Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ɔdwennwenee Ho Ne Koma Mu”

“Ɔdwennwenee Ho Ne Koma Mu”

Suasua Wɔn Gyidi

“Ɔdwennwenee Ho Ne Koma Mu”

MARIA de animia kyeaa ne ho traa afurum no so yiye. Ná watra afurum no so akyɛ. Yosef dii afurum no anim nkakrankakra de n’ani kyerɛɛ Betlehem a ɛwɔ akyirikyiri no. Maria san tee nka bio sɛ abofra no rekeka ne ho wɔ ne yam.

Ná Maria yafunu no anyin yiye; Bible ka ne ho asɛm saa bere yi sɛ “na ɔregye nna awo.” (Luka 2:5) Bere a awarefo yi nam nkurɔfo mfuw mu no, ebia akuafo no binom begyae wɔn adwumayɛ abisa wɔn ho nea nti a wɔde ɔbea a ɔwɔ tebea a ɛte sɛɛ mu retu kwan saa. Dɛn na ama Maria afi ne fie a ɛwɔ Nasaret tɔnn yi?

Asɛm yi nyinaa fii ase bere a wɔmaa Yudani bea yi adwuma bi a ɛyɛ soronko wɔ nnipa abakɔsɛm nyinaa mu no. Ná ɔbɛwo abofra a ɔbɛba abɛyɛ Mesia, Onyankopɔn Ba no! (Luka 1:35) Bere a n’awo bɛnee no, ɛho behiae sɛ wotu saa kwan yi. Eyi maa Maria hyiaa nsɛnnennen pii a ɛsɔɔ ne gyidi hwɛe. Ma yɛnhwɛ nea ɛboaa no ma ne gyidi mu kɔɔ so yɛɛ den.

Betlehem Akwantu

Ná ɛnyɛ Yosef ne Maria nko na wɔretu kwan no. Ná ɛnkyɛe koraa na na Kaesare Augusto ahyɛ mmara sɛ ne manfo nyinaa nkɔkyerɛw wɔn din, ma enti nkurɔfo tuu kwan kɔɔ wɔn kurom kɔkyerɛw wɔn din. Yosef yɛɛ n’ade dɛn wɔ ho? Kyerɛwtohɔ no kenkan sɛ: “Yosef nso fii Nasaret a ɛwɔ Galilea kɔɔ Yudea, na esiane sɛ ofi Dawid fie ne n’abusua mu nti, ɔkɔɔ Dawid kurow a wɔfrɛ no Betlehem mu.”—Luka 2:1-4.

Kaesare mmara no ne asɛm yi anhyia ara kwa. Ná nkɔmhyɛ bi a wɔadi kan akyerɛw bɛyɛ mfe 700 a atwam no aka ato hɔ sɛ wɔbɛwo Mesia no wɔ Betlehem. Ɛkɔbae sɛ na kurow bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Betlehem a efi Nasaret rekɔ hɔ yɛ akwansin ason pɛ. Nanso, nkɔmhyɛ no kyerɛe pɔtẽẽ sɛ na Mesia no befi “Bet-Lehem a ɛwɔ Efrata.” (Mika 5:2) Ɛnnɛ, ɔkwan a ɛkɔ akuraa ketewaa a ɛwɔ Nasaret anafo fam yi ne Nasaret ntam no yɛ akwansin 93. Ɛyɛ ɔkwan a ɛda mmepɔw so. Ɛno ne Betlehem a wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ ɔnkɔ hɔ no, efisɛ na ɛyɛ abusua a Ɔhene Dawid fi mu no kurom—abusua yi mu na na Yosef ne ne yere nso fi.

