Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Maa N’atiefo Ho Dwiriw Wɔn

Yesu Maa N’atiefo Ho Dwiriw Wɔn

Mmofra Afã

Yesu Maa N’atiefo Ho Dwiriw Wɔn

Akwankyerɛ: Pɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm tra na kenkan Bible no fa yiyi nsɛmmisa yi ano. Bere a worekenkan kyerɛw nsɛm no, fa no sɛ wowɔ hɔ na asɛm no sii. Twa nea ɛkɔɔ so no ho mfonini. Tie nsɛm a na wɔreka no. Hu sɛnea wɔn a wɔwom no te nka fa.

DWENNWEN NEA ESII NO HO.—KENKAN LUKA 2:41-47.

Nneɛma bɛn na wususuw sɛ wɔkaa ho asɛm wɔ nkɔmmɔbɔ a ɛkɔɔ so wɔ nkyekyɛm 46 no mu?

․․․․․

DWENNWEN HO KƆ AKYIRI.

Wususuw sɛ ɛyɛɛ dɛn na Yesu tumi ne nyamesom akannifo no bɔɔ nkɔmmɔ saa ɛmfa ho sɛ na ɔyɛ abofra no? Esiane sɛ ɔyɛ pɛ nti na otumi yɛɛ saa, anaa biribi foforo ka ho?

․․․․․

DWENNWEN NEA ESII NO HO.—KENKAN LUKA 2:48-52.

Wususuw sɛ su bɛn na Yesu daa no adi bere a obisae sɛ: “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mukyin hwehwɛ me?”

․․․․․

Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu kasa kyerɛɛ n’awofo wɔ nidi ne obu kwan so?

․․․․․

DWENNWEN HO KƆ AKYIRI.

Dɛn nti na na ntease wom sɛ Yosef ne Maria ho yeraw wɔn?

․․․․․

Ɛwom sɛ na Yesu yɛ pɛ de, nanso dɛn nti na ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase hyɛɛ n’awofo ase?

․․․․․

Wususuw sɛ ebia ɛhaw Yesu sɛ wɔteɛ no so wɔ nnipa a na wobu no no anim?

․․․․․

FA NEA WUSUAE NO YƐ ADWUMA. KYERƐW NEA WUSUAE WƆ NEA EDIDI SO YI HO . . .

Ahobrɛase.

․․․․․

Mfaso a ɛwɔ so sɛ obi nya Bible mu nimdeɛ bere a ɔda so yɛ abofra.

․․․․․

DƐN NA ƐKA WO KOMA PAA WƆ BIBLE MU ASƐM YI HO, NA DƐN NTIA?

․․․․․