Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Da a Oyii Abomu Tuntum no Guu Hɔ

Da a Oyii Abomu Tuntum no Guu Hɔ

Krataa a Efi Ghana

Da a Oyii Abomu Tuntum no Guu Hɔ

MAMFA saa ansusuw no. Ná ɔhyɛ atade tenten fitaa, abomu tuntum bɔ ne mu denneennen, na w’apoma twɛre gyina hɔ te sɛ obi a ɔrebɛko. Ná ɔnhyɛ mpaboa na na watrɛtrɛw n’anan mu. Ná wamuna ma n’ani akeka kɔ mu ama n’anim ayɛ hu, na wayeyere denneennen te sɛ obi a ne tirim yɛ den.

Prɛko pɛ, ɔteɛɛm, na otuu ne nan. Ɔtow ne nsa faa wim. Obuu ntaboo bi mu abien pen ma ɛtɔɔ fam. Ɔsan huruw tow ne nsa ne ne nan bio, na saa bere yi de ɔdannan ne nsa ne ne nan wɔ wim a na wayɛ krado sɛ ɔde rebɛbɔ nea ɔne no redi asi a wabɔ hu no. Enti onipa yi na ose yɛne no mmesua Bible no?

Mebɛn no, na meteɛɛ me nsa kyeaa no. “Ɛbɛyɛ sɛ wo na wɔfrɛ wo Kojo no. Mate sɛ wopɛ sɛ wusua Bible no.” Osoo me nsam na ɔde anigye ne animtew serewee. Afei na n’anim nyɛ hu bio, na mmom n’anim kyerɛ sɛ ɔrepɛ biribi ahu. Ɔkae sɛ, “Yiw, m’ani begye ho paa. Bere bɛn na yebefi ase?”

Yɛtenaa abrannaa ketewa bi a ɛwɔ ne fie so a yekurakura yɛn Bible ne nhoma a yɛde sua Bible no. Ná ɛhɔ dwo, ɛhɔ yɛ komm, na yɛn nkutoo na na yɛwɔ hɔ. Ná yɛyɛ baasa na yɛwɔ hɔ: Kojo, me, ne n’asoroboa ketewa bi. Asoroboa no sua, ne tiri so nhwi yɛ kɔkɔɔ, ɔwɔ nhwi fitaa wɔ n’abogye a ɛma ne ho yɛ anika, na wohwɛ n’anim a ɔbɛpɛ nsɛmmɔne. Ne ho yɛ fɛ, ɔpɛ agoru, ɔpɛ asɛm paa, ɔkɔ baabiara a ɔpɛ, otiatia yɛn nkrataa so, ohwim yɛn pɛn, na ɔde ne nsa nketenkete no hyehyɛ yɛn ntade kotoku mu hwehwɛ sɛ obenya biribi anaa. Sɛnea sɛ mmofra yɛ dede na wɔyɛ peterepetere a ɛnhaw awofo no, saa ara na na Kojo bu n’ani gu nea asoroboa no yɛ nyinaa so de n’adwene si adesua no so. Nsɛm pii a obisae no ma mihu sɛ ɔresusuw nsɛm ho na ɔpɛ sɛ ohu biribi. Ebia karate a wasua no nti, ɔyɛ ahwɛyiye na onnye biribiara nni kɛkɛ gye sɛ wufi Kyerɛwnsɛm mu kyerɛkyerɛ no mu.

Yɛn adesua no kɔɔ so yiye. Nanso bere bi akyi no, mihui sɛ biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛrehaw no paa. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Ade a m’ani gye ho paa wɔ wiase ara ne karate.” Mihui sɛ n’ani gye ntɔkwaw ho paa. Ná ɔde ne bere nyinaa asua akwadare mu. Ɛwom sɛ na wadi mfe 26 pɛ de, nanso na n’ani gye karate ho paa, ma enti na onim bɔ yiye. Wayɛ ara ma wanya abasobɔde a ɛma ɔbɔ abomu tuntum, a ɛyɛ dibea a nnipa kakra bi pɛ na wotumi nya.

Minnim gyinae a Kojo besi wɔ karate a ɔbɔ no ho. Mehwɛ a ohu sɛ sɛ́ obi a ɔbɔ karate no, ne nsa ne ne nan a ɔde bɛboro afoforo ne ayamhyehye, tema, ne ɔdɔ a nokware Kristofo wɔ a ɛkyerɛ sɛ wodwen afoforo ho no nhyia. Nanso minim sɛ Bible mu nokware ama nnipa a na wɔn tirim yɛ den sen no mpo asakra. Sɛ Kojo wɔ koma pa a, nkakrankakra tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no bɛsakra no. Enti ɛsɛ sɛ minya ne ho abotare.

