Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Gyidi A Atrɛw

Gyidi A Atrɛw

Gyidi A Atrɛw

“Ná metaa sõsõ dae hu sɛ wɔrehyew me wɔ hell! Wɔ dae no mu no, na mihu sɛ wɔretow me ato ogya mu, na m’ani bɛtew no, na mereteɛteɛm. Eyinom nyinaa nti, mebɔɔ mmɔden sɛ merenyɛ bɔne.”—Arline.

WUGYE di sɛ hell yɛ beae bi a wɔasiesie sɛ wɔde bɛyɛ abɔnefo ayayade? Nnipa pii gye di saa. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 2005 mu no, nhomanimfo bi a ɔwɔ St. Andrews Sukuupɔn mu wɔ Scotland no yɛɛ asɔfo dodow bi mu nhwehwɛmu wɔ Scotland hui sɛ wɔn mu nkyem abiɛsa mu biako gye di sɛ wɔn a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no “ho bɛyeraw wɔn daa wɔ hell.” Wɔn mu nkyem anum mu biako gye di sɛ wɔbɛyɛ wɔn a wɔwɔ hell no ayayade.

Wɔ aman pii so no, nnipa dodow no ara gye di sɛ hell wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 2007 mu no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States no ma ɛdaa adi sɛ nnipa a wɔyɛɛ wɔn mu nhwehwɛmu no mu ɔha mu nkyem 70 gye di sɛ hell wɔ hɔ. Wɔ aman a nnipa dodow no ara ani nnye nyamesom ho kɛse mpo mu no, wogye di sɛ hell wɔ hɔ. Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Canada wɔ afe 2004 mu no, wohui sɛ nnipa no mu ɔha mu nkyem 42 gye di sɛ hell wɔ hɔ. Na wɔ Britain nso, na nnipa no mu ɔha mu nkyem 32 gye di paa sɛ hell wɔ hɔ.

Nea Asɔfo no Kyerɛkyerɛ

Asɔfo no mu dodow no ara nkyerɛkyerɛ bio sɛ hell yɛ beae a ogya wɔ a wɔyɛ nkurɔfo ayayade. Mmom no, wɔkyerɛkyerɛ biribi a ɛne nsɛm a ɛwɔ Katolekfo gyidikasɛm nhoma bi a wotintim no afe 1994 mu no hyia. Nhoma no ka sɛ, “Asotwe a emu yɛ den paa a ɛwɔ hell ne sɛ wɔbɛtew obi afi Onyankopɔn ho daa.”—Catechism of the Catholic Church.

Ɛno mpo no, nnipa pii da so ara gye di sɛ hell yɛ beae a nkurɔfo ho yeraw wɔn daa anaa wɔyɛ wɔn ayayade. Wɔn a wogye saa nkyerɛkyerɛ yi tom no kyerɛ sɛ nkyerɛkyerɛ a ɛte saa no gyina Bible so. R. Albert Mohler a ɔyɛ Southern Baptist Asɔfo Sukuu no titenani no ka sɛ: “Ɛyɛ nokwasɛm a egyina Kyerɛwnsɛm so.”

Dɛn Nti na Nea Wugye Di no Ho Hia?

Sɛ hell yɛ beae a wɔyɛ nkurɔfo ayayade ampa a, ɛnde na ɛsɛ sɛ wusuro. Nanso sɛ nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nokware a, ɛnde na ɔsom mu akannifo a wɔkyerɛkyerɛ saa no ma nkurɔfo adwene tu fra na wɔde dadwen hunu to wɔn a wogye di no so. Afei nso, wɔsɛe Onyankopɔn din.

Dɛn na Onyankopɔn Asɛm, Bible no ka fa asɛm yi ho? Nsɛm a edi hɔ no de Katolekfo ne Protestanfo Bible nkyerɛase ahorow bedi dwuma de abua nsɛmmisa abiɛsa yi: (1) Sɛ onipa wu a, tebea bɛn mu na ɔkɔ ankasa? (2) Dɛn na Yesu kyerɛkyerɛe wɔ hell ho? (3) Hell ho nokwasɛm a wubehu no bɛka wo dɛn?—w08 11/1-E.