Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Yehowa Adansefo Gye Di Sɛ Wɔn Nkutoo Na Wobenya Nkwa?

So Yehowa Adansefo Gye Di Sɛ Wɔn Nkutoo Na Wobenya Nkwa?

Nsɛm a Akenkanfo Bisa

So Yehowa Adansefo Gye Di Sɛ Wɔn Nkutoo Na Wobenya Nkwa?

Yehowa Adansefo gye di sɛ wɔahu nokware som. Sɛ ɛnte saa a, anka wɔasesa wɔn som. Yehowa Adansefo wɔ anidaso sɛ wobenya nkwa sɛnea ɔsom afoforo mufo nso gye di no. Nanso, wogye di nso sɛ ɛnyɛ wɔn adwuma ne sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn a wobenya nkwa. Onyankopɔn ne Ɔtemmufo. Ɔno na ɔkyerɛ nea obenya nkwa.—Yesaia 33:22.

Onyankopɔn Asɛm da no adi sɛ ɛnyɛ nkwagye nko na ɛsɛ sɛ wɔn a wobegye wɔn nkwa no hwehwɛ, na mmom, ɛsɛ sɛ wotie Ogyefo no nso. Mfatoho bi ni: Fa no sɛ obi a ɔretu kwan ayera wɔ kwae kɛse bi mu. Ɔyɛ nea obetumi biara sɛ obehu kwan. So obewu anaa obenya nkwa? Sɛ obenya nkwa anaasɛ ɔrennya nkwa a, egyina sɛnea ɔbɛyɛ n’ade wɔ mmoa a wɔde bɛma no no so. So obefi ahobrɛase mu agye mmoa no na wanya nkwa anaasɛ ahantan nti ɔrennyɛ mmoa a wɔde bɛma no no ho hwee?

Saa ara nso na wɔn a wotie Yehowa Nyankopɔn, adesamma Gyefo no benya nkwa. Nkwagye yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ, nanso ɛnyɛ nnipa nyinaa na wobenya. Onyankopɔn Ba, Yesu, kae sɛ: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ, ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛhyɛn ɔsoro ahenni no mu, na mmom nea ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛde no na ɔbɛhyɛn mu.”—Mateo 7:21.

Yehowa Adansefo gye di sɛ Onyankopɔn begye wɔn a wogye Yesu agyede afɔrebɔ no di na wodi Yesu nkyerɛkyerɛ akyi pɛpɛɛpɛ no nkutoo nkwa. (Asomafo Nnwuma 4:10-12) Susuw ahwehwɛde titiriw abiɛsa a ebetumi ama obi anya nkwa a wɔada no adi wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho hwɛ.

(1) Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ, “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Yesu ankasa nhwɛso a ɔyɛe bere a ɔde ne nkwa too hɔ maa afoforo no si sɛnea ɔdɔ ho hia so dua. Wɔn a wɔdɔ afoforo no reda su a ɛho hia ma nkwagye adi.

(2) Yesu ka kyerɛɛ n’Agya wɔ mpaebɔ mu sɛ, “Mama wɔahu wo din.” (Yohane 17:26) Ná Yesu nim sɛnea Onyankopɔn din ankasa, Yehowa, no ho hia n’Agya. Yesu bɔɔ mpae sɛ n’Agya “din ho ntew.” (Mateo 6:9) Onyankopɔn din ho a yɛbɛtew no hwehwɛ sɛ yebehu saa din no na yɛama ɛho ahia yɛn na yɛayɛ no kronkron. Sɛnea Yesu yɛe no, ehia sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya nkwa no de Onyankopɔn din yɛ adwuma. Ehia nso sɛ wɔkyerɛkyerɛ afoforo Onyankopɔn din ne ne su ahorow. (Mateo 28:19, 20) Nokwarem no, wɔn a wɔbɔ Onyankopɔn din nkutoo na wobegye wɔn nkwa.—Romafo 10:13.

(3) Yesu ka kyerɛɛ Pontio Pilato sɛ, “M’ahenni mfi wiase.” (Yohane 18:36) Ɛnnɛ, nnipa kakraa bi pɛ na wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ Onyankopɔn Ahenni a Yesu yɛ so Hene no mu gyidi. Mmom no, wɔde wɔn werɛ hyɛ nnipa ahyehyɛde mu. Nanso wɔn a wobegye wɔn nkwa no de, wofi nokwaredi mu gyina Onyankopɔn Ahenni no akyi na wɔkyerɛkyerɛ afoforo ɔkwan a ɛbɛfa so agye adesamma anokwafo nyinaa.—Mateo 4:17.

Bere a Yesu asuafo no huu nneɛma bi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ na wɔanya nkwa no, wɔkae sɛ: “Ɛnde hena na obetumi anya nkwa ankasa?” Yesu buae sɛ: “Nea entumi nyɛ yiye wɔ nnipa fam no betumi ayɛ yiye wɔ Nyankopɔn fam.” (Luka 18:18-30) Yehowa Adansefo de nsi bɔ mmɔden sɛ wobedu saa ahwehwɛde ahorow yi ho na wɔanya nkwa. Afei nso, wɔbɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛboa afoforo na wɔagye wɔn nkwa.—w08 11/01-E.