Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Yesu Kyerɛkyerɛe Wɔ Hell Ho?

Dɛn Na Yesu Kyerɛkyerɛe Wɔ Hell Ho?

Dɛn Na Yesu Kyerɛkyerɛe Wɔ Hell Ho?

Yesu kae sɛ, “Sɛ w’aniwa ma woyɛ bɔne a, tu! Eye ma wo sɛ wode ani koro bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu sen sɛ wowɔ aniwa abien na wɔde wo bɛto hell. Ɛhɔ mmoawa nwu da, na ogya no nnum da.”—MARKO 9:47, 48, Contemporary English Version.

Wɔ bere foforo mu no, Yesu kaa atemmu bere bi ho asɛm. Saa bere no na ɔbɛka akyerɛ abɔnefo sɛ: “Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu.” Ɔkae nso sɛ eyinom “benya daa asotwe.”—MATEO 25:41, 46, The New American Bible.

SƐ W’ANI bɔ Yesu asɛm yi so bere a edi kan a, ebia wobɛka sɛ Yesu rekyerɛkyerɛ sɛ hellgya wɔ hɔ. Nanso ɛda adi sɛ, na ɛnyɛ sɛ Yesu reka nsɛm a ɛne nea Onyankopɔn Asɛm aka sɛ “Awufo nnim biribiara bio” no bɔ abira.—Ɔsɛnkafo 9:5, NAB.

Ɛnde dɛn ho asɛm na na Yesu reka bere a ɔkae sɛ wɔde obi “bɛto hell” no? So “daa ogya” a Yesu kaa ho asɛm no yɛ ogya ankasa anaa sɛnkyerɛnne kwan so de? Dɛn na “daa asotwe” a wɔde bɛba abɔnefo so no kyerɛ? Ma yensusuw nsɛmmisa yi ho mmiako mmiako.

Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ wɔde obi “bɛto hell” no? Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “hell” wɔ Marko 9:47 no ne Geʹen·na. Woyii asɛmfua yi fii Hebri asɛmfua Geh Hin·nomʹ, a ɛkyerɛ “Hinom Bon” no mu. Ná Hinom Bon no wɔ tete Yerusalem kurotia. Wɔ Israel ahemfo no nna no mu no, na ɛyɛ baabi a wɔde mmofra bɔ afɔre—akyide a na Onyankopɔn kasa tia. Onyankopɔn kae sɛ ɔbɛsɛe nnipa a wɔde wɔn ho hyɛ atoro som nneyɛe yi mu no. Ná wɔbɛfrɛ Hinom Bon no, “okum bon,” baabi a wɔrensie “ɔman yi afunu.” (Yeremia 7:30-34, King James Version) Enti Yehowa kae sɛ Hinom Bon no renyɛ beae a wɔbɛyɛ nnipa ayayade, na mmom ɛbɛyɛ beae a wɔtow afunu gu.

Wɔ Yesu nna no mu no, na Yerusalemfo no de Hinom Bon no ayɛ sumina. Ná wɔtow nsɛmmɔnedifo binom afunu gu sumina yi so, na na ogya wɔ sumina no so a ɛhyew nwura ne afunu bere nyinaa.

Bere a Yesu kaa mmoawa a wonwu ne ogya a ɛrennum da ho asɛm no, ɛda adi sɛ na ɔretwe adwene asi Yesaia 66:24 so. Ɛdefa “nnipa a wɔatõ [Onyankopɔn] mmara no afunu” ho no, Yesaia kae sɛ, “wɔn mu mmoaa renwu da, na wɔn gya nso rennum da.” (KJ) Ná Yesu ne n’atiefo no nim sɛ nsɛm a ɛwɔ Yesaia nhoma yi mu no fa sɛnea na wɔyɛ nnipa a wɔmfata sɛ wosie wɔn no afunu ho.

Enti Yesu de Hinom Bon anaa Gehenna dii dwuma sɛnkyerɛnne kwan so sɛ owu a owusɔre ho anidaso biara nnim ma ɛfatae. Ɔmaa asɛm yi mu daa hɔ fann bere a ɔkae sɛ Onyankopɔn ‘betumi asɛe ɔkra ne ɔhonam wɔ Gehenna’ no. (Mateo 10:28, NAB) Gehenna yɛ owu a owusɔre biara nnim ho sɛnkyerɛnne, na ɛnyɛ baabi a wɔyɛ nkurɔfo ayayade daa.