So na Maria bɛboa Yosef ma wɔadi ahyɛde yi so? Ná akwantu no bɛyɛ den ama Maria. Ɛbɛyɛ sɛ wofii akwantu yi ase osutɔ bere mfiase, ma enti bere a ɔpɛ bere retwam no, na osu betumi apetepete. Bio nso, na Betlehem da bepɔw a ne tenten bɛyɛ anammɔn 2,500 so. Esiane sɛ na wobetwa kwan nna pii nti, na bepɔw no foro bɛyɛ den paa. Ebia na ebegye nna pii sen sɛnea anka na wobedi, efisɛ na Maria tebea no bɛhwehwɛ sɛ wɔhome mpɛn pii wɔ kwan so. Mpɛn pii no, sɛ ababaa bi regye nna awo a, ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔbɛn fie, baabi a n’abusuafo ne nnamfo betumi aboa no bere a n’awo adu so no. Akyinnye biara nni ho sɛ, na Maria hia akokoduru na watumi atu kwan yi.

Nanso, Luka bɔ amanneɛ sɛ na Yosef kɔ ‘kɔkyerɛw ɔne Maria din.’ Afei nso ɔkae sɛ, na wɔde ‘Maria ama Yosef aware sɛnea na wɔahyɛ no bɔ no.’ (Luka 2:4, 5) Esiane sɛ na Yosef aware Maria nti, na Maria nkutoo ntumi nsi gyinae. Obuu ne kunu no sɛ abusua ti ma enti ogyee asɛyɛde a Onyankopɔn de ama no sɛ ɔmmoa ne kunu wɔ ne gyinaesi mu no too mu. * Enti ɔyɛɛ osetie de gyinaa ne gyidi ho sɔhwɛ no ano.

Dɛn bio na ebia ɛkanyan Maria ma ɔyɛɛ osetie? So na onim nkɔmhyɛ a ɛne sɛ wɔbɛwo Mesia no wɔ Betlehem no? Bible nka ho hwee. Nanso ɛbɛyɛ sɛ na onim, efisɛ na nyamesom akannifo ne ɔmanfo dodow no ara mpo nim saa. (Mateo 2:1-7; Yohane 7:40-42) Ná Maria wɔ Kyerɛwnsɛm no ho nimdeɛ. (Luka 1:46-55) Sɛnea ɛte biara no, sɛ́ ebia Maria pawee sɛ obetu kwan no de ayɛ osetie ama ne kunu, de adi aban mmara so, de ama Yehowa nkɔmhyɛ aba mu—anaa sɛ efi nneɛma afoforo bi no—ɔyɛɛ nhwɛso pa. Yehowa ani sɔ ahobrɛase a mmarima ne mmea da no adi ne osetie a wɔyɛ no paa. Wɔ yɛn bere yi so a ɛyɛ den sɛ nnipa dodow no ara bɛbrɛ wɔn ho ase mu no, Maria nhwɛso no hyɛ anokwafo a wɔwɔ baabiara no nkuran.

Kristo Awo

Bere a Maria ani bɔɔ Betlehem kurow no so no, ɛbɛyɛ sɛ ne koma tɔɔ ne yam. Bere a na wɔreforo mmepɔw, na wɔnam ngodua mfuw a nnɔbae a etwa to a aka wom no, ɛbɛyɛ sɛ Maria ne Yosef dwennwen akuraa ketewa yi abakɔsɛm ho. Ná akuraa no yɛ ketewa sɛ wɔbɛkan aka Yuda nkurow ho, sɛnea na odiyifo Mika aka no; nanso saa beae yi na wɔwoo Boas, Naomi, ne akyiri yi Dawid, bɛyɛ mfe apem a na atwam no.

Maria ne Yosef hui sɛ na nnipa ahyɛ akuraa hɔ ma. Ná afoforo adi kan aba rebɛkyerɛw wɔn din nti na ahɔhodan nyinaa ayɛ ma. * Saa anadwo no, na wonni baabiara a wɔbɛsoɛ sɛ mmoa dan mu. Yebetumi de yɛn ani abu sɛnea Yosef ho bɛyeraw no bere a ohui sɛ ne yere rete yaw a emu kɔ so yɛ den a ɔmfaa bi mu da no. Wannya baabiara sɛ ɛha na awo kaa no.

