Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Wɔkae sɛ Ebesisi wɔ Yɛn Bere Yi Mu

Nea Wɔkae sɛ Ebesisi wɔ Yɛn Bere Yi Mu

Nea Wɔkae sɛ Ebesisi wɔ Yɛn Bere Yi Mu

BIBLE no hyɛ nkɔm sɛ Onyankopɔn Ahenni de asomdwoe ne anigye a ɛtra hɔ daa bɛba asase so. (Daniel 2:44) Wɔ Yɛn Agya a ɔwɔ soro, anaa Awurade Mpaebɔ no mu no, Yesu kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro.” (Mateo 6:10) Wɔ Yesu nkɔmhyɛ a nnipa dodow no ara nim no yiye a ɔka kyerɛɛ n’asuafo no wɔ Ngo Bepɔw no so mu no, ɔkaa nsɛm pɔtee a ebesisi bere tiaa bi ansa na Ahenni no abesiesie nneɛma wɔ asase so no ho asɛm. Saa nneɛma yi nyinaa yɛ sɛnkyerɛnne a ɛbɛda adi pefee ma nnipa komapafo nyinaa ahu. Nsɛnkyerɛnne ahorow a edidi so yi mu ahe na woahu?

Amanaman Ntam Akodi. Yesu kae sɛ: “Ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni atia ahenni.” (Mateo 24:7) Ansa na wiase ko a edi kan no refi ase wɔ afe 1914 mu no, na wɔtaa di ako wɔ mmeae mmeae nkutoo. Wiase Ko I no trɛw faa wiase nyinaa, na ɛsan ma wɔyɛɛ akode a ɛyɛ hu ntɛmtɛm sen nea na nnipa ayɛ wɔ abakɔsɛm mu nyinaa. Sɛ nhwɛso no, wɔde atopae guu wimhyɛn a na wɔayɛ no foforo mu gyae guu ɔmanfo so. Akode pii a wɔyɛe no ma wokunkum nnipa bebree wɔ akodi no mu ma ani yɛɛ nyan, efisɛ asraafo bɛyɛ ɔpepem 65 a wodii ako no mu bɛyɛ fã wuwui anaa wopirapirae. Nanso, akodi kɔɔ so kunkum nnipa pii wɔ 1900 mfe no mu. Abakɔsɛm kyerɛwfo bi kyerɛ sɛ “wɔrentumi mmu nnipa dodow a wowui wɔ Wiase Ko II no mu ho akontaa da.” Na wɔakɔ so adi ako abesi nnɛ.

Ɔkɔm a Atrɛw. Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ: ‘Aduankɔm bɛba.’ (Mateo 24:7) Wɔ afe 2005 mu no, nyansahu ho nsɛmma nhoma bi kae sɛ: “Wiase no mu nnipa bɛyɛ ɔpepem 854 (bɛyɛ wiase nnipa nyinaa ɔha mu nkyem 14) ntaa nnya nnuan pa nni.” Wɔ afe 2007 mu no, Amanaman Nkabom asoɛe bi bɔɔ amanneɛ sɛ aman 33 nnya aduan a ɛbɛso wɔn manfo. Dɛn nti na aba saa bere a wotumi twa awi ne aburow pii wɔ wiase no? Ade biako ne sɛ, wɔde awi a anka nnipa bedi no reyɛ pɛtro. South Africa nsɛmma nhoma bi ka sɛ: “Wɔde awi a nnipa baako betumi adi no afe mũ no yɛ pɛtro gu kar kɛse mu pɛnkoro pɛ.” (The Witness) Wɔ aman a wɔanya nkɔso mu nso, esiane aduan bo a ɛreyɛ den nti, mpɛn pii no ɛsɛ sɛ wɔpaw sɛ wobedidi anwummere anaasɛ wɔde saa sika no bɛtɔ nnuru anaa wɔde betua afiri a ɛma ɔdan mu yɛ hyew ho ka.