So “daa ogya” a Yesu kaa ho asɛm no yɛ ogya ankasa anaa sɛnkyerɛnne kwan so de? Hyɛ no nsow sɛ wosiesiee “daa ogya” a Yesu kaa ho asɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 25:41 no maa “ɔbonsam ne n’abɔfo no.” Wususuw sɛ ogya ankasa betumi ahyew honhom abɔde? Anaasɛ Yesu de “ogya” dii dwuma wɔ sɛnkyerɛnne kwan so? Nokwarem no, “nguanten” ne “mpapo” a ɔkaa ho asɛm wɔ asɛm koro no ara mu no nyɛ nguanten ne mpapo ankasa; ɛyɛ mfatoho a egyina hɔ ma nnipakuw abien. (Mateo 25:32, 33) Daa ogya a Yesu kaa ho asɛm no hyew abɔnefo no korakora wɔ sɛnkyerɛnne kwan so.

Sɛ́ abɔnefo “benya daa asotwe” no kyerɛ dɛn? Ɛwom sɛ Bible nkyerɛase pii de asɛmfua “asotwe” na edi dwuma wɔ Mateo 25:46 de, nanso nea Hela asɛmfua koʹla·sin kyerɛ ankasa ne sɛ “wotwitwa nnua so,” anaasɛ wogyam nnua ho. Enti bere a nnipa a wɔte sɛ nguanten no nya daa nkwa no, nnipa a wɔte sɛ mpapo a wɔnkyerɛ ahonu no benya “daa asotwe,” kyerɛ sɛ wobetwa wɔn afi nkwa mu koraa.

Wudwen ho Dɛn?

Yesu ankyerɛkyerɛ da sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da. Mmom no, na ɔtaa kyerɛkyerɛ sɛ awufo benya owusɔre. (Luka 14:13, 14; Yohane 5:25-29; 11:25) Sɛ na Yesu gye di sɛ awufo akra nwui a, dɛn nti na ɔkae sɛ wobenyan wɔn?

Yesu ankyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛyɛ abɔnefo ayayade daa atirimɔden so. Mmom Yesu kae sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16, NAB) Dɛn nti na Yesu bɛka biribi a ɛkyerɛ sɛ wɔn a wonnye no nni no bewu? Sɛ na ɔrekyerɛ sɛ wɔbɛtena nkwa mu daa ahu amane wɔ hellgya mu a, so anka ɔrenka saa?

Nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ hell yɛ beae a wɔyɛ nkurɔfo ayayade no nnyina Bible so. Mmom no, ɛyɛ abosonsomfo gyidi a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ Kristofo nkyerɛkyerɛ. (Hwɛ adaka  “Hell ho Abakɔsɛm Tiawa,” wɔ kratafa 6.) Dabi, Onyankopɔn nyɛ nkurɔfo ayayade daa wɔ hell. Hell ho nokwasɛm a wubehu no bɛka adwene a wowɔ wɔ Onyankopɔn ho no dɛn?—w08 11/1-E.

[Adaka wɔ kratafa 6]

 HELL HO ABAKƆSƐM TIAWA

GYIDI A EFI ABOSONSOM MU: Ná tete Egyptfo gye di sɛ hellgya wɔ hɔ. Nhoma bi a wotintim no afe 1375 ansa na wɔrewo Yesu no ka wɔn a “wɔbɛtow wɔn agu amoa a ogya dɛw mu; na . . . wɔrentumi mfi mu mfi, na . . . wɔrentumi nguan mfi ogyaframa no mu” ho asɛm. (The Book Ȧm-Ṭuat) Hela nyansapɛfo Plutarch (ɔtenaa ase wɔ bɛyɛ afe 46 kosi 120 wɔ Yesu awo akyi) kyerɛw wɔn a wɔwɔ asase ase no ho asɛm sɛ: “[Wɔde] ɛnne kɛse bɔɔ bena bere a wɔyɛɛ wɔn ayakayakade a ɛyɛ aniwu no.”

ƐTRƐW KƆƆ YUDASOM MU: Abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus (ɔtenaa ase wɔ bɛyɛ afe 37 kosi afe 100 wɔ Yesu awo akyi) kae sɛ, na Yudasom mu fekuw bi a wɔfrɛ wɔn Essenes gye di sɛ “akra nwu da, na wɔkɔ so tena ase daa.” Ɔtoaa so sɛ: “Eyi ne adwene a na Helafo kura no hyia . . . Ná wosusuw sɛ wɔaka akra a wɔyɛ bɔne no ahyɛ tebea bi a ɛyɛ sum na ɛyɛ hu mu, na wɔyɛ wɔn ayayade daa.”

