Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Woresi Asi Anhwea So Anaa Ɔbotan So?

Woresi Asi Anhwea So Anaa Ɔbotan So?

Woresi Asi Anhwea So Anaa Ɔbotan So?

W’ANI gye Bible akenkan ho? So wugye bere ne Yehowa Adansefo sua Bible no daa? Sɛ saa a, akyinnye biara nni ho sɛ wote nka sɛ woanya nimdeɛ a aboa wo ma woate nea enti a ɔhaw ahyɛ wiase mu ma no ase yiye. (Adiyisɛm 12:9, 12) Bio nso, ebia Bible mu nsɛm pii akyekye wo werɛ wɔ mmere a emu yɛ den mu na ama woanya daakye ho anidaso nso.—Dwom 145:14; 147:3; 2 Petro 3:13.

Sɛ obi pɛ sɛ odi Kristo akyi a, ehia sɛ onya Bible mu nokware nimdeɛ. Nanso, so ɛno nkutoo ne ade a ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Dabi. Sɛ Bible suani bɛkɔ so ayɛ Kristoni, titiriw bere a wɔasɔ ne gyidi ahwɛ a, ade foforo bi nso ho hia. Ɛno ne dɛn? Nea ɛbɛma yɛahu no, ma yensusuw Bepɔw so Asɛnka, ɔkasa a Yesu mae wɔ Galilea Bepɔw so no ho.—Mateo 5:1, 2.

Wɔsɔ Afie Abien Hwɛ

Wunim Bepɔw so Asɛnka no mu nsɛm? Wubetumi ahu ɔkasa a nnipa pii nim yi wɔ Mateo ne Luka nsɛmpa no mu. (Mateo 5:1–7:29; Luka 6:20-49) Ebegye wo simma 20 pɛ na wode akenkan ɔkasa no nyinaa. Nanso, wɔfaa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm bɛboro 20 na ɛkaa asɛm wom. Na kasakoa bɛboro 50 na ɛwom. Kasakoa biako a ɛfa adan abien a wosii ho da nsow wom efisɛ ɛno na Yesu de wiee ne kasa no. Sɛ wote aba a ɛwɔ mfatoho a Yesu de wiee n’asɛm no ase a, ɛbɛboa wo ma woahu sɛnea wobɛkɔ so agyina pintinn sɛ Kristo kyidini ɛmfa ho gyidi ho sɔhwɛ biara a ebia wubehyia.

Yesu kae sɛ: “Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, wɔde no bɛtoto ɔbadwemma bi a osii ne fie sii ɔbotan so ho. Na osu tɔ yirii, na mframa bɔe bɛbɔɔ fie no, nanso ammu, efisɛ na wɔato asi ɔbotan so. Afei, obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔnyɛ no, wɔde no bɛtoto ɔkwasea bi a osii ne fie sii anhwea so ho. Na osu tɔ yirii, na mframa bɔe bɛbɔɔ fie no ma edwiriw gui, na ebubui pasaa.”—Mateo 7:24-27.

Ɔbarima Bi “a Otutuu Fam Kɔɔ Akyiri”

Nokwasɛm a ɛho hia bɛn na Yesu nam mfatoho a ɛfa nnipa baanu a wosii wɔn dan ho so no kyerɛkyerɛe? Sɛ wopɛ sɛ wuhu a, susuw Yesu nsɛm no ho yiye. Dɛn na wohyɛɛ no nsow wɔ adan abien no ho? Ne nyinaa hyiaa ɔhaw koro no ara. Ɛbɛyɛ sɛ na adan abien no sɛ. Ebi nso a na ne nyinaa si faako—ebia na ɛbɛn ho mpo. Nanso wosii biako wɔ anhwea so ɛnna wosii ɔfoforo no wɔ ɔbotan so. Ɛyɛɛ dɛn baa saa? Efisɛ sɛnea Luka Asɛmpa no kyerɛ no, ɔbarima badwemma no ‘tutuu fam kɔɔ akyiri’ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛto ɔbotan. (Luka 6:48) Ne saa nti, ɔbadwemma no dan no gyinaa pintinn.

Dɛn na na Yesu pɛ sɛ osi so dua? Yesu amma mfatoho no amfa ankyerɛ sɛnea adan no te, baabi a ɛwɔ anaa mframa ne osu no ahoɔden, na mmom ɔtwee adwene sii adansifo no nneyɛe so. Ɔbarima biako tutuu fam kɔɔ akyiri, nanso ɔfoforo no anyɛ saa. Wobɛyɛ dɛn ayɛ te sɛ ɔbadwemma no na watutu fam kɔ akyiri? Yesu ankasa kyerɛɛ aba a ɛwɔ mfatoho no mu sɛ: “Ɛnde, dɛn nti na mofrɛ me ‘Awurade! Awurade!’ nanso monyɛ nea meka no? Obiara a ɔba me nkyɛn na ɔte me nsɛm na ɔyɛ no, mɛkyerɛ mo nea ɔsɛ no: Ɔte sɛ ɔbarima bi a . . . otutuu fam kɔɔ akyiri na ɔtoo fapem wɔ ɔbotan so.”—Luka 6:46-48.

Nokwarem no, Bible nkyerɛkyerɛ a yebetie anaa Bible a yɛbɛkenkan kɛkɛ wɔ fie no te sɛ nea yɛresi dan wɔ anhwea so—fam tutu biara nnim. Nanso egye mmɔdenbɔ na yɛatumi de Kristo nkyerɛkyerɛ adi dwuma. Ɛhwehwɛ sɛ yetutu fam kɔ akyiri kɔto ɔbotan.