Asasewosow Akɛse. Yesu kae sɛ: “Asasewosow akɛse bɛba.” (Luka 21:11) Sɛ wote nka sɛ asasewosow ka nnipa pii nnɛ sen bere biara a atwam a, ɛyɛ nokware. Indiani asasewosow ho ɔbenfo, R. K. Chadha, kae wɔ afe 2007 mu sɛ, “Asasewosow pii resisi wɔ wiase nyinaa wɔ yɛn bere yi so. Obiara nnim nea enti a ɛte saa.” Bio nso, esiane sɛ nnipa redɔɔso wɔ mmeae a asasewosow taa sisi nti, sɛ ebi si a nnipa pii wuwu. Sɛnea U.S. dwumadibea a wɔyɛ abo mu nhwehwɛmu kyerɛ no, asasewosow a esii wɔ India Po mu wɔ afe 2004 mu a ɛmaa tsunami sii no maa saa afe no bɛyɛɛ afe a “asasewosow kunkum nnipa sen bere biara wɔ bɛyɛ mfe 500 a atwam no mu. Ɛyɛ asasewosow a ɛtɔ so abien a ekunkum nnipa pii wɔ abakɔsɛm nyinaa mu.”

Nyarewa a Ne Sa Yɛ Den. Yesu ka siei sɛ: “Ɔyaredɔm . . . bɛba.” (Luka 21:11) Wɔ wiase nyinaa no, nyarewa a ɛbae akyɛ ne nea aba foforo no ka nnipa pii, na ɛyɛ den sɛ wobenya ano aduru. Sɛ nhwɛso no, amanaman no ntumi nnu botae a wɔde asi wɔn ani so sɛ wobetu atiridiinini ase no ho efisɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobetu yare no ase no nkosi hwee. Bio nso, nyarewa a ɛbae akyɛ te sɛ nsamanwaw (TB) rekunkum nnipa ɔpepem pii sɛnea AIDS ne nyarewa afoforo a aba nnansa yi rekunkum nnipa no ara. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no bɔ amanneɛ sɛ: “Seesei nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa nkyem abiɛsa mu biako wɔ TB mmoawa.” Ahyehyɛde no kɔ so ka sɛ HIV mmoawa no na ama TB redɔɔso wɔ aman pii so. Wɔ anibu biara mu no, onipa baako nya TB, na seesei TB mmoawa no reko tia nnuru a wɔde ko no. Nsɛmma nhoma bi bɔ amanneɛ sɛ wɔ afe 2007 mu no, ɔyarefo bi a ɔwɔ Europa nyaa TB a “wɔde aduru biara sa a ɛnyɛ yiye.”—New Scientist.

Ɔbrasɛe ne Basabasayɛ a Abu So. Yesu kae sɛ: “Esiane amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso nti nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo.” (Mateo 24:12) Wɔ nneɛma a Yesu kae sɛ ebesisi akyi no, ɔsomafo Paulo nso kae sɛ ɔbrasɛe ne basabasayɛ bebu so. Ɔkaa “nna a edi akyiri” a emu yɛ den a ɛbɛba ansa na Onyankopɔn Ahenni abɛsɛe wiase yi no ho asɛm. “Nnipa bɛyɛ ahopɛ, sikanibere, ahohoahoa, ahantan, wɔn a wɔka abususɛm, awofo so asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a wonni nokware, wɔn a wonni tema, wɔn a wontumi ne wɔn nyɛ apam, ntwirifo, wɔn a wontumi nni wɔn ho so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, wɔn a woyi afoforo ma, wɔn a wɔyɛ asobrakye, wɔn a wɔyɛ ahomaso, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn; wɔde nyamesom pa adura wɔn anim, nanso wɔmfa tumi a ɛwom no nni dwuma.” (2 Timoteo 3:1-5) So wunhu sɛ nnipa reda subammɔne a ɛte sɛɛ adi sen kan no?

Yesu ne Paulo anka abakɔsɛm, asetra mu nsɛm, ne amammuisɛm a ɛde tebea yi bɛba no nyinaa ho asɛm. Nanso, nkɔm a wɔhyɛe no kaa nsɛm a ebesisi ne su ahorow a ɛnnɛ yɛrehu no ho asɛm pɛpɛɛpɛ. Na daakye nso ɛ? Yesaia nkɔmhyɛ a ɛkaa Mesia no mmae ho asɛm pɛpɛɛpɛ no nso ka nsakrae pa a Onyankopɔn Ahenni no de bɛba asase so no ho asɛm. Ma yensusuw eyinom ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.—w08 10/01-E.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

“Ɔman bɛsɔre atia ɔman”

[Mfonini wɔ kratafa 7]

“Ɔyaredɔm . . . bɛba”

[Asɛm Fibea]

© WHO/P. Virot