Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wubetumi Ayɛ Agya Pa

Sɛnea Wubetumi Ayɛ Agya Pa

Sɛnea Wubetumi Ayɛ Agya Pa

“Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na wɔn abam ammu.” —Kolosefo 3:21, The Holy Bible—New International Version.

DƐN na sɛ agya bi yɛ a, ɛremma ne mma bo mfuw? Ɛho hia paa sɛ agya hu hia a ehia sɛ odi n’asɛyɛde ho dwuma. Nsɛmma nhoma bi a ɛka adwenemyare ho asɛm ka sɛ: “Agya asɛyɛde yɛ adwuma soronko a ɛnna fam a etumi nya mmofra nkate ne wɔn adwene so tumi kɛse.”

Dɛn ne agya asɛyɛde? Wɔ mmusua pii mu no, wobu agya no sɛ ɔno titiriw na ɛsɛ sɛ ɔde nteɛso anaa asotwe ma. Ɛnanom pii taa ka kyerɛ wɔn mma a wɔn aso yɛ den no sɛ, ‘Wo de twɛn, wo papa bɛba abɛto wo!’ Nokwarem no, sɛ mmofra betumi anyin abɛyɛ mpanyin pa a, ehia sɛ wɔn awofo de wɔn nan si fam de nteɛso a ɛfata ma wɔn. Nanso, agya pa a obi bɛyɛ no hwehwɛ pii sen saa.

Awerɛhosɛm ne sɛ ɛnyɛ agyanom nyinaa na wonyaa obi a ɔyɛ nhwɛso pa a wobetumi asuasua no. Agyanom binom wɔ hɔ a wɔn maamenom nkutoo na ɛtetee wɔn. Nanso, mmarima binom fam no, esiane sɛ na wɔn agyanom yɛ katee na wɔn tirim yɛ den nti, ebetumi ama wɔne wɔn mma nso adi no saa ara. Ɛbɛyɛ dɛn na agya a ɔte saa no asesa saa su no na wabɛyɛ agya pa?

Baabi wɔ hɔ a agyanom betumi anya afotu pa a ɛbɛboa wɔn ma wɔadi wɔn asɛyɛde ho dwuma yiye. Bible no de abusua asetena ho afotu a ɛsen biara ma. Emu afotu no nyɛ nsusuwii hunu ara kwa; na saa ara na emu akwankyerɛ nso mpira yɛn. Bible no mu afotu da ne Kyerɛwfo, Yehowa Nyankopɔn a ɔhyehyɛɛ abusua no nyansa adi. (Efesofo 3:14, 15) Sɛ woyɛ agya a, ɛbɛyɛ papa sɛ wususuw nea Bible ka fa abayɛn ho no ho. *

Agya pa a obi bɛyɛ no hwehwɛ sɛ ɔboa mmofra no wɔ honam fam ne nkate fam, na saa ara nso na ɛhwehwɛ sɛ ɔboa wɔn ma wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu yɛ den. Ebetumi ayɛ mmerɛw ama abofra a ɔne n’agya wɔ abusuabɔ pa no sɛ ɔne Onyankopɔn benya abusuabɔ a emu yɛ den. Sɛnea Bible kyerɛ no, Yehowa, yɛn Bɔfo no, yɛ yɛn Agya. (Yesaia 64:8) Afei ma yensusuw nneɛma asia a mmofra hia fi wɔn agyanom hɔ no ho. Wɔ emu biara mu no, yebesusuw sɛnea sɛ agyanom de Bible mu nnyinasosɛm di dwuma a, ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi de nea wɔn mma hia ama wɔn no ho.

1 Mmofra Hia sɛ Wɔn Agyanom Dɔ Wɔn

Yehowa yɛ nhwɛso pa ma agyanom. Bible ka sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ Yesu, n’Abakan no ho sɛ: “Agya no dɔ Ɔba no.” (Yohane 3:35; Kolosefo 1:15) Yehowa daa ɔdɔ a ɔwɔ ma ne Ba no, ne sɛnea n’ani sɔ no no adi mpɛn pii. Bere a wɔbɔɔ Yesu asu no, Yehowa fi soro kae sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.” (Luka 3:22) Yesu adwenem anyɛ no nãã wɔ ɔdɔ a n’Agya wɔ ma no no ho da. Dɛn na agyanom betumi asua afi Onyankopɔn nhwɛso yi mu?

Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛka akyerɛ wo mma sɛ wodɔ wɔn. Kelvin, agya bi a ɔwɔ mma baanum no ka sɛ: “Mebɔ mmɔden bere nyinaa sɛ mɛka akyerɛ me mma sɛ medɔ wɔn, na saa ara nso na mekyerɛ wɔn mu biara ho anigye. Ná meboa ma wɔsesa mmofra no ho, na na meguare wɔn nso.” Bio nso, ɛsɛ sɛ wo mma hu sɛ w’ani gye wɔn ho. Enti ɛnsɛ sɛ woyɛ katee dodo a bere biara wotwe wɔn adwene si wɔn mfomso so. Mmom no, taa kamfo wɔn. Donizete, a ɔwɔ mmabea baanu a wonnya nnii mfe 20 no ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ bere nyinaa agya hwehwɛ nea obegyina so akamfo ne mma.” Sɛ wo mma hu sɛ w’ani gye wɔn ho a, ebetumi aboa wɔn ma wɔahu sɛ wɔsom bo. Na ɛno nso betumi ama wɔabɛn Onyankopɔn kɛse.

2 Mmofra Hia Nhwɛso Pa

Sɛnea Yohane 5:19 ka no, nea Yesu ‘hu sɛ Agya no yɛ’ nkutoo na ɔno nso yɛ. Hyɛ no nsow sɛ, kyerɛwsɛm no ka sɛ, nea Yesu hui sɛ n’Agya “yɛ” nkutoo na ɔyɛe. Saa ara na mmofra taa yɛ. Sɛ nhwɛso no, sɛ agya bi ne ne yere di wɔ obu ne nidi mu a, ebetumi aboa ma sɛ ne babarima nso nyin a, ɔne mmea adi no saa ara. Ɛnyɛ mmarimaa nkutoo na wɔn agya nhwɛso betumi anya wɔn so tumi, na mmom, ebetumi anya sɛnea mmeawa no nso bebu mmarima no so tumi.

So ɛyɛ den ma wo mma sɛ wɔbɛpa kyɛw? Ɛha nso, wo nhwɛso ho hia. Kelvin ka sɛnea bere bi ne mma mmarima baanu sɛee afiri a ne bo yɛ den a ɔde twa mfonini no ho asɛm. Ɔkyerɛ sɛ ne bo fuwii araa ma ɔde ne nsa bɔɔ ɔpon bi so ma emu paee abien. Ɛno akyi no, nea Kelvin yɛe no haw no paa ma ɔpaa wɔn nyinaa, a ne yere nso ka ho kyɛw. Ɔte nka sɛ kyɛw a ɔpae no nyaa ne mma no so nkɛntɛnso pa; sɛ wodi mfomso a, ɛnyɛ wɔn den sɛ wɔbɛpa kyɛw.

3 Mmofra Hia Abusua a Anigye Wom

Yehowa yɛ “anigye Nyankopɔn.” (1 Timoteo 1:11) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ na ne Ba Yesu Kristo ani gye ho sɛ ɔne n’Agya wɔ hɔ. Mmebusɛm 8:30 ka abusuabɔ a na ɛda Yesu ne n’Agya ntam ho asɛm sɛ: “Ná mewɔ [Agya no] nkyɛn sɛ odwumayɛni a ne ho akokwaw, . . . na m’ani gyee [“midi ahurusi,” NIV] n’anim daa.” Abusuabɔ a ɛyɛ anigye a ɛda Agya ne Ɔba ntam bɛn ara ni!

Wo mma hia abusua a anigye wom. Sɛ wugye bere ne wo mma di agoru a, ebetumi aboa wɔn ma wɔatumi anya anigye a ɛte saa. Sɛ awofo ne wɔn mma di agoru a, ɛma wɔn ntam abusuabɔ mu yɛ den. Felix gye saa asɛm no tom. Ɔwɔ ba a onya nnii mfe 20, na ɔka sɛ: “Bere a migye ne me ba no de di agoru no aboa paa ma me ne no ntam ayɛ papa. Yedi agoru bom, yɛne nnamfo bɔ fekuw, na yɛkɔhwehwɛ mmeae a ɛyɛ fɛ. Eyi ahyɛ biakoyɛ a ɛwɔ yɛn abusua no mu den.”

