Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛn Som mu Ade Titiriw Bi!

Yɛn Som mu Ade Titiriw Bi!

Yɛn Som mu Ade Titiriw Bi!

New World Translation of the Holy Scriptures wɔ Twi Kasa Mu

YƐN som mu ade titiriw bi sii November 14, 2008: Saa da no na woyii New World Translation of the Holy Scriptures no adi wɔ Twi kasa mu.

Afei de, Wiase Foforo Nkyerɛase no abɛka Bible ahorow a nnipa a wosuro Onyankopɔn de di dwuma wɔ Ghana no ho. Dɛn nti koraa na Bible nkyerɛase foforo yi ho hia? Henanom na wɔyɛɛ ho adwuma? Na dɛn na ɛkyerɛ sɛ wubetumi de wo ho ato Wiase Foforo Nkyerɛase no so?

Adɛn Nti na Bible Nkyerɛase Pii Yi?

Mfe kakra a atwam no, wɔatintim Bible nkyerɛase foforo pii. Kasa horow bi wɔ hɔ a, eyi ne bere a edi kan a wɔakyerɛ Onyankopɔn Asɛm no ase wom. Nanso kasa horow a ebi wom dedaw mpo no, wɔasan atintim Bible nkyerɛase foforo bi wom. Dɛn nti na wɔayɛ nkyerɛase foforo? Nhoma a wɔato din So Many Versions?, a Sakae Kubo ne Walter Specht kyerɛwee no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bible nkyerɛase biara nni hɔ a wobetumi aka sɛ ɛno na etwa to koraa. Bere a nnipa renya Bible mu nimdeɛ na kasa horow renyin no, ɛsɛ sɛ wonya nkyerɛase foforo nso.”

Afeha yi mu no, nnipa pii anya Hebri ne Aram ne Hela kasa a wɔde kyerɛw Bible no mu ntease foforo. Bio nso wɔahu Bible no afa horow bi a wɔde nsa kyerɛwee wɔ tete bere mu, na edi mũ sen nea Bible nkyerɛasefo bi de dii dwuma kan no koraa. Enti wobetumi akyerɛ Onyankopɔn Asɛm no ase yiye nnɛ sen bere biara a atwam!

Nhoma a wɔato din The Atlantic Monthly ka sɛ: “Bible tintim adan aguadi kɛse a sika wom ma ɛyɛ nwonwa.” Ɛtɔ da bi a, adwene a wɔde yɛ Bible bi ne sɛ nnipa bɛtɔ pii, na ɛnyɛ sɛ ɛbɛda nokware no adi. Bere a woyii Bible foforo bi adi no, wohui sɛ wɔn a wɔyɛe no atwa baabi a wosusuw sɛ “ɛnyɛ dɛ” no afi mu. Bible bi nso, wɔasesa nsɛm bi a wosusuw sɛ ebebu nnɛɛmafo a wɔbɛkenkan no animtiaa. Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ wɔpɛ sɛ mmea ani gye ho nti, wɔfrɛ Onyankopɔn “Agya-Ɛna.”

Wɔaka Onyankopɔn Din Ahyɛ

Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne Onyankopɔn din, Yehowa, no. (Animdefo bi frɛ no “Yahwe.”) Tete Bible mu no, wɔde Hebri anom nkyerɛwde anan YHWH na egyinaa hɔ maa Onyankopɔn din no. Saa din yi pue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ nea wɔfrɛ no Apam Dedaw no nkutoo mu. (Exodus 3:15; Dwom 83:18) Enti yɛn Bɔfo no atirimpɔw ne sɛ n’asomfo behu ne din na wɔde adi dwuma!

