Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahotew—Dɛn Nti Na Ɛho Hia?

Ahotew—Dɛn Nti Na Ɛho Hia?

Ahotew—Dɛn Nti Na Ɛho Hia?

Nyarewa ahaw nnipa fi teteete. Ebinom nyaa adwene sɛ ɛyɛ Onyankopɔn abufuw a ɔde retwe abɔnefo aso. Wɔde ntoboase ayɛ nhwehwɛmu akɔ akyiri mfe pii ma wɔahu sɛ mmoa nketenkete a wɔne yɛn te na wɔtaa de nyarewa yi nyinaa ba.

Nnuruyɛfo ayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ akisi, nkura, ntɛfrɛw, nwansena, ne ntontom nyinaa betumi de nyarewa aba. Wohui nso sɛ sɛ nkurɔfo nni wɔn ho ni a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ wobenya nsanyare. Ahotew betumi ato yɛn nkwa so.

Ɛda adi sɛ, ɛsono sɛnea nnipa di wɔn ho ni wɔ baabiara ne tebea biara mu. Wɔ mmeae a nsu ho yɛ den anaa wonni baabi pa a nsufĩ fa no, ebetumi ayɛ den paa sɛ wobedi wɔn ho ni. Nanso, bere a tete Israelfo nam sare so no, Onyankopɔn maa wɔn ahotew ho mmara. Wɔ tebea horow a ɛte saa mu no, ebetumi ayɛ den paa sɛ obi bedi ne ho ni.

Dɛn nti na ahotew ho hia Onyankopɔn? Adwene a ɛteɛ bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ ahotew ho? Nneɛma nketenkete bɛn na wo ne w’abusua betumi ayɛ de atew nyarewa so?

ABOFRA Max * a ɔte Cameroon apɔn sukuu aba fie. Ɔkɔm ne sukɔm de no, owura ne fie, ne kraman betu tare no, ɔde ne sukuu bag kɔto adidipon so, na ɔtena ase, na ɔde ahopere twɛn sɛ wɔde n’aduan bɛbrɛ no.

Max maame a ɔwɔ gyaade no te sɛ Max aba na ɔde ɛmo ne adua a ɛyɛ hyew brɛ no. Nanso ne maame anim sesa bere a ohu sɛ ɔde ne sukuu bag ato ɔpon a wɔapopa so fɛfɛɛfɛ no so no. Ɔhwɛ ne ba no dinn na ɔka sɛ, “Maaaax!” Ne ba no hu nea ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ, ntɛm ara Max fa ne bag no fi hɔ, na opue kɔhohoro ne nsa ho. Ankyɛ koraa na ɔsan bɛtenaa n’aduan a watwɛn akyɛ no ho. Max de aniwu ka sɛ, “Mama, mepa wo kyɛw, me werɛ fii.”

Ɛwom sɛ ɛna a ɔdwen n’abusua ho betumi ayɛ pii de aboa ma wɔanya apɔwmuden na wɔn ho atew de, nanso ehia sɛ abusua no mufo nyinaa boa no. Sɛnea Max asɛm no ma yehu no, ɛho hia sɛ wogye bere tete mmofra efisɛ ahotew gye mmɔdenbɔ kɛse na ehia sɛ wɔkae mmofra bere nyinaa ma wɔyɛ saa.

Max maame nim sɛ ɔyare mmoawa tumi fa akwan horow so kɔ aduan mu. Enti ɔhohoro ne nsa yiye ansa na waso aduan mu, na ɔkata aduan so nso sɛnea ɛbɛyɛ a nwansena nkosisi so. Esiane sɛ ɔhwɛ sɛ ɔbɛkatakata nnuan so na wadi ne fie ni ma ɛhɔ atew nti, akisi, nkura, ne ntɛfrɛw ntaa nhaw no.

Ade titiriw nti a Max maame yɛ ahwɛyiye saa ne sɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo yɛ kronkron efisɛ Onyankopɔn yɛ kronkron.” (1 Petro 1:16) Ɔtoa so sɛ: “Kronkronyɛ ne ahotew na ɛnam. Enti mepɛ sɛ me fie tew, na m’abusua nso ho tew. Nokwarem no, nea ɛma eyi tumi yɛ yiye ne sɛ abusua no mufo nyinaa boa.”

Ɛho Hia sɛ Abusua no Mufo Nyinaa Boa

Sɛnea Max maame ka no, sɛ abusua no ho bɛtew a, ɛsɛ sɛ abusua no mufo nyinaa boa. Ɛwom ara a, mmusua bi tena ase susuw wɔn ahiade ho ne nea wobetumi ayɛ de asiesie fie no mu ne ɛho nyinaa. Eyi nso boa ma biakoyɛ ba abusua no mu na ɛma wɔkae obiara sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’afam de de boa. Sɛ nhwɛso no, ebia Ɛna no bɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ ne mma mpanyimfo nea enti a sɛ wogya wɔn anan, woso sika mu anaa wɔrebedidi a ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn nsa ho. Na wɔn nso betumi ahwɛ ama mmofra nkumaa no afa asɛm yi aniberesɛm.

