Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Yebetumi De Yɛn Ho Ato Nsɛmpa No So?

So Yebetumi De Yɛn Ho Ato Nsɛmpa No So?

So Yebetumi De Yɛn Ho Ato Nsɛmpa No So?

“Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ yebu nsɛmpa no sɛ ɛyɛ tete Kristofo anansesɛm.”—Burton L. Mack, Apam Foforo no mu adesua ho ɔbenfo a onyin ama wagyae adwumayɛ.

ƐNYƐ ɔbenfo a wɔafa n’asɛm aka yi nkutoo na okura adwene a ɛte saa. Animdefo pii gye kyim sɛ Mateo, Marko, Luka, ne Yohane Nsɛmpa—Yesu asetra ne ne som adwuma ho nsɛm a ɛwɔ Bible mu—no nyɛ nokware. Dɛn nti na ebinom bu Nsɛmpa no sɛ ɛyɛ anansesɛm? So ɛsɛ sɛ wɔn nsusuwii no ma w’adwenem yɛ wo nãã wɔ nokware a Nsɛmpa no yɛ no ho? Ma yensusuw adanse no bi ho nhwɛ.

Ebinom Nnye Nsɛmpa no Nni

Wɔannye nokwasɛm a Nsɛmpa no yɛ no ho kyim da wɔ mfe 1600 a edi kan wɔ Yesu awo akyi no mu. Nanso, efi afe 1800 reba titiriw no, animdefo pii susuw sɛ Nsɛmpa no mfi Onyankopɔn na mmom nnipa na wɔbɔɔ wɔn tirim kyerɛwee. Bio nso, wonnye ntom sɛ Asɛmpa akyerɛwfo no nyaa wɔn nsɛm no fii Yesu hɔ tẽẽ ma enti wɔkyerɛ sɛ mmarima a wɔte saa no antumi ankyerɛw nsɛm a ɛyɛ nokware. Afei nso, wɔaka sɛ nsɛdi a ɛwɔ Nsɛmpa abiɛsa a edi kan no mu no kyerɛ sɛ Nsɛmpa no akyerɛwfo no hwɛɛ wɔn mfɛfo de so na wɔkyerɛw wɔn de no mu fã kɛse no ara. Akasatiafo no nnye anwonwade a Yesu yɛe ne ne wusɔre ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Nsɛmpa no mu no nso ntom. Ebinom mpo kyerɛ sɛ Yesu nyɛ onipa a ɔtraa ase ankasa!

Nkurɔfo koro yi ara aka sɛ ɛbɛyɛ sɛ Marko na ɔkyerɛw Nsɛmpa no mu nea edi kan, efisɛ ɛmfa biribi titiriw biara nka nea ɛwɔ Mateo ne Luka Nsɛmpa mu no ho. Akasatiafo no san kyerɛ sɛ Mateo ne Luka hwɛɛ Marko nhoma no ne nhoma foforo bi so na wɔkyerɛw wɔn Nsɛmpa no. Sɛnea Bible ho ɔbenfo A.F.J. Klijn kyerɛ no, saa nsɛm yi kyerɛ sɛ “mmarima yi nyɛ akyerɛwfo na mmom nnipa a wɔboaboa anansesɛm ano.” Adwene a ɛte saa no ama Nsɛmpa no akyerɛwfo abɛyɛ te sɛ nkurɔfo a wowiawia afoforo nsɛm de wɔn din to so ne anansesɛm akyerɛwfo. Eyi ama nnipa pii nye nni sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible no.—2 Timoteo 3:16.

So Nsɛmpa no Akyerɛwfo Wiawiaa Nkurɔfo Nsɛm De Wɔn Din Too So?

So nsɛdi a ɛwɔ Nsɛmpa abiɛsa a edi kan no mu no kyerɛ sɛ akyerɛwfo no hwɛɛ wɔn mfɛfo de so na wɔkyerɛw wɔn de no? Dabi. Dɛn ntia? Ade biako ne sɛ, Yesu hyɛɛ n’asuafo no bɔ sɛ honhon kronkron no ‘bɛkae wɔn nea waka akyerɛ wɔn nyinaa.’ (Yohane 14:26) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Nsɛmpa no akyerɛwfo no kaakae nsɛm koro no ara a esisii no bi na wɔkyerɛwee. Nokwarem no, ɛbɛyɛ sɛ Bible akyerɛwfo no binom kenkan Bible akyerɛwfo afoforo nkyerɛwee na wɔfaa mu nsɛm kae de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ wowiawiaa wɔn nsɛm, na mmom nea ɛkyerɛ ne sɛ wɔtɔɔ wɔn bo ase yɛɛ nhwehwɛmu. (2 Petro 3:15) Bio nso, Bible asekyerɛ nhoma bi ka sɛ: “Ebetumi aba sɛ atetesɛm a na wɔnkyerɛw na mmom wɔka kyerɛ no titiriw na ɛma wotumi kyerɛw Yesu nsɛm ma edii nsɛ saa no.”—The Anchor Bible Dictionary.