Nanso mfe haha bi a atwam ni no, gyidihunu nti, Yudafo gyaee Onyankopɔn din no bɔ. Akyiri yi, gyidihunu yi kaa Kristosom nso. (Fa toto Asomafo Nnwuma 20:29, 30; 1 Timoteo 4:1 ho.) Enti nea na Bible nkyerɛasefo no taa yɛ ne sɛ wɔde abodin “Awurade” hyɛ baabi a Onyankopɔn din no pue. Ɛnnɛ, wɔayi Onyankopɔn din no afi Bible dodow no ara mu. Yesu kae wɔ Yohane 17:6 sɛ: “Mada wo din adi,” nanso borɔfo Bible bi a wɔayɛ no nnansa yi ayi asɛmfua “din” no afi saa nkyekyɛm no mu. Bible a wɔato din Today’s English Version kyerɛ nkyekyɛm yi ase sɛ: “Mada wo adi.”

Adɛn koraa nti na ebinom mpɛ sɛ wɔde Onyankopɔn din no bedi dwuma? Wo de susuw asɛm bi a wɔkae wɔ nhoma a wɔato din Practical Papers for the Bible Translator (Po 43, nea ɛto so 4 a wɔyɛe 1992) mu no ho hwɛ. Kuw bi a wɔde United Bible Societies (UBS) a wɔhwɛ ma wɔkyerɛ Bible ase wɔ wiase afanan nyinaa no na wotintim saa nhoma yi. Asɛm biako bi a epuee mu kae sɛ: “Esiane sɛ YHWH yɛ obi din ankasa nti, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔkyerɛw no sɛnea ɛte ankasa.” Nanso ɛde kaa ho sɛ: “Nneɛma foforo bi wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so.”

So saa “nneɛma foforo” yi ho hia ankasa? Sɛnea nhoma no kae no, nhomanimfo bi susuw sɛ, “Sɛ wɔbɔ edin te sɛ Yahwe no [kyerɛ wɔn a wɔnyɛ Kristofo] a, wɔrente ase yiye . . . , na wobesusuw sɛ ‘Yahwe’ yɛ Onyankopɔn foforo bi a nnipa nnim no a ɔyɛ soronko wɔ Onyankopɔn a wonim no no ho.” Nanso Bible no ankasa ma emu da hɔ pefee sɛ Yehowa Nyankopɔn soronko fi anyame a afoforo som wɔn no ho!—Yesaia 43:10-12; 44: 8, 9.

Nhomanimfo bi ka sɛ, sɛ wɔde abodin “AWURADE” si Onyankopɔn din no ananmu a, nea wɔbɛtoe sɛ ebinom ayɛ tete no ara na wɔreyɛ bi. Nanso Yesu kasa tiaa atetesɛm a ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam. (Mateo 15:6) Ɛno da nkyɛn a, abodin a wɔde si edin ananmu no nni nnyinaso biara wɔ Kyerɛwnsɛm mu. Yesu Kristo wɔ abodin pii te sɛ “Onyankopɔn Asɛm” ne “ahene mu Hene.” (Adiyisɛm 19:11-16) Nanso so ɛbɛyɛ papa sɛ wɔde abodin yi biako si edin Yesu ananmu?

Asɛm foforo a ɛwɔ nhoma no mu ka sɛ: “Ɛbɛyɛ papa sɛ wɔmfa edin ‘Yehowa’ no nni dwuma.” Adɛn ntia? “Nhomanimfo dodow no ara gye di sɛ tete no na wɔbɔ din no ‘Yahwe.’” Nanso, asɛm no ne sɛ, nsonsonoe kɛse wɔ sɛnea ɛnnɛ wɔbɔ Bible mu din ahorow a yenim no yiye te sɛ Yeremia, Yesaia ne Yesu ne sɛnea na wɔbɔ wɔ tete Hebri kasa mu no mu. (Ná wɔbɔ din no Yir·meyahʹ, Yeshaʽ·yaʹhu, ne Yehoh·shuʹaʽ). Esiane sɛ edin “Yehowa” no yɛ ɔkwan biako a nnipa pii nim na wogye tom sɛ saa na wɔbɔ Onyankopɔn din no nti, sɛ obi ka sɛ ɛnyɛ papa a, ɛntɔ asom. Nokwasɛm ne sɛ ɛnyɛ nimdeɛ bi a wɔanya nti na wɔmpɛ sɛ wɔde Onyankopɔn din no di dwuma, na mmom wɔn ankasa nkate ne wɔn nsusuwii nti.

