Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔahyɛ Yɛn Daakye Ho Nkɔm

Wɔahyɛ Yɛn Daakye Ho Nkɔm

Wɔahyɛ Yɛn Daakye Ho Nkɔm

BERE a ɔsomafo Petro reka nnipa ne asase daakye ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛnea ne [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo, na eyi mu na trenee bɛtra.” (2 Petro 3:13) Wɔnam odiyifo Yesaia so dii kan hyɛɛ “ɔsoro foforo ne asase foforo” ho bɔ. (Yesaia 65:17; 66:22) Nkɔmhyɛ yi a Petro twee adwene sii so no kyerɛ sɛ na ennyaa ne mmamu nwiei wɔ ne bere so.

Akyiri yi, wɔ bɛyɛ afe 96 wɔ Yesu awo akyi no, anisoadehu a ɔsomafo Yohane nyae no kyerɛe sɛ yebenya nhyira wɔ “asase foforo” a Onyankopɔn Ahenni no de bɛba no ase. (Adiyisɛm 21:1-4) Yesu ne ɔsomafo Paulo nsɛm a wɔka faa tebea a ɛbɛkɔ so wɔ wiase bere tiaa bi ansa na Onyankopɔn Ahenni aba no reba mu nnɛ. Enti, yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ saa Ahenni no de wiase foforo no bɛba. Dɛn na ɛbɛkɔ so wɔ saa wiase foforo no mu? Yesaia nhoma a ɛwɔ Bible mu no bɔ yɛn amanneɛ.

Nhyira a Yebenya wɔ Wiase Foforo no Mu

Asomdwoe a Ɛbɛba Wiase Nyinaa ne Biakoyɛ a Yɛde Bɛsom. “Wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:2-4.

Asomdwoe Bɛba Nnipa ne Mmoa Ntam. “Habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewa aka wɔn. Nantwibere ne osisi bɛbom adidi na wɔn mma ada faako, na gyata awe wura sɛ nantwi. . . . Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa, NW] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.”—Yesaia 11:6-9.

Aduan Bebu so Ama Obiara. “Asafo [Yehowa, NW] bɛtow aman nyinaa pon bepɔw yi so: sradeduan, nsã a akyɛ, srade ne hon, nsã a wɔasɔn so.”—Yesaia 25:6.

Owu Nni Hɔ Bio. “[Onyankopɔn bɛmene] owu akosi daa, na [Yehowa, NW] bɛpopa ani nyinaa so nusu, na wayi ne man ahohora afi asase nyinaa so akɔ, efisɛ [Yehowa, NW] na waka.”—Yesaia 25:8.

Awufo Bɛsɔre. “W’awufo benya nkwa, wɔn afunu bɛsɔre bio. Wɔn a wɔadeda wɔ asase mu no bɛsɔre ato ahurusi dwom . . . Na asase beyi wɔn a wɔawuwu dedaadaw no aba nkwa mu bio.”—Yesaia 26:19, The New English Bible.

Mesia Bebu Atɛn Trenee So. “Ɛnyɛ nea n’ani hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obedi asɛm, na trenee na ɔde bebu atɛn ama mmɔboroni, na ɔde asɛntrenee adi ama asase so amanehunufo.”—Yesaia 11:3, 4.

Wɔsa Anifuraefo ne Asotifo Yare. “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue.”—Yesaia 35:5.

Asasebonin Bɛsow Aba. “Sare so ne nkyerekyerewa benya anika, na anhwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren; nhwiren ara na ebegu, ahosɛpɛw ne osebɔ mu ara na ebedi ahurusi.”—Yesaia 35:1, 2.

Asase Foforo. “Merebɔ ɔsoro foforo [ɔsoro nniso foforo], ne [asase foforo, Asante Twi Bible] [nnipa atreneefo], na wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio; na mmom, momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daa daa, ade a merebɔ no nti. . . . [Nnipa a wɔbɛtra Onyankopɔn wiase foforo no mu no besisi] adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma. Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu, efisɛ wɔyɛ wɔn a [Yehowa, NW] ahyira wɔn no asefo, wɔne wɔn mma. Na wonnya mfrɛe no, megye so; wɔda so rekasa no, metie.” “Sɛnea ɔsoro foforo ne asase foforo a mɛyɛ no begyina m’anim no, [Yehowa, NW] asɛm ni, saa ara na mo asefo ne mo din begyina.”—Yesaia 65:17-25; 66:22.

Wɔahyɛ Daakye a Ɛyɛ Anigye Ho Nkɔm

Ɛnyɛ Yesaia nhoma no nkutoo na ɛwɔ Bible mu a ɛka nhyira a ɛbɛba daakye no ho asɛm. Nkɔmhyɛ pii wɔ Bible mu a ɛka nneɛma a ɛyɛ anigye a Onyankopɔn nam n’Ahenni a Kristo bedi so no so bɛyɛ ho asɛm. * So wopɛ sɛ wotra tebea a ɛte saa mu wɔ paradise? Ebetumi ayɛ yiye saa! W’ankasa hwehwɛ nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa wɔ nneɛma pa a Onyankopɔn bɛyɛ daakye no mu, na sua nea wubetumi ayɛ na wo nsa aka no ho ade. Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo.—w08 10/01-E.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 15 Sɛ wopɛ Onyankopɔn Ahenni, ne nea ɛbɛyɛ daakye no ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 76-85.

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Nnipa ne wɔn ho wɔn ho ne mmoa bɛtra asomdwoe mu

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Awufo benya nkwa bio

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Asase nyinaa bɛdan paradise