Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena na Obetumi Ahu Nea Ɛbɛba Daakye?

Hena na Obetumi Ahu Nea Ɛbɛba Daakye?

Hena na Obetumi Ahu Nea Ɛbɛba Daakye?

“Mene Nyankopɔn, . . . Me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no.”—Yesaia 46:9, 10.

WƆ MMERE bɔne yi mu no, animdefo a wɔhwehwɛ amanyɔsɛm, sikasɛm, ne asetra mu nsɛm mu no de nneɛma a asisi atwam no toto nea ɛrekɔ so nnɛ no ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahu nea ɛbɛba daakye. Afoforo a wɔn ho pere wɔn sɛ wobehu wɔn daakye no kɔ nsoromma mu ahwɛfo ne adebisafo hɔ kɔhwehwɛ mmoa. Mpɛn pii no, saafo no nsa si fam. So yɛrentumi nhu nea ɛbɛba wiase yi, yɛn mmusua, ne yɛn ankasa so koraa? Ɛnde yemmisa sɛ, obi wɔ hɔ a obetumi akyerɛ nea ebesi daakye?

Wɔ odiyifo Yesaia nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no mu no, Yehowa a ɔyɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ka n’ankasa ho asɛm sɛ nea otumi hu nea ɛbɛba daakye. Onyankopɔn nam Yesaia so hyɛɛ nkɔm sɛ obeyi Israelfo afi Babilon nkoasom mu na wasan de wɔn aba abɛkyekye Yerusalem, na wɔasi asɔrefie no. So nkɔmhyɛ yi baa mu pɛpɛɛpɛ? Yesaia dii kan kaa Kores, a na ɔbɛba abedi Babilon so nkonim no ho asɛm too hɔ bɛyɛ mfe 200. Bio nso, Yesaia kyerɛɛ ɔkwan a na Kores bɛfa so adi kurow no so nkonim pɛpɛɛpɛ—sɛ ɔbɛdan Eufrate Asubɔnten a na ɛbɔ kurow no ho ban no ani akyerɛ baabi. Ɔka too hɔ mpo sɛ Kores behu sɛ wɔagyaw kurow no apon akɛse abien no ano ato hɔ, na na ɛbɛboa Kores ma wadi kurow no so nkonim a ɔremmrɛ ho.—Yesaia 44:24–45:7.

Onipa nni tumi te sɛ Onyankopɔn a obetumi ahu nea ɛbɛba daakye. Ɔhene Salomo nyansafo no kyerɛwee sɛ: “Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, na wunnim nea ɛda bɛwo.” (Mmebusɛm 27:1) Saa asɛm no da so ara yɛ nokware. Onipa biara nni hɔ a obetumi ahu n’ankasa daakye. Dɛn na ɛma Onyankopɔn da nsow? Onim n’abɔde ho biribiara, a sɛnea onipa yɛ n’ade ne ne komam nsusuwii nso ka ho. Sɛ Onyankopɔn pɛ a, obetumi ahu sɛnea ankorankoro biara ne ɔman mũ nyinaa mpo bɛyɛ wɔn ade. Bio nso, ɔwɔ tumi a enni ano a obetumi de adi nea ebesi biara ho dwuma. Sɛ ɔnam n’adiyifo so ka sɛ biribi besi a, “ɔma n’akoa asɛm gyina, na ɔma n’abɔfo agyinatusɛm ba mu.” (Yesaia 44:26) Yehowa Nyankopɔn nkutoo na obetumi aka saa.

Yesaia traa ase akyi bɛboro mfe 700 ansa na Yesu a ɔbɛyɛɛ Mesia no reba. Nanso Yesaia hyɛɛ Mesia no mmae ho nkɔm. Bɛyɛ mfe 300 a atwam ni no, Bible ho akyinnyegyefo aka sɛ Yesaia nhoma no nyɛ nokware. Wɔkyerɛ sɛ Yesaia nkɔmhyɛ no nyɛ nsɛm a wɔkyerɛwee ansa na ɛresisi na mmom nsɛm no sisii ansa na wɔrekyerɛw. So ɛyɛ nokware saa? Wɔ afe 1947 mu no, wohuu Yesaia nhoma no ne tete nhoma mmobɔwee ahorow bi wɔ ɔboda bi a ɛbɛn Po a Awu no mu. Nhomanimfo bi aka sɛ, wɔkyerɛw nhoma yi bɛboro mfe ɔha ansa na wɔrewo Mesia anaa Kristo a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no. Nokwarem no, Bible maa nea ɛbɛba daakye daa adi!

Sɛ ɛkaa Yesaia ne Bible akyerɛwfo afoforo nkutoo a, anka wɔrentumi nka nea ɛbɛba daakye. Mmom no, ‘nea efi Nyankopɔn hɔ na wɔkae sɛnea honhom kronkron kaa wɔn no.’ (2 Petro 1:21) Yebesusuw Yesu asetra ho nsɛm a Yesaia hyɛɛ ho nkɔm no bi ho akɔ akyiri wɔ nsɛm a edidi hɔ no mu. Ɛno akyi no, yebesusuw nsɛm a Yesu ne n’asuafo no hyɛɛ ho nkɔm sɛ ebesisi wɔ yɛn bere yi mu ne daakye no ho.—w08 10/01-E.