Asɛm no mfa nhwehwɛmu bi a wɔayɛ ho hwee. Sɛ nhwɛso no, United Bible Society nanmusini bi a ɔwɔ India kyerɛw Onyankopɔn din a wɔayi afi Bible bi mu ne nea afi mu aba ho asɛm sɛ: “Hindufo de, Onyankopɔn abodin ho nhia wɔn; wɔpɛ sɛ wohu Onyankopɔn din ankasa, na sɛ wɔanhu din no a, wɔrentumi ne nea okura saa din no nnya abusuabɔ biara.” Nokwarem no, saa na ɛte wɔ wɔn a wɔhwehwɛ Onyankopɔn no nyinaa fam. Onyankopɔn din a yebehu no ho hia na ama yɛahu onii ko a ɔyɛ; ɛnyɛ sɛ tumi bi kɛkɛ, na mmom obi a ɔwɔ hɔ ankasa a yebetumi ahu no. (Exodus 34: 6, 7) Enti Bible ka sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, wobegye no nkwa.” (Romafo 10:13) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom Onyankopɔn no bɔ ne din!

Nkyerɛase a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam

Bere a wodii kan tintim Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm—Wiase Foforo Nkyerɛase no wɔ Borɔfo kasa mu wɔ 1950 mu no, na ɛyɛ biribi titiriw ankasa. Mfe du a edi hɔ no, wotintim nea wɔtaa frɛ no Apam Dedaw, anaa Hebri Kyerɛwnsɛm, no afa bi nkakrankakra. Afei 1961 mu no, woyii Bible mũ no nyinaa adi sɛ nhoma biako. Ade a ɛka koma ne sɛ mpɛn dodow a Onyankopɔn din Yehowa no pue wɔ “Apam Dedaw” mu no, New World Translation no de aba pɛpɛɛpɛ—bɛyɛ mpɛn 7,000. Nea ɛyɛ anigye koraa ne sɛ wɔde Onyankopɔn din no ahyɛ baabi a ɛhyɛ wɔ “Apam Foforo,” anaa Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm, no mu—mpɛn 237.

Edin no a wɔde ahyɛ baabi a ɛhyɛ no nhyɛ Onyankopɔn anuonyam kɛkɛ, na mmom ɛma yenya ntease foforo nso. Sɛ nhwɛso no, nnipa pii kyerɛ Mateo 22:44 ase sɛ: “Awurade see m’Awurade [anaa me wura] sɛ . . . ” Nanso na hena ne hena na wɔrekasa? Wiase Foforo Nkyerɛase no kyerɛ ase sɛ, “Yehowa ka kyerɛɛ me Wura sɛ . . . ,” na eyi ne Dwom 110:1 a Yesu faa mu asɛm kae no hyia. Eyi ma akenkanfo hu sɛ ɛsono Yehowa Nyankopɔn na ɛsono ne Ba no.

Henanom na Wɔyɛɛ Ho Adwuma?

Watch Tower Bible and Tract Society ne mmara kwan so ahyehyɛde a wogyina Yehowa Adansefo ananmu tintim Wiase Foforo Nkyerɛase no. Bɛboro mfe ɔha ni na Yehowa Adansefo atintim Bible akyekyɛ wɔ wiase nyinaa. Kristofo bi a wɔkaa wɔn ho boom a wɔfrɛ wɔn New World Bible Translation Boayikuw na wɔkyerɛɛ Bible no ase maa Yehowa Adansefo. Sɛ́ anka boayikuw yi mufo bɛhwehwɛ anuonyam ama wɔn ho no, wɔkae sɛ sɛ wɔte ase oo, sɛ wowu oo, ɛnsɛ sɛ obiara de wɔn din bata Bible no ho.—Fa toto 1 Korintofo 10:31 ho.