Wobetumi akyɛ ofie nnwuma ama obiara wɔ abusua no mu. Abusua no betumi asi gyinae sɛ nnawɔtwe biara wobesiesie wɔn fie na wɔayɛ nhyehyɛe asiesie fie hɔ nyinaa pɛnkoro anaa mprenu wɔ afe no mu. Afei nso, wobetumi ayɛ nhyehyɛe asiesie ofie no ho ne nkyɛnkyɛn. Stewart L. Udall a ɔyɛ abɔde ho bammɔfo no kaa United States ho asɛm sɛ: “Yɛte ɔman a ne fɛ resɛe, ɛreyɛ tan, asase biara nna hɔ kwa, na da biara efĩ, dede ne nneɛma afoforo resɛe abɔde a atwa yɛn ho ahyia mu.”

So saa na wuhu wɔ baabi a wote no? Wɔ tete mmere mu ne Central Africa nkurow bi so ɛnnɛ mpo no, obi bɔ dawuru de frɛfrɛ nkurɔfo. Ɔde nne kɛse frɛ ɔmanfo de kae wɔn sɛ wonsiesie kurow no mu, wontĩ akã mu, wontwitwa nnua ho, wɔnnɔw na wɔntow nwura biara ngu.

Baabi a wɔbɛtow nwura agu yɛ wiase nyinaa dadwen na aban pii nhu nea wɔnyɛ wɔ ho. Wɔ nkurow akɛse bi mu no, wotumi gyaw nwura gu hɔ ma ɛboa ano wɔ akwan ho. Ebia wɔbɛfrɛ ɔmanfo ma wɔakosiesie hɔ. Esiane sɛ Kristofo yɛ ɔman mma pa nti, sɛ atumfoɔ no hyɛ mmara a, wɔka wɔn a wodi kan di mmara no so no ho. (Romafo 13:3, 5-7) Nokware Kristofo wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi biara ma aboro nea wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ wɔ eyi ho no mpo so. Wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛma wɔn mpɔtam atew, na wofi wɔn pɛ mu siesie baabiara a wɔte a wɔntwɛn sɛ wɔbɛbɔ dawuru akae wɔn ansa. Wonim sɛ sɛ obi di ne ho ni a, na ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ntetee pa na onim nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ɛsɛ sɛ ankorankoro ne abusua biara yɛ saa. Sɛ yedi yɛn fie ni na yɛma ɛho tew a, ɛremma yɛnyare pii na ɛbɛma yɛn mpɔtam nyinaa nso atew.

Sɛ Yedi Yɛn Ho Ni a, Ɛhyɛ Onyankopɔn a Yɛsom No no Anuonyam

Yɛn som hwehwɛ sɛ yedi yɛn nipadua ni na yesiesie yɛn ho ma ɛfata, na eyi taa ma nkurɔfo hu sɛ yɛyɛ soronko. Bere a mmerante ne mmabaa bɛyɛ 15 pɔn Yehowa Adansefo nhyiam a wɔyɛe wɔ Toulouse, France no, wɔkɔɔ adidibea bi. Ná awarefo bi a wɔn ani afi a na wɔte ɔpon a ɛbɛn wɔn de ho no hwɛ kwan sɛ wɔbɛkasa gyegyeegye na wɔayɛ basabasa. Nanso, sɛnea mmabun a wɔasiesie wɔn ho fɛfɛɛfɛ yi yɛɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ na wɔbɔɔ nkɔmmɔ pa no maa awarefo no ani gyee wɔn ho. Bere a wowiei a wɔrekɔ no, awarefo no kamfoo wɔn wɔ suban pa a wɔdaa no adi no ho, na wɔka kyerɛɛ mmerante no biako sɛ nnipa ntaa nna suban pa a ɛte saa adi nnansa yi.

Ahɔho a wɔkɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea, baabi a wotintim nhoma, ne baabi a wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no te no ani taa gye sɛnea ɛhɔ tew no ho. Wɔhwehwɛ sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ na wɔte hɔ no horo wɔn ntaade na woguare daa. Yentumi mfa nnuhuam a yɛde siesie yɛn ho no nsi sɛnea ɛsɛ sɛ yedi yɛn nipadua ni no ananmu. Sɛ edu anwummere anaa dapɛn awiei na sɛ wɔn a wɔatu wɔn ho ama yi a wɔyɛ bere nyinaa asomfo redi wɔn afipamfo adanse a, wɔn ahosiesie a ɛho tew no nso ma wɔka wɔn som ho asɛm pa.

“Munsuasua Onyankopɔn”

Wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wonsuasua Onyankopɔn.’ (Efesofo 5:1) Odiyifo Yesaia kaa anisoadehu bi a onyae a na abɔfo reka sɛ Ɔbɔadeɛ no yɛ “Kronkron, kronkron, kronkron” no ho asɛm. (Yesaia 6:3) Eyi si so dua sɛ Onyankopɔn yɛ kronkron na ne ho tew korakora. Ɛno nti, Onyankopɔn hwehwɛ sɛ n’asomfo nyinaa yɛ kronkron na wɔn ho tew. Ɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.”—1 Petro 1:16.

Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ “wonsiesie wɔn ho sɛnea ɛfata.” (1 Timoteo 2:9, The New English Bible) Ɛnyɛ nwonwa sɛ adiyisɛm nhoma no ka sɛ, “nwera pa a ɛho tew hyɛnn” no gyina hɔ ma adetrenee a wɔn a Onyankopɔn bu wɔn sɛ wɔyɛ kronkron no yɛ. (Adiyisɛm 19:8) Nanso, Kyerɛwnsɛm no taa de nkekae anaa efĩ gyina hɔ ma bɔne.—Mmebusɛm 15:26; Yesaia 1:16; Yakobo 1:27.

Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii tete mmeae a ɛyɛ den sɛ wobedi wɔn ho ni wɔ honam fam, abrabɔ fam, ne honhom fam bere nyinaa. Sɛ Onyankopɔn ‘yɛ nneɛma nyinaa foforo’ a, ɔhaw yi nyinaa to betwa. (Adiyisɛm 21:5) Sɛ saa bɔhyɛ yi bam a, efĩ biara befi hɔ korakora.—w08 12/1-E.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Ɛnyɛ ne din ankasa ne no.

[Adaka wɔ kratafa 24]

Onyankopɔn Pɛ sɛ Yɛn ho Tew

Bere a Israelfo no nam sare so no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ sɛ wogya wɔn anan a wɔnhwɛ sɛ wɔbɛkata so. (Deuteronomium 23:12-14) Esiane sɛnea na nsraban no kɛse te nti, na eyi betumi ayɛ adwumaden, nanso ɛda adi sɛ ɛbɔɔ wɔn ho ban fii nyarewa te sɛ atiridii a emu yɛ den ne ayamtunini ho.

Wɔhyɛɛ mmara maa wɔn sɛ sɛ biribi ka funu a, wɔnhohoro ho anaa wɔnsɛe dekode no. Ɛwom sɛ ebia Israelfo no ante nea enti a wɔhyɛɛ mmara yi ase de, nanso eyi boae ma nsanyare ne nyarewa bi anyɛ wɔn.—Leviticus 11:32-38.

Ná ɛsɛ sɛ asɔfo no hohoro wɔn nsa ne wɔn anan ho ansa na wɔayɛ wɔn dwumadi wɔ ntamadan no mu. Ná nsu a wɔbɛsaw agu ɛsɛn a wɔde kɔbere ayɛ mu no bɛyɛ adwumaden ankasa, nanso na wɔn nsa ne wɔn anan ho a wɔbɛhohoro no yɛ ahyɛde.—Exodus 30:17-21.

[Adaka wɔ kratafa 25]

Nyansahyɛ a Oduruyɛfo Bi De Ma

Nsu ho hia na ama yɛatena nkwa mu, nanso nsu a mmoawammoawa wom betumi de yare ne owu aba. Bere a wobisabisaa J. Mbangue Lobe a ɔyɛ oduruyɛfo panyin wɔ ayaresabea bi a ɛwɔ po so hyɛn gyinabea a ɛwɔ Douala, Cameroon no nsɛm no, ɔde nyansahyɛ bi mae.

Ɔkae sɛ, “Sɛ wuntumi nhu sɛ wo nsu mu tew a, noa ansa na wanom.” Nanso ɔde kɔkɔbɔ yi mae: “Wubetumi de nnuru bi agu wo nsu mu ma ani atew de, nanso sɛ woanyɛ no yiye a, ebetumi adi awu. Sɛ worebedidi anaa wugya w’anan wie a, fa samina hohoro wo nsa bere nyinaa. Samina bo nyɛ den ahe biara, enti ahiafo mpo betumi atɔ bi. Horo wo nneɛma bere nyinaa, na sɛ wowɔ honam ani yare bi a, fa nsuhyew horo wo nneɛma no.”

Oduruyɛfo no toaa so sɛ: “Ɛsɛ sɛ abusua no mufo nyinaa di ofie no mu ne ɛho nyinaa ni. Wɔntaa nni agyananbea ne adekoradan mu ni ma enti ɛfrɛfrɛ ntɛfrɛw ne nwansena.” Bere a ɔde kɔkɔbɔ bi a ɛho hia rema mmofra no, ɔkae sɛ: “Monhwɛ yiye na moanguare wɔ asuten nketewaa a ɛwowɔ mo mpɔtam hɔ no mu. Mmoawammoawa a wodi awu ahyɛ mu ma. Munguare wɔ fie ansa na moakɔda anadwo, muntwitwiw mo sẽ yiye anadwo, na monna ntontonnan mu.” Nea eyi nyinaa kyerɛ ne sɛ wubedi kan ayɛ nhyehyɛe pa, na wode ayɛ adwuma, na amma woanyare.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Sɛ wusi wo nneɛma a, ɛboa ma wunnya honam ani yare ne nyarewa foforo

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Kristofo fi wɔn pɛ mu siesie baabi a wɔte

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Ɛna a odwen n’abusua ho betumi ayɛ pii de aboa ma wɔn ho atew