WƆN A WƆKYERƐ SƐ WƆYƐ KRISTOFO NSO GYE DII: Wɔ afeha a ɛto so abien wɔ Yesu wu akyi mu no, anansesɛm nhoma bi kaa abɔnefo ho asɛm sɛ: “Wɔasiesie ogya a ennum da ama wɔn.” (Apocalypse of Peter) Ɛsan kae sɛ: “Ezrael, ɔbɔfo a ɔyɛ ade abufuw so no de mmarima ne mmea a wɔn fã rehyew bɛba na ɔde wɔn akogu sum kabii, nnipa hell mu; na honhom abɔde bi a ɔyɛ ade abufuw so no atwe wɔn aso.” Saa bere no ara mu no, ɔkyerɛwfo Theophilus a ofi Antiokia no faa Helani odiyifobea, Sibyl nkɔm a ɔhyɛe sɛ wɔbɛtwe abɔnefo aso no nsɛm kae sɛ: “Wɔde ogya a ɛredɛw bɛba mo so, na mobɛhyew wɔ ogya mu daa daa.” Eyinom ka nsɛm a Theophilus kyerɛ sɛ “ɛyɛ nokware, ɛteɛ, na nnipa nyinaa benya so mfaso” no ho.

WOGYINAA HELLGYA SO KAE SƐ MFOMSO NNI AWUDISƐM A ƐKƆƆ SO WƆ YESU AWO AKYI NO HO: Wɔkyerɛ sɛ England hemmaa Mary I, (odii ade afe 1553 kosi 1558) a wɔtoo no din sɛ “Mogya Mary,” a ɔbɔɔ Protestantfo bɛyɛ 300 duam hyew wɔn no kae sɛ: “Esiane sɛ wɔbɛyɛ awaefo ayayade daa wɔ hell nti, ɛfata paa sɛ mehyew eyinom wɔ asase so ha de suasua Onyankopɔn aweredi.”

NKYERƐKYERƐMU A WƆDE AMA NNANSA YI: Nnansa yi, asɔre ahorow bi ayɛ nsakrae wɔ sɛnea wɔkyerɛkyerɛ hell mu no mu. Sɛ nhwɛso no, Anglikan Asɔre no Nkyerɛkyerɛ Bagua no kae wɔ afe 1995 mu sɛ: “Hell nyɛ beae a wɔyɛ ayayade daa, na mmom ɛyɛ baabi a wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn no kɔ a wɔnsan mma bio, a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛyera koraa.”

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 7]

DƐN NE “OGYA TARE NO”?

Adiyisɛm 20:10 ka sɛ wɔbɛtow Ɔbonsam ato “ogya tare” no mu na “wɔbɛyɛ no ayayade awia ne anadwo daa daa.” (King James Version) Sɛ anka wɔbɛyɛ Ɔbonsam ayayade daa a, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛkora ne nkwa so, nanso Bible ka sɛ Yesu “bɛsɛe no.” (Hebrifo 2:14, KJ) Sɛnkyerɛnne kwan so ogya tare no gyina hɔ ma “owuprenu.” (Adiyisɛm 21:8) Eyi nyɛ owu a wodii kan kaa ho asɛm wɔ Bible mu—owu a efi Adam bɔne—a obi betumi anya owusɔre afi mu no. (1 Korintofo 15:21, 22) Esiane sɛ Bible nka sɛ “ogya tare” no beyi wɔn a wɔwɔ mu ama nti, “owuprenu no” bɛkyerɛ ade foforo, owu a obi ntumi nya owusɔre.

Sɛ wɔka sɛ wɔbɛyɛ wɔn a wɔwɔ “ogya tare” no mu ayayade daa a, ɛkyerɛ dɛn? Ɛtɔ mmere bi a, sɛ wɔka sɛ “wɔyɛ obi ayayade” a, ebetumi akyerɛ sɛ “wɔresiw no kwan.” Bere bi a Yesu hyiaa adaemone no, wɔteɛɛm sɛ: “Wobaa ha sɛ wobɛyɛ yɛn ayayade [worebesiw yɛn kwan wɔ amoa mu] ansa na bere no adu anaa?” (Mateo 8:29; Luka 8:30, 31; KJ) Enti wɔbɛyɛ wɔn a wɔwɔ “ogya tare” no mu nyinaa “ayayade,” kyerɛ sɛ wobesiw wɔn kwan daa, anaa wobewu “owuprenu.”