Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔhyɛɛ Mesia no Ho Nkɔm

Wɔhyɛɛ Mesia no Ho Nkɔm

Wɔhyɛɛ Mesia no Ho Nkɔm

ESIANE sɛ na Yudafo no nim nsɛm a Yesaia ne adiyifo afoforo akyerɛw afa Mesia no ho nti, na wofi bere tenteenten ahwɛ ne mmae no kwan. Nokwarem no, eduu Yesu mmere so no, na Yudafo pii “hwɛ kwan” sɛ Mesia no bepue. (Luka 3:15) Bible nkɔmhyɛ ahorow kaa Mesia no asetra ho nsɛm kɔɔ akyiri. Ná onipa biara ntumi nhyɛ nsɛm a ɛte saa ho nkɔm anaa ɔnhyehyɛ mma nsɛm a ɛtete saa nsi wɔ Yesu asetra mu.

Mesia no Awo Ho Nsɛm. Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ ɔbaabun na ɔbɛwo Mesia anaa Kristo no. Bere a Mateo kaa anwonwakwan a wɔbɛfa so awo Yesu ho asɛm wiei no, ɔkyerɛwee sɛ: “Eyinom nyinaa sii na ama nea Yehowa nam ne diyifo so kae no abam sɛ: ‘Hwɛ! Ɔbaabun no benyinsɛn na wawo ɔbabarima.’” (Mateo 1:22, 23; Yesaia 7:14) Yesaia kae nso sɛ Kristo bɛyɛ Dawid aseni, na mpo ɔbɔɔ Dawid papa, Yisai din. Ná Yesu yɛ Dawid aseni ampa. (Mateo 1:6, 16; Luka 3:23, 31, 32) Enti, ansa na wɔrebɛwo Yesu no, ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛɛ Yesu maame, Maria sɛ: “Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no.”—Luka 1:32, 33; Yesaia 11:1-5, 10; Romafo 15:12.

Mesia no Asetra Ho Nsɛm. Wɔ Nasaret hyiadan mu no, Yesu a na wanyin no kenkan Yesaia nkɔmhyɛ a na nsɛm a edi so yi ka ho no den: “Yehowa honhom wɔ me so, efisɛ ɔsraa me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo.” Bere a Yesu rekyerɛ sɛ asɛm yi fa ne ho no ɔkae sɛ: “Ɛnnɛ na kyerɛwsɛm a motee no seesei yi abam.” (Luka 4:17-21; Yesaia 61:1, 2) Yesaia san kaa Yesu ayamye, n’ahobrɛase ne sɛnea ɔne afoforo a ɔsaa wɔn yare no dii nsɛm no ho asɛm siei. Mateo kyerɛwee sɛ: “Nnipa bebree nso dii n’akyi na ɔsaa wɔn nyinaa yare, nanso ɔbaraa wɔn sɛ wɔmmma nkurɔfo nnhu nipa ko a ɔyɛ, na nea wɔnam odiyifo Yesaia so kae no abam sɛ . . . ‘Ɔrenham na ɔrenteɛteɛm, . . . Ɔremmu demmire a abukaw biara mu.’”—Mateo 8:16, 17; 12:10-21; Yesaia 42:1-4; 53:4, 5.

Mesia Amanehunu Ho Nsɛm. Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ Israelfo no mu dodow no ara rennye Mesia no ntom, na mmom ɔbɛyɛ “hintibo” ama wɔn. (1 Petro 2:6-8; Yesaia 8:14, 15) Nokwasɛm ni, ɛmfa ho anwonwade pii a Yesu yɛe no, na nkurɔfo no nni “ne mu gyidi, enti asɛm a odiyifo Yesaia kae no baa mu sɛ: ‘Yehowa, hena na wagye asɛm a yɛate no adi?’” (Yohane 12:37, 38; Yesaia 53:1) Ade foforo a amma Yudafo no annye Yesu anni ne sɛ na wɔn mu pii gye di sɛ sɛ Mesia no ba a, obeyi Roma nniso afi hɔ ntɛm ara, na wasan de Dawid ahenni a ɛde ne ho no asi hɔ wɔ asase so. Esiane sɛ Yesu huu amane na owui nti, Yudafo no mu dodow no ara annye no anni sɛ na ɔne Mesia no. Nanso nokwarem no, na Yesaia ahyɛ nkɔm sɛ Mesia no behu amane ansa na wabɛyɛ Ɔhene.