Awia ketee bi a na yɛrebewie yɛn adesua no, yɛkenkan kyerɛwsɛm bi a ɛpem Kojo te sɛ twɛre a ne yɔnko a ɔne no rebɔ karate de abɔ no. Ɔkenkan sɛ: “Yehowa na ɔpɛɛpɛɛ ɔtreneeni ne ɔdebɔneyɛfo mu, na obiara a n’ani gye awudisɛm ho no, Ne kra kyi no koraa.” (Dwom 11:5) Ɔsan tɔɔ ne bo ase tĩĩ mu sɛ, “Obiara a n’ani gye awudisɛm ho.” Afei ɔtew n’anim a ɛyɛ hu a kan wohwɛ a ɛnhwɛ no. Ɔhwɛɛ m’anim dinn na ɔserewee. Afei ɔkae sɛ, “M’asi gyinae.”

Ɛnnɛ, me ne Kojo nyinaa reyɛ adwuma a yɛn ani gye ho paa—yɛatu yɛn ho ama rekyerɛkyerɛ nkurɔfo a wobetie yɛn no Bible, a wontua hwee. Anɔpa yi yɛrekɔ akɔsra ɔbarima bi a wɔfrɛ no Luke.

Bere a yɛrekɔ Luke fie no, yɛfaa gua so kwan a nnipa pii nam so a ɛso kyere no so. Yehuu sotɔɔ pii ne aguadifo a wɔasiesie wɔn nneɛma wɔ kwan ho: mako bun ne nea abere, tomantosi a abere a ɛwɔ nkɛntɛn mu, nkuruma a wɔaboaboa, radio, kyinii, samina, mmea wig, nkyɛnsee, ne ntade ne mpaboa dedaw. Mmea soso aduan a ɛyɛ dɛ wɔ nkyɛnsee akɛse mu retɔn. Wɔde nkwan ne forɔe a ɛyɛ dɛ a nsumnam a wɔahow, kɔtɔ, ne nnwaw wom nenam nnipa no mu ma etu fa wɔn so. Nkraman, mpɔnkye, ne nkokɔ a wɔreyɛ dede nso nenam nnipa no mu. Radio, kar abɛn, ne nnipa nso reyɛ dede wɔ hɔ.

Yɛkɔfaa mfutukwan a ɛda gua no akyi no so, na yekoduu ɔdan dedaw bi a wɔakyerɛw ho sɛ: “Long Journey Spot” anim. Yɛkɔtoo Luke a wadi bɛyɛ mfe 22 sɛ ogyina ɔdan no ano, na ɔma yefii owia no mu kɔtenaa onwini mu. Ná wɔde nhabamma a awo ne nnua nhin a egu bag ne nnaka mu, nhabamma a wɔde ahama akyekyere, ne dubona akɛse ahyɛ ɔdan no mu mã—ne nyinaa yɛ Luke maame nuabea bi a ɔyɛ nhabannuru dea. Ɔde nimdeɛ a wanya afi ne nananom hɔ na ɛfrafra nnuru a wɔhyɛ da siw hyɛ no dudo no, na wɔkyerɛ sɛ etumi sa yare biara. Ná Luke rehwɛ yɛn kwan. Wapia nnuru a na ayɛ hɔ basaa no agu nkyɛn na ɔde nkongua abiɛsa asisi hɔ. Yɛtena bɛn ho na yefii Bible adesua no ase.

Kojo na na ɔrekyerɛkyerɛ Luke Bible no. Metenaa ase tiee mmerante baanu no bere a wɔresusuw nea Bible ka fa nea enti a amanehunu pii wɔ asase so ho no. Bere a Kojo reboa Luke ma wabue kyerɛwsɛm bi no, mehwɛɛ sɛnea ɔde ne nsa a ahoɔden wom no rebue Bible nkrataa a emu yɛ hare no. Eyi ma mekaee biribi. Ɛnkyɛe koraa, ná ɔde nsa koro yi ara ko ntɔkwaw. Tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no tumi yi subammɔne a agye ntini wɔ nnipa pii mu wɔ wiase bɔne yi mu no fi wɔn mu, na ɛma wonya suban pa te sɛ ayamhyehye ne ɔdɔ. Eyi yɛ ade kɛse paa.

Bere a yɛresan akɔ fie no, yɛne ɔbarima bi a ɔte mango dua bi ase kasae. Ɔbarima no tiee Kojo dinn bere a obuee Bible kenkan kyerɛwsɛm bi no. Bere a ohui sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo no, ɔsɔre gyinaa hɔ na ɔde abufuw kae sɛ: “Mo saa nkurɔfo yi, mempɛ mo asɛm!” Ɛhɔ ara na Kojo bo fii ase fuwii. Afei ɔhyɛɛ ne ho so na ogyaw ɔbarima no hɔ, na yefii hɔ kɔe.

Bere a yɛnam kwan so rekɔ no, Kojo bɛn me ka guu m’asom sɛ: “Bere a ɔbarima no kaa saa no, me koma bɔe paa. Wunim nea anka metumi ayɛ no?” Meserew kae sɛ, “Minim.” Ɔno nso serew kyerɛɛ me na yɛtoaa so kɔɔ yɛn kwan.—w08 12/1-E.