Mmea a wɔwɔ baabiara bɛte nka ama Maria. Bɛyɛ mfe 4,000 a na atwam no, Yehowa hyɛɛ nkɔm sɛ esiane bɔne a wɔde awo nnipa nti, mmea nyinaa bɛte yaw wɔ awo mu. (Genesis 3:16) Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Maria ante yaw. Luka kyerɛwtohɔ no anka yaw a ɔfaa mu no ho asɛm, na mmom nea ɛka ara ne sɛ: “Ɔwoo ɔbarima, n’abakan.” (Luka 2:7) Nokwarem no, wawo “n’abakan”—Maria mma bɛyɛ ason no mu nea odi kan. (Marko 6:3) Nanso, na abofra yi bɛyɛ soronko wɔ wɔn nyinaa mu. Ná ɔnyɛ Maria abakan nko, na mmom na ɔyɛ Yehowa ankasa “abɔde nyinaa mu abakan,” Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro!—Kolosefo 1:15.

Saa bere yi na kyerɛwtohɔ no ka asɛm foforo bi a nkurɔfo nim yiye ho asɛm: “Ɔde ntama kyekyeree no too mmoa adididaka mu.” (Luka 2:7) Yesu awo ho ɔyɛkyerɛ, mfonini, ne sini ahorow a woyi wɔ wiase nyinaa no gugu n’awo ho nsɛm mu dodo. Nanso, ma yensusuw nea esii ankasa no ho nhwɛ. Maria de akokoaa no too mmoa adididaka mu. Enti na abusua no te mmoa dan mu, baabi a saa bere no na ɛhɔ ntew anaa mframa pa nni hɔ sɛnea ɛte wɔ baabiara nnɛ no. Nokwarem no, ɔwofo bɛn na sɛ baabi pa wɔ hɔ a ɔbɛkɔ beae a ɛte saa akɔwo? Awofo dodow no ara pɛ sɛ esi wɔn mma yiye. Sɛ saa a, mpɛn ahe ara na Maria ne Yosef nso renyɛ nea ebesi Onyankopɔn Ba no yiye!

Nanso, wɔamma nea wɔantumi anyɛ no ammu wɔn aba mu; wɔyɛɛ nea wobetumi biara sɛnea ɛfata. Sɛ nhwɛso no, hyɛ no nsow sɛ Maria ankasa na ɔhwɛɛ akokoaa no, faa ntama de kyekyeree ne ho sɛnea ɛbɛyɛ a awɔw nkɔ no mu, na ɔdedaa no wɔ mmoa adididaka mu. Ná Maria remma tebea a w’abam no ho adwennwen ntwetwe no mfi nea obetumi ayɛ biara ho. Ná ɔne Yosef nyinaa nim nso sɛ, ade a ehia titiriw a wobetumi ayɛ ama abofra no ne sɛ wɔde Onyankopɔn akwankyerɛ bɛtete no. (Deuteronomium 6:6-8) Ɛnnɛ, awofo pa nso bɔ mmɔden sɛ wɔde nneɛma a ɛho hia saa ara besisi wɔn mma ani so wɔ wiase a wɔmfa Onyankopɔn som nnyɛ hwee yi mu.

Nsrahwɛ a Ɛhyɛɛ Wɔn Nkuran

Mpofirim ara, asɛm bi sii ma ɛhɔ yɛɛ bagyabagya. Nguanhwɛfo bi bɔ wuraa mmoa dan no mu a wɔn ho pere wɔn sɛ wobehu abusua no ne ne titiriw, abofra no. Ná anigye ahyɛ mmarima yi ma. Wɔde ahoɔhare fii mmepɔw a na wɔrehwɛ wɔn mmoa wɔ hɔ no so na ɛbae. * Wɔkaa anwonwade a esii nkyɛe no ho asɛm kyerɛɛ awofo a na wɔn ho adwiriw wɔn no. Ɔdasum a na wɔwɔ mmepɔw no so no, ɔbɔfo bi bepuee wɔn so prɛko pɛ. Yehowa anuonyam hyerɛn hɔ nyinaa, na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔawo Kristo anaa Mesia no seesei ara wɔ Betlehem. Wobehu sɛ abofra no da mmoa adididaka mu a wɔde ntama akyekyere no. Afei, biribi a ɛyɛ nwonwa koraa sii—abɔfo asafodɔm bepuee hɔ a wɔreto dwom yi Yehowa ayɛ!