Enti, sɛ́ wubegyina pintinn sɛ Kristo kyidini anaa worenyɛ saa no gyina sɛnea wode nea wote no bɛyɛ adwuma anaa womfa nyɛ no so. Sɛ wode nea wusua wɔ Bible mu no bɔ wo bra da biara a, wote sɛ ɔbadwemma a otutuu fam kɔɔ akyiri no. Enti ɛsɛ sɛ Bible suani biara gye bere kakra de bisa ne ho sɛ: ‘Meyɛ asɛm no tiefo anaa ne yɛfo? So mekenkan anaa misua Bible no ara kwa, anaa sɛ meresisi gyinae a, midi Bible akwankyerɛ akyi?’

Sɛ Yetutu Kɔ Fam a Yebenya Mfaso

Susuw José suahu yi ho hwɛ. N’awofo de Bible akwankyerɛ tetee no, nanso ɔno ankasa ansua Onyankopɔn Asɛm da. José ka sɛ, “Bere a mitu fii fie no, mebɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ ade pa, nanso mefaa nnamfo bɔne. Mifii ase nom nnubɔne, mede me ho hyɛɛ nna mu ɔbrasɛe mu, na na metaa ko ntɔkwaw.”

Akyiri yi, José yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsesa n’abrabɔ na ofii ase suaa Bible no anibere so. José ka sɛ: “Ade biako a ɛkaa me ma mesesae ne Yesu Bepɔw so Asɛnka a mekenkanee na metee ase no. Nanso egyee bere ansa na meretumi asesa me suban ne sɛnea mebɔ me bra. Mfiase no, na misuro nea m’ayɔnkofo no bɛka afa me ho, nanso mamma ɛno anhunahuna me. Migyae atorodi ne kasafĩ ka, na mifii ase kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow. Sɛnea Yesu kae no, mihui sɛ sɛ obi yɛ ne ho awiɛmfo na ɔde Bible mu afotu bɔ ne bra a, obenya anigye a ɛtra hɔ daa.”—Mateo 5:3-12.

Sɛ wututu fam kɔ akyiri na wusi wo dan wɔ ɔbotan so, kyerɛ sɛ, sɛ wode nea wokenkan wɔ Onyankopɔn Asɛm mu yɛ adwuma yiye a, dɛn na ebefi mu aba? Yesu kae sɛ: “Bere a nsu yirii no, ɛbɛbɔɔ dan no, nanso antumi anwosow no, efisɛ wosii no yiye.” (Luka 6:48) Nokwarem no, sɛ wode nea wusua no yɛ adwuma yiye a, sɔhwɛ a ɛte sɛ ahum no rentumi nsɛe wo gyidi na kampɛsɛ ama anhinhim mpo. Awerɛkyekyesɛm bɛn ara ani!

Osuani Yakobo a ɔyɛ Yesu nua no ka ade foforo a ɛde nhyira brɛ Bible asuafo a wɔyɛ Onyankopɔn Asɛm no yɛfo ankasa na wɔnyɛ asɛm no atiefo nko no ho asɛm. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko . . . Nea ɔhwehwɛ ahofadi mmara a ɛyɛ pɛ mu na ɔtra mu no, esiane sɛ wabɛyɛ adwuma no yɛfo na ɔnyɛ otiefo werɛfifo nti, n’ani begye sɛ ɔreyɛ saa.”—Yakobo 1:22-25.

Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔde Bible afotu bɔ wɔn bra no ani gye ankasa. Anigye a ɛte saa no nso ma Kristo akyidifo nya ahoɔden a wɔde begyina ɔhaw ahorow a ɛte sɛ ahum a ɛsɔ wɔn gyidi ne sɛnea ahofama a wɔde som Onyankopɔn no di mũ fa no hwɛ.

Dɛn na Wobɛyɛ?

Bere a Yesu maa ne Bepɔw so Asɛnka no, osii so dua sɛ sɛ yɛresom Yehowa Nyankopɔn a, ɛsɛ sɛ yɛpaw nneɛma bi. Sɛ nhwɛso no, Yesu kyerɛkyerɛe sɛ obi betumi anya aniwa a ɛhwɛ tee anaa ani bɔne, ɔbɛsom Onyankopɔn anaa ahonyade, anaasɛ ɔbɛfa ɔkwan hihiaa anaa ɔkwan a ɛtrɛw no so. (Mateo 6:22-24; 7:13, 14) Afei, bere a Yesu de adansifo baanu no mfatoho no reba awiei no, ɔmaa n’akyidifo no hui sɛ biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔpaw: Sɛ́ wɔbɛyɛ mmadwemma anaa nkwasea.

Sɛ wufi wo koma nyinaa mu kɔ so de nea woresua fi Bible mu no bɔ wo bra a, ɛkyerɛ sɛ woyɛ ɔbadwemma. Nokwasɛm ni, sɛ wututu fam kɔ akyiri na wusi wo dan wɔ ɔbotan so a, ɛbɛma woanya nhyira nnɛ ne daakye.—Mmebusɛm 10:25.—w08 11/01-E.

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Sɛ wubetumi agyina pintinn a, gye sɛ wode nea wusua no yɛ adwuma