Nanso adɛn nti na wɔfrɛɛ nkyerɛase yi sɛ Wiase Foforo Nkyerɛase? Eyi da no adi sɛ na wogye di paa sɛ adesamma adu “wiase foforo no abobow ano,” sɛnea wɔahyɛ ho bɔ wɔ 2 Petro 3:13 no. Boayikuw no ankasa kyerɛwee sɛ, “bere a wiase dedaw yi rebɛn n’awiei no,” ehia sɛ wɔkyerɛ Bible no ase ma “nokware turodoo a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu” no hyerɛn.—Hwɛ 1950 de no Nnianim Asɛm.

Nkyerɛase a Ɛyɛ Nokware

Nea na ehia wɔn paa ne sɛ wɔbɛkyerɛ ase pɛpɛɛpɛ. Wɔn a wɔkyerɛɛ ase baa Borɔfo kasa mu no hwɛɛ Hebri ne Aram ne Hela kasa mu de a edi mũ paa no so. * Wɔtɔɔ wɔn bo ase sɛ wɔbɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm no ase sɛnea tete kasa no kae pɛpɛɛpɛ—nanso wɔkaa no sɛnea akenkanfo bɛte ase nnɛ.

Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nhomanimfo bi akamfo Wiase Foforo Nkyerɛase sɛ edi mũ na nkyerɛase no yɛ pɛpɛɛpɛ. Hebri kasa ho ɔbenfo bi a wɔfrɛ no Benjamin Kedar a ɔwɔ Israel kae wɔ 1989 mu sɛ: “Bere a mereyɛ nhwehwɛmu a ɛfa Hebri Bible no ne nkyerɛase ahorow ho no, metaa hwɛ Bible a wɔato din Wiase Foforo Nkyerɛase a ɛwɔ Borɔfo kasa mu no mu. Saayɛ mu no, minya awerɛhyem bere nyinaa sɛ wɔn a wɔkyerɛɛ ase no bɔɔ mmɔden sɛ wobefi nokwaredi mu ama yɛanya kyerɛwsɛm no mu ntease a ɛyɛ nokware, sɛnea wobetumi biara.”

Wɔkyerɛ Ase Kɔ Kasa Horow Mu

Yehowa Adansefo akyerɛ Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no ase afi Borɔfo kasa mu akɔ kasa afoforo mu. Seesei wɔatintim Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi wɔ kasa bɛboro 60 mu. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi akyerɛ ase akɔ kasa pii mu no, Yehowa Adansefo ahyehyɛ kɔmputa so dwumadi bi a ɛma wɔte Bible nsɛmfua ahorow ase. Bio nso Yehowa Adansefo Sodikuw no hyehyɛɛ dwumadibea bi a wɔfrɛ no Translation Services a ɛbɛboa anuanom a wɔbɛkyerɛ Bible no ase. Sodikuw no de wɔn ani di Bible nkyerɛase adwuma no akyi denam Nhomakyerɛw Boayikuw no so. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wɔfa yɛ adwuma yi?

Nea edi kan koraa no, wɔpaw Kristofo a wɔahyira wɔn ho so a wɔbɛkyerɛ ase. Osuahu akyerɛ sɛ, sɛ nnipa dodow bi ka bom kyerɛ adwuma bi ase a, adwuma no di mũ na emu da hɔ paa sen sɛ obiakofo bɛkyerɛ ase. (Fa toto Mmebusɛm 11:14 ho.) Mpɛn pii no, ansa na wɔbɛpaw obi aka ekuw a ɛkyerɛ Bible ase ho no, na onii no de mfe bi akyerɛ Yehowa Adansefo nhoma bi ase dedaw. Afei wɔde ntetee a edi mũ ma nnipa a wɔwɔ kuw no mu no, na wɔkyerɛ wɔn akwan a wɔfa so kyerɛ Bible ase ne sɛnea wɔde kɔmputa nhyehyɛe ahorow a ɛfata di dwuma yiye.