Ɛnyɛ nwonwa sɛ saa mmarima ahobrɛasefo yi de ahoɔhare baa Betlehem! Ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyei bere a wohui sɛ akokoaa no da hɔ sɛnea na ɔbɔfo no aka no. Wɔamfa anigyesɛm yi anhyɛ wɔn ho. ‘Wɔkaa nsɛm no kyerɛe. Na nea nguanhwɛfo no kae no yɛɛ wɔn a wɔtee nyinaa nwonwa.’ (Luka 2:17, 18) Ɛda adi sɛ na nyamesom akannifo a wɔwɔ hɔ saa bere no mmu nguanhwɛfo. Nanso, na Yehowa bu mmarima a wɔwɔ ahobrɛase na wodi nokware yi. Ɛnde, nsrahwɛ yi kaa Maria dɛn?

Akyinnye biara nni ho sɛ, na awo no mu yaw no ama Maria abrɛ, nanso, ɔyɛɛ aso tiee wɔn yiye. Ɔyɛɛ nea ɛboro saa mpo: “Maria fii ase de nsɛm yi nyinaa siei, na ɔdwennwenee ho ne koma mu.” (Luka 2:19) Nokwasɛm ni, na ababaa yi yɛ ɔbadwemma. Ná onim sɛ abɔfo no nsɛm no ho hia paa. Ná Maria Nyankopɔn, Yehowa, pɛ sɛ Maria hu onipa ko a abofra no bɛyɛ, ne sɛnea ne ho hia. Enti wantie nsɛm no kɛkɛ. Ɔkoraa nsɛm yi so wɔ ne komam sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛdwennwen ho mpɛn pii wɔ mmere a ɛda n’anim no mu. Eyi ma yehu ade titiriw a ɛhyɛɛ Maria gyidi den wɔ ne nkwa nna nyinaa mu no.

So wubesuasua Maria nhwɛso no? Yehowa de nokwasɛm a ɛho hia ahyɛ n’Asɛm mu ma. Nanso, sɛ yɛanni kan antie saa nokwasɛm no a, ɛso remma yɛn mfaso biara. Ehia sɛ yɛkenkan Bible no daa. Ɛnsɛ sɛ yebu no sɛ nhoma biara kɛkɛ, na mmom sɛ Onyankopɔn Asɛm. (2 Timoteo 3:16) Afei, sɛnea Maria yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm sie yɛn komam na yɛdwennwen ho yiye. Sɛ yɛdwennwen nea yɛkenkan wɔ Bible mu no ho na yesusuw akwan a yebetumi de Yehowa afotu adi dwuma yiye ho a, ɛbɛma yɛn gyidi mu ayɛ den.

Nsɛm Foforo a Ɔde Siei

Abofra no nyaa nnawɔtwe no, Maria ne Yosef maa wotwaa no twetia sɛnea Mose Mmara no hwehwɛ no, na wɔtoo ne din Yesu sɛnea wɔhyɛe no. (Luka 1:31) N’adaduanan so no, wɔde no twaa akwansin kakra fii Betlehem kɔɔ asɔrefie wɔ Yerusalem, na wɔde nturukuku anaa mmorɔnoma abien kɔbɔɔ ahodwira afɔre sɛnea Mose Mmara no hwehwɛ sɛ ahiafo yɛ no. Sɛ na ɛyɛ wɔn aniwu sɛ wɔannya odwennini ne aturukuku sɛnea awofo binom yɛ no a, wɔamma ɛno anhaw wɔn. Sɛnea ɛte biara no, wonyaa nkuranhyɛ kɛse bere a na wɔwɔ hɔ no.—Luka 2:21-24.