Luka kae sɛ ɔne nnipa pii a wohuu nea Yesu yɛe no kasae na ‘ɔhwehwɛɛ nneɛma no nyinaa mu pɛpɛɛpɛ fii mfiase.’ (Luka 1:1-4) So ɛno kyerɛ sɛ ɔyɛ obi a owiawia nkurɔfo nsɛm anaa ɔto anansesɛm? Ɛnte saa koraa! Bere a William Ramsay a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no yɛɛ Luka nkyerɛwee no mu nhwehwɛmu yiye no, ɔkae sɛ: “Luka yɛ abakɔsɛm kyerɛwfo a odi mũ: ɛnyɛ sɛ ne nsɛm no yɛ nokware nko na mmom onim sɛnea wɔkyerɛw abakɔsɛm nso . . . Ɛsɛ sɛ yɛde Asɛmpa kyerɛwfo yi ka abakɔsɛm akyerɛwfo a wɔagye din paa no ho.”

Adanse a wɔn a wɔkyerɛw tete Kristofo asɔre nkyerɛkyerɛ, a nyamekyerɛfo Origen a ɔtraa ase wɔ mfe 200 wɔ Yesu awo akyi ka ho de mae no kyerɛ sɛ Mateo na odii kan kyerɛw n’Asɛmpa no. Origen kyerɛwee sɛ: “Nea odii kan kyerɛw Asɛmpa no ne Mateo, a na ɔyɛ towgyeni a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Yesu Kristo somafo no. Ɔkyerɛw n’Asɛmpa no wɔ Hebri kasa mu maa Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo no.” Ɛda adi sɛ na ɛho nhia sɛ Mateo a na ɔyɛ ɔsomafo a ohuu nea Yesu yɛe no wiawia Marko a wamfa n’ani anhu nea Yesu yɛe no nsɛm. Ɛnde dɛn na wogyina so ka sɛ Mateo ne Luka hwɛɛ Marko nhoma no ne nhoma foforo bi so na wɔkyerɛw wɔn de no?

So Marko Asɛmpa no na Wodii Kan Kyerɛwee?

Bible asekyerɛ nhoma bi kyerɛ sɛ, ka a wɔka sɛ Marko Asɛmpa no na wodii kan kyerɛwee, na ɛno so na Mateo ne Luka hwɛ kyerɛw wɔn de no “nni nnyinaso biara.” (The Anchor Bible Dictionary) Nanso, nhomanimfo pii susuw sɛ Marko kyerɛw n’Asɛmpa no ansa na Mateo ne Luka rekyerɛw wɔn de no, efisɛ wɔka sɛ, Marko nhoma no mfa biribi titiriw biara nka Nsɛmpa afoforo no ho. Sɛ nhwɛso no, Bible ho ɔbenfo Johannes Kuhn, a ɔtraa ase bɛyɛ mfe 200 a atwam ni no ka sɛ Marko na odii kan kyerɛw n’Asɛmpa no. Kuhn kae sɛ, sɛ ɛnte saa a, “obi betumi anya adwene sɛ Marko twitwaa Mateo ne Luka nhoma mmobɔwee no asinasin na ɔkeka boom wɔ kuku mu ma ɛbɛyɛɛ n’Asɛmpa no.”

Esiane sɛ Marko Asɛmpa no na ɛyɛ tiawa nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nsɛm a ɛda nsow a ɛwom no sua. Ne nyinaa mu no, ɛno nkyerɛ sɛ ɛno na wodii kan kyerɛwee. Afei nso, ɛnyɛ nokware sɛ Marko mfa nsɛm foforo biara nka Mateo ne Luka de no ho. Wɔ Marko nsɛm a ɔka faa Yesu som adwuma ho ɔhyew so no mu no, yehu nsɛm bɛboro 180 a ɛda nsow a enni Mateo ne Luka kyerɛwtohɔ no mu, na ɛma ɛyɛ Yesu asetra ho nsɛm a ɛda nsow ankasa.—Hwɛ  adaka a ɛwɔ kratafa 29.

Na Nsɛm a Wɔkyerɛ sɛ Wɔfa Fii Nhoma Foforo Bi Mu no Nso Ɛ?

Dɛn na yebetumi aka wɔ nhoma foforo a ebinom kyerɛ sɛ Mateo ne Luka nyaa wɔn nsɛm fii mu no ho? James M. Robinson, a ɔyɛ nyamesom ho ɔbenfo no ka sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ nhoma a wɔkyerɛ sɛ wonyaa Nsɛmpa no fii mu no yɛ Kristofo nkyerɛwee a ɛho hia paa a ɛwɔ hɔ.” Saa asɛm no yɛ nwonwa efisɛ yenhu saa nhoma no wɔ baabiara nnɛ, na obiara ntumi nkyerɛ sɛ na nhoma a ɛte saa wɔ hɔ! Sɛnea yenhu nhoma no fã biara no yɛ nwonwa efisɛ nhomanimfo kyerɛ sɛ wotintim pii kyekyɛ maa nkurɔfo. Bio nso, wɔn a wɔkyerɛw tete Kristofo asɔre nkyerɛkyerɛ no amfa nhoma a ɛte saa mu nsɛm biara anka da.

