo Malaki bere so no, Israelfo no kae sɛ wɔn Agya ne Yehowa. Nanso, sɛ edu bere a ɛsɛ sɛ wodi no ni na wɔsom no a, na wɔde nnuan a asɛe ne mmoa ayarefo na ɛbɛbɔ afɔre. Ɛno nti Yehowa bisaa wɔn sɛ: “Sɛ agya ne me a, me nidi wɔ he?”—Malaki 1:6.

Nni mfomso a Israelfo a wɔanni nokware no dii no ara bi. Mmom no, yɛhyɛ wo nkuran sɛ sua Yehowa Nyankopɔn ho ade na bɛn no. Osuani Yakobo kae sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.”—Yakobo 4:8.

Yehowa a yɛde no bɛyɛ yɛn Agya no de asɛyɛde ahorow bi to yɛn so. Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wubedi Onyankopɔn ni denam ne gyinapɛn a wode bɛbɔ wo bra no so a, ne werɛ remfi wo mmɔdenbɔ no da. Mmom no, ɔbɛboa wo ma woafa ɔkwantrenee a ɛde wo bɛkɔ wiase foforo a “owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio” a wɔahyɛ ho bɔ no mu. (Adiyisɛm 21:4) Saa bere no, adesamma asoɔmmerɛwfo nyinaa “benya ahofadi afi ɔporɔw nkoasom mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi mu.”—Romafo 8:21.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Onyankopɔn pɛ sɛ yehu ne din Yehowa, a nea ɛkyerɛ ankasa ne, “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

“Wɔ mmere a emu yɛ den yi nyinaa mu no, Yehowa annyaw me da.”—HENRYK

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]

“Bible a yebom kenkan, Kristofo nhyiam a yebom kɔ, ne nea yesua a yɛka ho asɛm kyerɛ afoforo no hyɛɛ yɛn aware mu den.”—ZUZANNA