Wɔ Yesaia nhoma no mu no, Mesia no hyɛɛ nkɔm sɛ: “Medan m’akyi memaa mmaakãfo . . . manyi m’ani mamfi ahohorade ne ntasu ho.” Mateo kaa nea esii bere a na wɔredi Yesu asɛm no ho asɛm sɛ: “Wɔtoo ntasu guu n’anim bobɔɔ no akuturuku. Ebinom nso bobɔɔ n’ani so.” (Yesaia 50:6; Mateo 26:67) Yesaia kyerɛwee sɛ: “Wɔhyɛɛ no ahoɔyaw, na ɔno de, ɔbrɛɛ ne ho ase na wammue n’ano.” Enti bere a Pilato bisaa Yesu wɔ sobo a Yudafo no de rebɔ no ho asɛm no, Yesu ‘ammua no, na wanka asɛm biako mpo, enti ɛyɛɛ amrado no nwonwa paa.’—Yesaia 53:7; Mateo 27:12-14; Asomafo Nnwuma 8:28, 32-35.

Mesia no Wu Ho Nsɛm. Yesaia nkɔmhyɛ no kɔɔ so nyaa mmamu wɔ Yesu wu ne ɛno akyi mpo. Yesaia ka too hɔ sɛ: “Wɔmaa ne damoa fraa abɔnefo ne ɔdefo de mu wɔ ne wu mu.” (Yesaia 53:9) Ɛbɛyɛ dɛn na nkɔmhyɛ a ɛte sɛ nea ɛbɔ ne ho abira yi aba mu? Wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu wɔ adwowtwafo baanu ntam ma owui. (Mateo 27:38) Nanso akyiri yi, Yosef a ofi Arimatea a ɔyɛ ɔdefo no de Yesu amu kɔtoo n’ankasa ɔboda a wayɛ no foforo no mu. (Mateo 27:57-60) Awiei koraa no, Yesu wu no maa Yesaia nkɔmhyɛ no mu ade titiriw bi nyaa mmamu. Yesaia reka Mesia no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “M’akoa treneeni no benya trenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumɔyɛ nso asoa.” Nokwarem no, Yesu wu no de agyede no mae sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyi bɔne ho afobu afi nnipa anokwafo nyinaa so.—Yesaia 53:8, 11; Romafo 4:25.

Nkɔmhyɛ Ahorow a Etwa sɛ Ɛba Mu

Nea ɛbɛyɛ na asomafo no ne Yesu agyina Kyerɛwnsɛm so ama afoforo ahu Mesia no, na wɔtaa fa Yesaia nkɔmhyɛ no mu nsɛm ka sen Bible mu nhoma foforo biara. Nanso, ɛnyɛ Yesaia nhoma no nko na ɛkaa nea ɛbɛba daakye ho asɛm. Nkɔmhyɛ pii a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no nyaa mmamu wɔ Yesu, n’Ahenni, ne nneɛma pa a Ahenni no bɛyɛ daakye no so. * (Asomafo Nnwuma 28:23; Adiyisɛm 19:10) Yɛyɛ dɛn hu sɛ na saa nkɔmhyɛ ahorow yi bɛbam ɔkwan biara so? Yesu ka kyerɛɛ Yudafo a na wɔretie no no sɛ: “Monnnwene sɛ mebae sɛ merebɛsɛe Mmara anaa Adiyifo no [kyerɛ sɛ, Hebri Kyerɛwnsɛm no]. Mamma sɛ merebɛsɛe no, na mmom sɛ merebɛma no abam; nokwarem mise mo sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ ɔsoro ne asase betwam akɔ ntɛm koraa sen sɛ nkyerɛwde no mu ketewaa biako anaa nkyerɛwde no bi ho nsensanee biako befi Mmara no mu atwam a ade nyinaa nyɛ hɔ.”—Mateo 5:17, 18.

Yesu kaa Bible nkɔmhyɛ a ɛbaam wɔ ne bere so ne nea ɛbɛba mu daakye no nso ho asɛm. (Daniel 9:27; Mateo 15:7-9; 24:15) Bio nso, Yesu ne n’asuafo no ankasa kaa asɛm a na ebesisi wɔ wɔn wu akyi, a nea ɛresisi nnɛ no pii ka ho no ho asɛm. Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ eyinom ne Bible nkɔmhyɛ afoforo a ɛbɛbam daakye no mu.—w08 10/01-E.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Sɛ wopɛ nkɔmhyɛ ahorow a enyaa mmamu wɔ Yesu so no ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 200.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

‘Ɔbaabun no bɛwo ɔbabarima’

[Mfonini wɔ kratafa 5]

‘Manyi m’ani amfi ahohorade ho’