4 Mmofra Hia sɛ Wɔkyerɛkyerɛ Wɔn Onyankopɔn ho Ade

Yesu Papa na ɔkyerɛɛ no ade. Eyi nti Yesu tumi kae sɛ: “Nea mete fii [Agya no] nkyɛn no ara na mereka wɔ wiase.” (Yohane 8:26) Wɔ Onyankopɔn ani so no, ɛyɛ agya no asɛyɛde sɛ ɔkyerɛ ne mma no nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ne abrabɔ pa ho. Sɛ́ agya no, w’asɛyɛde biako ne sɛ wode trenee nnyinasosɛm bedua wo mma koma mu. Ɛsɛ sɛ ntetee a ɛte saa no fi ase wɔ mmofraase pɛɛ. (2 Timoteo 3:14, 15) Felix fii ase kenkan Bible mu nsɛm kyerɛɛ ne ba bere a na ɔyɛ akokoaa no. Ná Felix de mfonini a ɛyɛ fɛ ne nsɛm a ɛyɛ dɛ te sɛ nea ɛwɔ Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm * mu no na edi dwuma. Bere a Felix babarima no renyin no, na ɔhwɛ mfe a wadi so paw nhoma a egyina Bible so ne abofra no sua.

Donizete ka sɛ: “Ɛyɛ den paa sɛ wobɛma abusua Bible adesua ayɛ anigye. Ɛho hia sɛ awofo kyerɛ Onyankopɔn som ho anisɔ, efisɛ sɛ wɔka asɛm bi na wɔn ankasa amfa anyɛ adwuma a, mmofra no hu no ntɛm ara.” Carlos a ɔwɔ mmabarima baasa no ka sɛ: “Yehyiam naawɔtwe biara susuw abusua no ahiade ho. Abusua no muni biara nya hokwan paw nea yebesusuw ho.” Bere biara na Kelvin bɔ mmɔden sɛ ɔbɛka Onyankopɔn ho asɛm akyerɛ ne mma wɔ baabiara a wɔwɔ ne nea wɔreyɛ biara mu. Eyi ma yɛkae Mose nsɛm yi: “Ma asɛm a mereka akyerɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa dua wo ba komam na ka ho asɛm bere a wote wo fie, bere a wonam kwan so, bere a woda hɔ, ne bere a woasɔre.”—Deuteronomium 6:6, 7.

5 Mmofra Hia Nteɛso

Mmofra hia nteɛso sɛnea ɛbɛyɛ a wobenyin abɛyɛ mpanyin pa. Awofo binom susuw sɛ nea nteɛso a wɔde bɛma wɔn mma no hwehwɛ ara ne sɛ wobedwoodwoo wɔn, ahunahuna wɔn, anaasɛ wɔbɛsopa wɔn. Nanso, Bible nka sɛ ɛsɛ sɛ awofo teɛ wɔn mma so atirimɔden so. Mmom no, ɛsɛ sɛ awofo teɛ wɔn mma so wɔ ɔdɔ mu de suasua Yehowa. (Hebrifo 12:4-11) Bible ka sɛ: “Agyanom, monnhyɛ mo mma ahometew, na mmom monkɔ so ntete wɔn Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.”—Efesofo 6:4.

Ɛtɔ mmere bi a, ɛho behia sɛ wɔtwe mmofra aso. Nanso, ɛsɛ sɛ abofra hu nea nti a wɔretwe n’aso. Ɛnsɛ sɛ nteɛso ma abofra te nka sɛ n’awofo mpɛ n’asɛm. Bible mpene so sɛ wɔbɛhwe mmofra atra so ma ebi mpo a, wɔapira. (Mmebusɛm 16:32) Kelvin ka sɛ: “Sɛ na ehia sɛ meteɛ me mma so wɔ aniberesɛm bi ho a, bere nyinaa na mebɔ mmɔden ma wohu sɛ medɔ wɔn nti na mereteɛ wɔn so.”

