Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So W’ani Abere Obi Pɛn? Yosef Nuanom Ani Beree No

So W’ani Abere Obi Pɛn? Yosef Nuanom Ani Beree No

Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma

So W’ani Abere Obi Pɛn? Yosef Nuanom Ani Beree No

MA YENSUSUW nea anibere kyerɛ ho nhwɛ. So ayɛ den ama wo pɛn sɛ wobɛpɛ obi a afoforo ka sɛ ɔyɛ onipa pa, ne ho yɛ fɛ, anaa onim nyansa asɛm? *— Sɛ w’ani bere obi a, saa na ebetumi aba.

Sɛ awofo pɛ abofra bi asɛm sen mmofra foforo a, ebetumi de ahoɔyaw aba abusua mu. Bible ka abusua bi a ahoɔyaw nti, ɔhaw kɛse bi sɔree wɔn mu no ho asɛm. Ma yensusuw ɔhaw a ɛde bae ne nea yebetumi asua afi nea esii no mu ho nhwɛ.

Ná Yosef yɛ Yakob ba a ɔto so 11, na na ne nuanom ani bere no. Wunim nea enti?— Efisɛ na wɔn papa Yakob pɛ Yosef asɛm. Sɛ nhwɛso no, Yakob pam atade fɛfɛ bi maa Yosef. Ná Yakob pɛ Yosef asɛm paa “efisɛ na ɔyɛ ne nkwakoraabere mu ba,” na na ɔyɛ ne yere Rahel, a ɔdɔ no no, abakan.

Bible ka sɛ, ‘bere a Yosef nuanom hui sɛ wɔn papa dɔ no sen wɔn nyinaa no, wɔtan Yosef.’ Afei da bi, Yosef ka kyerɛɛ n’abusua sɛ waso dae ahu sɛ wɔn nyinaa, a ne papa ka ho, rekotow no. Bible ka sɛ, “ne nuanom ani beree no,” na ne papa mpo kaa n’anim sɛ ɔkaa dae a ɛte saa kyerɛɛ wɔn.—Genesis 37:1-11.

Bere bi akyi no, bere a na Yosef adi mfe 17 na ne nuanom rehwɛ abusua no nguan ne mpapo wɔ akyirikyiri no, Yakob somaa Yosef sɛ ɔnkɔhwɛ sɛnea ne nuanom no ho te. Wunim nea wɔn mu dodow no ara pɛe sɛ wɔyɛ Yosef bere a wohui sɛ ɔreba no?— Ná wɔpɛ sɛ wokum no! Nanso, wɔn mu baanu, Ruben ne Yuda ampene so.

Bere a wohui sɛ aguadifo bi retwam akɔ Egypt no, Yuda kae sɛ: “Momma yɛntɔn no.” Enti wɔtɔn no. Afei wokum ɔpapo bi, na wɔde Yosef atade no nuu mogya no mu. Akyiri yi bere a wɔde atade no kyerɛɛ wɔn papa no, ɔteɛm sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ aboa bi akyere no awe!”—Genesis 37:12-36.

Bere bi akyi no, Yosef benyaa Egypt hene, Farao, anim dom. Nea enti a ɛbaa saa ne sɛ, Onyankopɔn boaa Yosef ma otumi kyerɛɛ Farao dae abien a ɔsoe no ase. Dae no mu nea edi kan no fa anantwi akɛse ason ne anantwi a wɔafomfɔn ason ho. Nea ɛto so abien no fa aburow mmɛtem akɛse ason ne mmɛtem nteaanteaa ason ho. Yosef kyerɛɛ dae abien no nyinaa ase sɛ, aduan bɛba mfe ason na ɛno akyi no, ɔkɔm nso aba mfe ason. Enti Farao kae sɛ Yosef nhwɛ mma wɔmmoaboa nnuan ano bere a aduan abu so no, na wɔde asiesie wɔn ho ama ɔkɔm a ɛbɛba no.

Bere a ɔkɔm no bae no, na Yosef abusua a wɔte akyirikyiri no hia aduan. Enti Yakob somaa Yosef nuanom mpanyimfo du no sɛ wɔnkɔtɔ aduan wɔ Egypt. Wokopuee Yosef anim, nanso wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno. Yosef anna ne ho adi, na ɔsɔɔ ne nuanom hwɛe, na ohui sɛ wɔanu wɔn ho wɔ bɔne a wɔde dii no no ho. Afei Yosef daa ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Hwɛ sɛnea wɔde anigye yɛɛ wɔn ho wɔn ho atuu!—Genesis, ti 40 kosi 45.

Dɛn na wubetumi asua afi Bible mu asɛm a ɛfa anibere ho yi mu?— Anibere betumi de ɔhaw kɛse aba, na mpo ama obi ayɛ n’ankasa ne nua bɔne! Ma yɛnkenkan Asomafo Nnwuma 5:17, 18, ne Asomafo Nnwuma 7:54-59 nhwɛ sɛnea ahoɔyaw nti, nkurɔfo ne Yesu asuafo no dii.— Bere a yɛakenkan eyi awie no, wuhu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ anibere ho no?—

Yosef dii mfe 110 ansa na ɔrewu. Ɔwoo mma, na onyaa mmanana bebree. Yebetumi aka sɛ na Yosef taa kyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnnodɔ wɔn ho wɔn ho sɛnea ɛbɛyɛ a obiara ani remmere ne yɔnko.—Genesis 50:22, 23, 26.—w08 10/1-E.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Sɛ worekenkan akyerɛ abofra na wuhu sɛ wɔasan baabi sei (—) a, ɛkyerɛ sɛ gyina na hyɛ no nkuran ma ɔnkyerɛ n’adwene.

Nsɛmmisa:

○ Dɛn na anibere kyerɛ?

○ Dɛn na anibere maa Yosef nuanom yɛe?

○ Dɛn nti na Yosef de ne nuanom bɔne firii wɔn?

○ Dɛn na yebetumi asua afi asɛm yi mu?