Susuw eyi ho hwɛ. Wɔkyerɛ sɛ, na saa nhoma no wɔ hɔ, na na ɛfoa so sɛ Marko Asɛmpa no na wodii kan kyerɛwee. So ɛno nyɛ nsɛm a obi abɔ ne tirim aka a wɔafoa so? Sɛ yesusuw nsɛm a ɛte sɛ eyinom ho a, ɛyɛ papa sɛ yɛma abebusɛm yi tra yɛn adwenem: “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di; na onitefo hwehwɛ nea obegyina so agye adi.”—Mmebusɛm 14:15, The New English Bible.

Nsɛmpa No—Ɛyɛ Nokware na Yebetumi De Yɛn Ho Ato So

Nsɛm a enni nnyinaso a akasatiafo keka no ama nnipa pii nkenkan Yesu asetra ne ne som adwuma ho Nsɛmpa a ɛyɛ nokware no. Nsɛm yi kyerɛ pefee sɛ tete Kristofo no ammu Yesu asetra, ne som adwuma, ne wu, ne ne wusɔre no sɛ anansesɛm. Nnipa pii a wohuu nea esisii no foa so sɛ nsɛm yi yɛ nokware. Saa tete Kristofo yi a na wɔayɛ krado sɛ wobegyina ɔtaa ne owu ano de adi Yesu akyi no hui pefee sɛ, sɛ Yesu som adwuma ne ne wusɔre no yɛ anansesɛm a, anka nyansa nnim sɛ wɔbɛyɛ Kristofo.—1 Korintofo 15:3-8, 17, 19; 2 Timoteo 2:2.

George W. Buchanan a ɔyɛ nyamekyerɛ ho ɔbenfo twee adwene sii nsɛm a afoforo ka sɛ Marko na odii kan kyerɛw n’Asɛmpa no, ne nsɛm a ɛfa nhoma foforo a wonhui da no so, na ɔkae sɛ: “Sɛ Bible suani de n’adwene si nsɛm a wɔabɔ wɔn tirim aka a ɛfa baabi a wonyaa Nsɛmpa no fii no so a, ɛremma onsua Kyerɛwnsɛm no ankasa.” Saa asɛm no ne ɔsomafo Paulo afotu a ɔde kɔmaa Timoteo a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ otie “atosɛm ne abusua santen ho nsɛm a enkosi hwee, na ɛde nsɛmmisa a egye bere mmom ba sen sɛ wobenya biribi afi Nyankopɔn hɔ akyɛ ama afoforo wɔ gyidi ho” no hyia.—1 Timoteo 1:4.

Yebetumi de yɛn ho ato Nsɛmpa no so. Emu nsɛm no gyina nokwasɛm a wɔn a wohuu nea Yesu yɛe no aka so. Egyina nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri yiye so. Ɛma yehu Yesu Kristo asetra ho nokwasɛm ahorow a ɛyɛ anigye. Enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Timoteo a ɔtraa ase tete no, na yetie Paulo nsɛm yi: “Tra nea woasua na woabegye adi sɛ ɛyɛ nokware no mu.” Yɛwɔ nea yebetumi agyina so agye atom koraa sɛ “Kyerɛwnsɛm nyinaa [a Nsɛmpa anan no ka ho] fi Nyankopɔn honhom mu.”—2 Timoteo 3:14-17.—w08 10/01-E.

[Adaka wɔ kratafa 29]

 Sɛ Marko Ankyerɛw N’Asɛmpa no a Anka Yennim Sɛ . . .

Yesu de abufuw hwɛɛ wɔn hyiae a wɔn komaden no ahyɛ no awerɛhow (Marko 3:5)

wɔtoo Yohane ne Yakobo din Boanerges (Marko 3:17)

ná ɔbea a na mogya retu no no ahwere n’ahode nyinaa (Marko 5:26)

Herodia nyaa Yohane Osuboni ho menasepɔw, na na Herode suro Yohane na ɔbɔɔ ne ho ban (Marko 6:19, 20)

Yesu frɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmra mmɛhome kakra (Marko 6:31)

ná Farisifo no hohoro wɔn nsa ma ebesi wɔn batwɛw (Marko 7:2-4)

Yesu bam mmofra no (Marko 10:16)

Yesu dɔɔ aberante sodifo no (Marko 10:21)

Petro, Yakobo, Yohane, ne Andrea bisaa Yesu nsɛm kokoam (Marko 13:3)

aberante bi gyaa ne ntama hɔ (Marko 14:51, 52)

Bio nso, Marko nhoma no mu nkutoo na Yesu mfatoho biako ne anwonwade abien bi ho asɛm wɔ.—Marko 4:26-29; 7:32-37; 8:22-26.

Nsɛm pii wɔ Marko Asɛmpa no mu a enni Nsɛmpa afoforo no mu. Sɛ yegye bere dwennwen mfaso a ɛwɔ saa nsɛm no nyinaa ho yiye a, akyinnye biara nni ho sɛ yebenya ho anisɔ kɛse.