Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Anidaso a Ɛwɔ Hɔ Ma Awufo Ho

Fa Anidaso a Ɛwɔ Hɔ Ma Awufo Ho

Nea Yesua Fi Yesu Hɔ

Fa Anidaso a Ɛwɔ Hɔ Ma Awufo Ho

Anyɛ yiye koraa no, Yesu nyanee nnipa baasa, na ɔnam saa a ɔyɛe no so kyerɛe sɛ anidaso wɔ hɔ ma awufo. (Luka 7:11-17; 8:49-56; Yohane 11:1-45) Sɛ yɛbɛte anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo no ase a, ɛsɛ sɛ yedi kan hu nea ɛyɛe a owu bae.

Dɛn Nti na Yɛyare na Yewuwu?

Sɛ na Yesu de nkurɔfo bɔne firi wɔn a, wonya ayaresa. Sɛ nhwɛso no, bere a wɔde obubuafo bi brɛɛ Yesu no, ɔkae sɛ: “‘Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wɔbɛka sɛ, wɔde wo bɔne afiri wo, anaasɛ wɔbɛka sɛ, sɔre na nantew? Nanso, nea ɛbɛyɛ na moahu sɛ onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase so sɛ ɔde bɔne firi nti—’ afei ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: ‘Sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie.’” (Mateo 9:2-6) Enti bɔne na ɛde yare ne owu bae. Bɔne a yenya fii awo mu no fi onipa a odi kan, Adam.—Luka 3:38; Romafo 5:12.

Dɛn Nti na Yesu Wui?

Yesu anyɛ bɔne da. Enti, na ɛmfata sɛ owu. Yesu wu maa yɛn de tuaa yɛn bɔne ho ka. Ɔkae sɛ, “wobehwie [ne mogya] agu ama nnipa bebree bɔne fafiri.”—Mateo 26:28.

Yesu san kae sɛ: “Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom sɛ ɔbɛsom de ne kra ayɛ agyede de agye nnipa bebree.” (Mateo 20:28) Yesu frɛɛ ne nkwa a ɔde bɔɔ afɔre no sɛ “agyede” efisɛ ɔde gyee afoforo fii owu mu. Yesu kae bio nso sɛ: “Me de, maba sɛnea wobenya nkwa na wɔanya no mmoroso.” (Yohane 10:10) Sɛ yɛbɛte anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo no ase yiye a, ɛsɛ sɛ yehu tebea a wɔwɔ mu mprempren nso.

Sɛ Yewu a Tebea Bɛn Mu na Yɛkɔ?

Bere a Yesu adamfo Lasaro wui no, Yesu maa tebea a awufo wom no mu daa hɔ fann. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “‘Yɛn adamfo Lasaro ada, na merekɔ [Betania] akonyan no.’ . . . Wosusuwii sɛ ɔreka nna ho asɛm. Enti afei de, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pen sɛ: ‘Lasaro awu.’” Yesu nam ɛno so ma emu daa hɔ pefee sɛ awufo ada na wonnim biribiara.—Yohane 11:1-14.

Bere a Yesu nyanee n’adamfo Lasaro no, na wawu nnanan. Nanso Bible nka sɛ Lasaro kaa asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ na onim nea ɛrekɔ so bere a owui no. Bere a Lasaro wui no na ɔnte biribiara na na onnim hwee nso.—Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Yohane 11:17-44.

Dɛn Ne Anidaso a Ɛwɔ Hɔ ma Awufo?

Awufo bɛsan aba nkwa mu a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa. Yesu kae sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte [Yesu] nne na wɔafi adi.”—Yohane 5:28, 29.

Saa anidaso yi da Onyankopɔn dɔ adi. Yesu kae sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro mae, na obiara a ogye no di no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.”—Yohane 3:16; Adiyisɛm 21:4, 5.—w08 11/01-E.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? * nhoma no ti 6

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 15 Yehowa Adansefo na wotintimii.