Wɔka kyerɛ kuw no mufo sɛ wɔnkyerɛ Bible no ase mma (1) ɛnyɛ nokware turodoo, (2) emu nsɛm no nhyia, (3) ɛnyɛ pɛpɛɛpɛ te sɛ mfitiase de no, na (4) emu nna hɔ mma obiara nte ase. Ɔkwan bɛn so na wɔfa yɛ saa? Wo de hwɛ Bible a wɔayi no adi foforo yi. Wɔn a wɔkyerɛɛ Borɔfo Wiase Foforo Nkyerɛase no ase kɔɔ Twi kasa mu no dii kan kyerɛɛ Bible mu nsɛmfua titiriw ase. Wɔayɛ kɔmputa so nhyehyɛe bi a ɛbɛma wɔahu Bible nsɛmfua a edi nsɛ ne nea ɛyɛ ade koro. Na ɛma Hela ne Hebri nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ borɔfo kasa mu no da adi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔrekyerɛ ase no betumi ahu sɛnea wɔakyerɛ Hela ne Hebri nsɛmfua koro no ara ase wɔ mmeae foforo. Eyi nyinaa boa ma wotumi paw Twi nsɛmfua a ɛfata. Bere a kuw no agye nsɛmfua yi atom no, wofi ase kyerɛ Bible no ase, na kɔmputa boa wɔn ma wohu Twi nsɛmfua a wɔde bedi dwuma wɔ nkyekyɛm biara mu.

Nanso wɔn a wɔkyerɛɛ ase no ansesaw nsɛmfua no angu mu kɛkɛ. Egye adwumaden na wɔatumi ahyehyɛ Twi nsɛmfua no na ntease aba nkyekyɛm biara mu. Bio nso egye ahwɛyiye na wɔde Twi kasa a ɛtɔ asom na ɛyɛ dɛ akyerɛ nkyekyɛm biara ase. Ɛnyɛ den koraa sɛ yebehu adwumaden a anuanom yɛe wɔ Bible yi ho. Wɔakyerɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no ase ma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no wɔ Twi kasa mu; emu da hɔ, ntease wom, na edi tete nkyerɛwee no akyi.

Yɛhyɛ wo nkuran sɛ tɔ wo bo ase kenkan Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no. Wubetumi anya bi afi wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi anaa Yehowa Adansefo hɔ. Kenkan na nya awerɛhyem sɛ wɔde nokwaredi na akyerɛ Onyankopɔn Asɛm no ase aba wo kasa mu. Ɛrenkyɛ koraa na woahu sɛ nkyerɛase foforo yi yɛ yɛn som mu ade titiriw ampa!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 24 The New Testament in the Original Greek, a Westcott ne Hort yɛe no na wɔhwɛɛ so yɛɛ Hela Kyerɛwnsɛm no, na Biblia Hebraica a R. Kittel yɛe no na wɔhwɛɛ so yɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 18]

Sɛnea Wɔahyehyɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no

N’akenkan mu Da Hɔ

Wɔakeka Nkyekyɛm no Abom: Sɛ́ anka wɔbɛtetew nkyekyɛm no mu ma ebiara agyina sɛ asɛm biako no, wɔakeka abom ayɛ no mua. Eyi boa akenkanfo ma wotumi di adwene a Bible akyerɛwfo no kura akyi.

Nsɛmti Nketewa: Wɔahyehyɛ nsɛmti nketewa wɔ nkratafa dodow no ara atifi na aboa ma wɔahu Bible mu nsɛm ntɛm.

Kyerɛwsɛm a Wɔatwe Adwene Asi So: Wɔatwe adwene asi kyerɛwsɛm afoforo a edi nsɛ so wɔ kratafa biara.

Nsɛmfua Atitiriw: Wohwɛ Bible no akyi hɔ a, wubehu beae a wɔakyerɛw “Bible mu Nsɛm a Wɔahyehyɛ.” Wɔahyehyɛ Bible mu nsɛmfua bi akyerɛ nkyekyɛm a ɛwɔ; wɔaka ɛhɔ asɛm tiawa de akyerɛ asɛm ko a ɛwɔ hɔ.

Nkekaho: Eyi yɛ Bible mu nsɛmpɔw titiriw ne afoforo a wɔaka ho asɛm tiawa.