6 Mmofra Hia Ahobammɔ

Ehia sɛ wɔbɔ mmofra ho ban fi nneɛma a ebetumi asɛe wɔn, ne fekubɔne ho. Awerɛhosɛm ne sɛ ‘nnipa abɔnefo’ wɔ wiase yi mu a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ mmofra basabasa. (2 Timoteo 3:1-5, 13) Wobɛyɛ dɛn abɔ wo mma ho ban? Bible de afotu pa yi ma: “Onitefo ne nea ohu mmusu na ɔde ne ho hintaw, na ogyimfo de, ɔfa mu, na onya ho asotwe.” (Mmebusɛm 22:3) Sɛ wubetumi abɔ wo mma ho ban afi asiane a ɛte saa ho a, ɛsɛ sɛ woma w’ani da hɔ. Hu tebea a ebetumi de ɔhaw no aba, na fa ɔkwan biara so bɔ wɔn ho ban. Sɛ nhwɛso no, sɛ woma wo mma kwan ma wɔkɔ Intanɛt so a, ɛsɛ sɛ woma wohu sɛnea wɔde bedi dwuma wɔ ɔkwan pa so. Ɛbɛyɛ papa sɛ wode kɔmputa no si baabi a sɛ wɔreyɛ biribi wɔ so a wubetumi ahu.

Ɛsɛ sɛ agya siesie ne mma na ɔtete wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi agyina wiase a ebinom yɛ mmofra basabasa wom no ano. So wo mma nim nea wɔbɛyɛ bere a obi pɛ sɛ ɔdaadaa wɔn de wɔn fa kwammɔne so no? * Ɛsɛ sɛ wo mma hu sɛnea wobetumi de wɔn bɔbeasu adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata ne nea ɛmfata so. Kelvin ka sɛ: “Mannyaw adwuma yi amma obiara, na mpo mannyaw amma wɔn akyerɛkyerɛfo. Metee nka sɛ ɛyɛ m’ankasa asɛyɛde sɛ mekyerɛkyerɛ me mma ɔbarima ne ɔbea nna ho nsɛm ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn ho yiye wɔ wɔn a wɔto mmofra mmonnaa no ho.” Ne mma no nyinaa nyin bɛyɛɛ mpanyin pa, na seesei wɔn nyinaa awareware a wɔwɔ anigye.

Hwehwɛ Onyankopɔn Mmoa

Akyɛde a ɛsen biara a agya bi betumi de ama ne mma ne sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu ayɛ den. Agya no nhwɛso ho hia paa. Donizete ka sɛ: “Ehia sɛ agyanom da no adi sɛ wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho hia wɔn. Ɛsɛ sɛ eyi da adi titiriw bere a wɔrehyia ɔhaw anaa nsɛnnennen bi no. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, agya no da no adi sɛ ofi ne koma nyinaa mu de ne ho to Yehowa so. Sɛ abusua no bɔ mpae na wɔtaa kyerɛ Onyankopɔn papayɛ ho anisɔ a, ɛma mmofra no hu hia a ehia sɛ wɔfa Onyankopɔn sɛ wɔn Adamfo.”

Ɛnde, dɛn paa na ɛma obi yɛ agya pa? Hwehwɛ afotu fi Yehowa Nyankopɔn a onim sɛnea wɔtete mmofra sen biara no nkyɛn. Sɛ wode Onyankopɔn Asɛm mu akwankyerɛ tete wo mma a, wubehu sɛ asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 22:6 yi yɛ nokware: “Sɛ onyin a, ɔremfi ho.”—w08 10/1-E.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Ɛwom sɛ Kyerɛwnsɛm mu afotu a yɛresusuw ho yi fa agyanom asɛyɛde ho titiriw de, nanso emu nnyinasosɛm no pii fa ɛnanom nso ho.

^ nky. 18 Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 25 Sɛ wopɛ sɛnea wɔbɔ mmofra ho ban fi mmonnaatofo ho nsɛm a, hwɛ October 2007, Awake!, a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 3–11.

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Ehia sɛ agya yɛ nhwɛso pa ma ne mma

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Ɛsɛ sɛ agya kyerɛkyerɛ ne mma Onyankopɔn Asɛm

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Ehia sɛ wofi ɔdɔ mu teɛ mmofra so