Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Munsuasua Onyankopɔn”

“Munsuasua Onyankopɔn”

Bɛn Onyankopɔn

“Munsuasua Onyankopɔn”

Efesofo 4:32–5:2

AYAMYE. Ayamhyehye. Fafiri. Ɔdɔ. Awerɛhosɛm ne sɛ nnipa ntaa nna su pa a ɛtete saa adi nnɛ. So saa na ɛte wɔ wo fam? Woate nka pɛn sɛ ɛmfa ho nea wobɛyɛ biara no, worentumi nna su pa yi bi adi da? Ebia wo koma bebu wo fɔ ma woate nka sɛ subammɔne bi a aka wo hɔ anaa esiane yaw bi a wofaa mu bere bi nti, ɛyɛ den sɛ wobɛda su pa a ɛte saa adi. Nanso Bible kyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛma akomatɔyam yi—yɛn Bɔfo no nim sɛ yɛwɔ nea yebetumi agyina so ada su pa adi.

Onyankopɔn Asɛm tu nokware Kristofo fo sɛ: “Enti munsuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.” (Efesofo 5:1) Eyi yɛ asɛm a ɛka koma a ɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn wɔ n’asomfo mu ahotoso. Ɔkwan bɛn so? Yehowa Nyankopɔn bɔɔ onipa wɔ Ne suban so sɛ Ne sɛso. (Genesis 1:26, 27) Enti Onyankopɔn de su ahorow a ɛte sɛ ne de no ara bi na ɛbɔɔ nnipa. * Enti sɛ Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wonsuasua Onyankopɔn’ a, ɛte sɛ nea Yehowa ankasa reka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Migye mo di. Minim sɛ ɛmfa ho sɛ motɔ sin no, mubetumi asuasua me akodu baabi.’

Dɛn ne Onyankopɔn su ahorow a yebetumi asuasua no bi? Nkyekyɛm ahorow a ɛka Efesofo 5:1 ho no ma ho mmuae. Hyɛ no nsow sɛ Paulo de asɛm “enti” na efii afotu a ɛse yensuasua Onyankopɔn no ase. Asɛmfua “enti” yi ne Efesofo 4:32 a ɛka ayamye, ayamhyehye, ne fafiri ho asɛm no wɔ abusuabɔ. Afei, wɔ nkyekyɛm a edi hɔ a Paulo de afotu mae sɛ yensuasua Onyankopɔn mu no, ɔka kyerɛɛ Kristofo sɛ wɔmmɔ ɔbra a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ ɔdɔ kann ma afoforo. (Efesofo 5:2) Nokwarem no, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ yɛda ayamye ne ɔdɔ adi, yefi komam nya ayamhyehye ma afoforo, na yɛde firi afoforo koraa a, yɛwɔ nhwɛsofo kɛse, Yehowa Nyankopɔn, a yebetumi asuasua no.

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ te sɛ Onyankopɔn? Hwɛ sɛnea Paulo nsɛm yi hyɛ nkuran: “Munsuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.” So eyi nka koma? Yehowa bu n’asomfo sɛ mma a ɔdɔ wɔn yiye. Sɛnea ebia abofra kumaa bɛbɔ mmɔden asuasua ne papa pɛpɛɛpɛ no, saa ara na nokware Kristofo nso bɔ mmɔden biara sɛ wobesuasua wɔn soro Agya no.

Yehowa nhyɛ nnipa sɛ wonsuasua no. Mmom no, wadi yɛn ni de yɛn pɛ ama yɛn. Enti sɛ́ wubesuasua Onyankopɔn anaasɛ worenyɛ no yɛ wo ara w’asɛm. (Deuteronomium 30:19, 20) Nanso mma wo were mfi da sɛ wowɔ nea wubetumi agyina so ada su pa ahorow adi. Nokwarem no, sɛ wubetumi asuasua Onyankopɔn a, ɛsɛ sɛ wudi kan hu sɛnea ɔte. Bible betumi aboa wo ma woatumi asua Onyankopɔn a ne nnipasu a ɛkyɛn so no ama nnipa ɔpepem pii asuasua no no su ahorow ne n’akwan nyinaa.—w08 10/01-E.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Kolosefo 3:9, 10 ma yehu sɛ Onyankopɔn suban so a wɔbɔɔ yɛn no fa suban a yɛda no adi no ho. Wɔhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no nkuran sɛ wɔnhyɛ “nipasu foforo” a ‘wɔayɛ no foforo sɛnea Onyankopɔn a ɔbɔe no suban te.’