Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɔdɔ Atɛntrenee

Nea Ɔdɔ Atɛntrenee

Bɛn Onyankopɔn

Nea Ɔdɔ Atɛntrenee

Hebrifo 10:26-31

SO OBI ayɛ wo bɔne anaa wadi wo atirimɔdensɛm bi a wannu ne ho na wafa ne ho adi pɛn? Sɛ obi a wohwɛ kwan sɛ ɔbɛdɔ wo anaa obedwen wo ho yɛ wo adebɔne a ɛte saa a, ebetumi ayɛ den sɛ wubegyina ano. Ebia wubebisa sɛ, ‘Dɛn nti na Onyankopɔn ma kwan ma nneɛma a ɛtete saa sisi?’ * Nokwasɛm ne sɛ Yehowa Nyankopɔn kyi nneɛma bɔne a ɛte saa nyinaa. Onyankopɔn Asɛm, Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ, ɔbɛsɛe wɔn a wopirim wɔn koma yɛ bɔne no. Ma yensusuw ɔsomafo Paulo asɛm a ɛwɔ Hebrifo 10:26-31 no ho.

Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ yenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ, na ɛno akyi no yɛboapa dan kɔ bɔne so a, bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio.” (Nkyekyɛm 26) Asodi kɛse da wɔn a wɔboapa yɛ bɔne no so. Dɛn ntia? Nea edi kan no, bɔne a wɔyɛ no nyɛ bɔne a efi bere tiaa mu mmerɛwyɛ—mfomso a ɛtɔ mmere bi a yɛn nyinaa yɛ esiane yɛn sintɔ nti. Bɔne ayɛ wɔn su. Nea ɛtɔ so abien, wɔn bɔne no yɛ boapayɛ. Bible nkyerɛase bi ka sɛ, “Wɔhyɛ da na wɔyɛ bɔne.” (The Bible in Basic English) Esiane sɛ wɔtaa yɛ bɔne nti abɛyɛ wɔn su. Nea ɛtɔ so abiɛsa, ɛnyɛ sɛ wonnim sɛ nea wɔreyɛ no yɛ bɔne. Wɔwɔ Onyankopɔn apɛde ne n’akwan ho “nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.”

Onyankopɔn bu abɔnefo a wonnu wɔn ho no dɛn? Paulo ka sɛ, “bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio.” Kristo afɔrebɔ—Onyankopɔn akyɛde ma adesamma—no kata yɛn bɔne a esiane sintɔ nti yɛyɛ no so. (1 Yohane 2:1, 2) Nanso wɔn a wɔyɛ bɔne a wonnu wɔn ho no da no adi sɛ wɔn ani nsɔ akyɛde a ɛsom bo yi. Wɔ Onyankopɔn ani so no, ‘wɔatiatia Onyankopɔn Ba no so, na wɔabu Yesu apam mogya a wɔde tew wɔn ho no sɛ adehunu bi.’ (Nkyekyɛm 29) Wɔde wɔn nneyɛe bu Yesu animtiaa na wobu ne mogya no sɛ “biribi a ɛnsom bo,” te sɛ adesamma afoforo a wɔtɔ sin no ara pɛ. (Today’s English Version) Bonniayɛfo a wɔte saa no rennya Kristo afɔrebɔ no so mfaso.

Dɛn na ɛbɛto abɔnefo? Atɛntrenee Nyankopɔn no ahyɛ bɔ sɛ: “Aweredi wɔ me; me ara metua bɔne so ka.” (Nkyekyɛm 30) Wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ bɔne ɛmfa ho sɛnea ɛbɛka afoforo no nhyɛ eyi nsow: Obiara rentumi mmu Onyankopɔn mmara so mfa ne ho nni. Wɔtaa twa wɔn nneyɛe bɔne no so aba. (Galatifo 6:7) Sɛ wɔantwa ɛso aba saa bere yi mpo a, ɛrenkyɛ wobeyi wɔn ano Onyankopɔn anim bere a ɔbɛba abeyi nneɛma bɔne nyinaa afi asase so no. (Mmebusɛm 2:21, 22) Paulo bɔ kɔkɔ sɛ: “Ɛyɛ hu sɛ obi bɛhwe Onyankopɔn teasefo no nsam.”—Nkyekyɛm 31.

Esiane sɛ yɛahu sɛ Yehowa Nyankopɔn mmu n’ani nngu wɔn a wɔboapa yɛ bɔne so no nti, ɛma yɛn nyinaa, titiriw wɔn a obi ayɛ wɔn bɔne a wannu ne ho no nya awerɛkyekye ne abotɔyam. Yebetumi agyaw biribiara ato Onyankopɔn a okyi nneɛma bɔne nyinaa no so a yɛwɔ ne mu awerɛhyem sɛ ɔbɛtɔ abɔnefo so were.—w08 11/01-E.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 106-114.