Akwakoraa bi a ne din de Simeon baa wɔn nkyɛn, na ɔkaa nsɛm afoforo a na Maria betumi de asie ne komam kyerɛɛ no. Ná wɔahyɛ no bɔ sɛ obehu Mesia no ansa na wawu, na Yehowa honhom ma ohui sɛ abofra Yesu ne agyenkwa a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no. Simeon san bɔɔ Maria kɔkɔ sɛ mmere bi bɛba a obedi yaw, nanso ɛsɛ sɛ ogyina ano. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔde nkrante tenten bi ahwirow ne mu. (Luka 2:25-35) Ɛbɛyɛ sɛ nsɛm a etu koma yi boaa Maria ma otumi gyinaa mmere a emu yɛ den saa ano wɔ mfe aduasa akyi. Simeon akyi no, odiyifobea Hana behuu abofra Yesu, na ofii ase kaa ne ho asɛm kyerɛɛ obiara a ɔretwɛn sɛ wobegye Yerusalem no nyinaa.—Luka 2:36-38.

Eye sɛ Yosef ne Maria de wɔn ba no kɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ wɔ Yerusalem! Wɔnam eyi so kyerɛɛ wɔn ba no sɛ ɔbɛkɔ Yehowa asɔrefie hɔ daa ne nkwa nna nyinaa. Bere a wɔwɔ hɔ no, wɔyɛɛ nea wobetumi biara wɔ Onyankopɔn som mu, wɔkyerɛkyerɛ wɔn, na wonyaa nkuranhyɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ bere a Maria fii asɔrefie hɔ no na ne gyidi ayɛ den, na na ɔde nokwasɛm a ehia ahyɛ ne koma mu a obedwennwen ho na waka ho asɛm akyerɛ afoforo.

Ɛyɛ fɛ sɛ wohu sɛ ɛnnɛ awofo di nhwɛso a ɛte saa akyi. Wɔ Yehowa Adansefo mu no, awofo bɔ mmɔden de wɔn mma kɔ Kristofo nhyiam ahorow. Awofo a wɔte saa no yɛ nea wobetumi biara wɔ Onyankopɔn som mu, na wɔka nkuranhyɛ nsɛm kyerɛ wɔn mfɛfo gyidifo. Bere a wobefi nhyiam beae hɔ no, na wɔn gyidi mu ayɛ den, wɔn ani agye, na wɔwɔ nneɛma pa pii a wɔbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo. Wɔde anigye to nsa frɛ wo sɛ bra wɔn nhyiam no bi. Sɛ woyɛ saa a, wo nso wubehu sɛ wo gyidi mu bɛkɔ so ayɛ den te sɛ Maria.—w08 10/01-E.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 10 Hyɛ nsonsonoe a ɛwɔ asɛm yi ne Maria akwantu a edi kan no mu no nsow: ‘Maria sɔre kɔɔ’ Elisabet hɔ. (Luka 1:39) Saa bere no, esiane sɛ na ɔne Yosef ayɛ aware nhyehyɛe nanso wɔnwaree nti, ebia Maria sii gyinae a wanka ho asɛm ankyerɛ Yosef. Wɔwaree akyi no, wɔka sɛ Yosef na ɔyɛɛ wɔn akwantu no ho nhyehyɛe, na mmom ɛnyɛ Maria.

^ nky. 14 Saa bere no, na wɔtaa sisi ahɔhodan wɔ nkurow mu na akwantufo ne ahyɛnkafo atumi abɛda hɔ.

^ nky. 19 Saa bere yi a na nguanhwɛfo ne wɔn mmoa afi fie no si nea Bible mmerebu kyerɛ so dua: Wɔanwo Kristo wɔ December mu, bere a anka nguanhwɛfo bɛhwɛ wɔn mmoa wɔ baabi a ɛbɛn fie, na mmom wɔwoo no bɛyɛ October mfiase mu hɔ.

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Ná ɛyɛ nhyira ma Simeon sɛ ohuu agyenkwa a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no