Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Dɛn na Wɔyɛ Wɔ Hɔ?”

“Dɛn na Wɔyɛ Wɔ Hɔ?”

“Dɛn na Wɔyɛ Wɔ Hɔ?”

NNIPA pii a wotwam wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea kɛse a ɛwɔ South Africa kurow Mogale City (Krugersdorp), a ɛbɛn Johannesburg no taa bisa saa asɛm no. Enti Adansefo no sii gyinae sɛ wɔbɛto nsa afrɛ nkurɔfo ma wɔabɛhwɛ adwumayɛbea kɛse hɔ, wɔ October 12 ne 13, afe 2007 mu. Atirimpɔw abien nti na wɔyɛɛ saa—sɛ wɔbɛteɛteɛ adwene a nkurɔfo wɔ na wɔama ɔmanfo ahu adwuma a wɔreyɛ wɔ adwumayɛbea hɔ de adi ahyɛde a Yesu Kristo de mae no so.—Mateo 28:19, 20.

Wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ adwumayɛbea hɔ kyerɛw nsɛm wɔ pon so de sisii adwumayɛbea no kwan ano de maa ɔmanfo akwaaba, na wɔde nkratasin soronko too nsa frɛɛ wɔn a wɔtete mpɔtam hɔ no. Wɔtoo nsa frɛɛ wɔn a wɔne wɔn yɛ nnwuma bi wɔ kurom ne wɔn abusuafo nso. Dɛn na efi mu bae? Nnipa a wɔnyɛ Adansefo bɛboro 500 na wɔbɛhwɛɛ adwumayɛbea hɔ.

Ade a wɔn ani gyee ho kɛse ne MAN Roland Lithoman afiri a etumi tintim nsɛmma nhoma 90,000 wɔ dɔnhwerew biako mu no. Nnipa a wɔbaa hɔ no ani gyee baabi a ɛhɔ so paa a wɔhyehyɛ nhoma na wɔde mena, na wotumi yɛ nhoma bɛboro tɔn 14 ho adwuma da biara no nso ho. Saa ara na wɔn ani gyee baabi a wɔpam nhoma no nso ho. Adansefo a wɔwɔ dwumadibea ahorow no yɛɛ mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ a ɛkyerɛkyerɛ adwuma a wɔyɛ wɔ hɔ no mu. Emu biako kyerɛɛ sɛnea wɔde mfiri tintim nhoma, efi tete mfiri a Gutenberg yɛe so besi nnɛyi abɛɛfo mfiri a ɛwɔ hɔ so. Mfonini foforo nso kyerɛɛ sɛnea wɔhwɛ siesie hɔ. Sɛ nhwɛso no, afiri soronko bi wɔ hɔ a ɛtwe mframa bɔne ne pampan fi mfiri a wɔde yɛ adwuma no mu, na afiri foforo nso twe nkrataa ase tow gu.

Atesɛm krataa bi a ɛwɔ hɔ kae sɛ nnipa 700 a wɔyɛ adwuma wɔ adwumayɛbea hɔ a wɔte hɔ no yɛ “asomfo a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa.” Ɛsan nso kaa “ahotew soronko ne sɛnea biribiara kɔ so bere ano” wɔ baabi a wotintim nhoma no ho asɛm. Ɔbarima bi a na ɔmpɛ Yehowa Adansefo asɛm bɛhwɛɛ hɔ bi. Ɛno akyi no, ɔkyerɛw krataa sɛ: “Mema mo amo. Ɛntaa nsi sɛ nnipa bɛyɛ ade ma ɛho atwa saa.”

Ahɔho a wɔbae no pii kyerɛɛ anisɔ wɔ ɛhɔ a wɔma wɔbɛhwɛe no ho. Ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ wohui sɛ wotintim nhoma ma aman 18 a ɛwɔ Afrika anafo ne mfinimfini fam na wɔwɔ Bible ho nhoma a ɛwɔ kasa 151 mu wɔ adwumayɛbea hɔ. Obiara betumi akɔhwɛ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no mu bi bere a wɔreyɛ adwuma no. Wubetumi ne adwumayɛbea a ɛwɔ wo man mu no adi nkitaho de ahu bere a wubetumi akɔhwɛ hɔ.—w08 11/01-E.

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Nsato krataa

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Nnipa a wɔrebɛhwɛ adwumayɛbea hɔ

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Mogale City, South Africa

[Mfonini wɔ kratafa 17]

MAN Roland Lithoman afiri a wɔde tintim nhoma

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Baabi a wɔpam nhoma

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Baabi a wɔhyehyɛ nhoma de mena