Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ntie Ebinom Mpaebɔ?

Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ntie Ebinom Mpaebɔ?

Nsɛm a Akenkanfo Bisa

Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ntie Ebinom Mpaebɔ?

Onyankopɔn yɛ obi a ɔpɛ nnipa paa. Sɛnea agya a ɔwɔ ɔdɔ ani gye ho sɛ ne mma befi wɔn komam ne no abɔ nkɔmmɔ no, saa ara na Yehowa Nyankopɔn nso pɛ sɛ yɛbɔ no mpae. Nanso, sɛnea agya a onim nyansa yɛ no, ntease pa bi nti, ɛnyɛ nea yɛsrɛ Onyankopɔn nyinaa na otie. So yɛnte nea enti a ɔyɛ saa no ase, anaa Bible no betumi aboa yɛn ma yɛahu?

Ɔsomafo Yohane kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu ne sɛ biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn.” (1 Yohane 5:14) Ɛsɛ sɛ nea yebisa Onyankopɔn no ne n’apɛde hyia. Ebinom bɔ mpae hwehwɛ nneɛma a ɛda adi sɛ Onyankopɔn ani nnye ho. Sɛ nhwɛso no, wɔbɔ mpae srɛ sɛ ɔmma wonni loto, anaa nkyea bi a wɔato. Ebinom nso mfa adwempa mmɔ mpae. Ɔsomafo Yakobo de kɔkɔbɔ mae wɔ ɔkwammɔne a wɔfa so bɔ mpae no ho. Ɔkae sɛ: “Mubisa nanso mo nsa nka, efisɛ mode adwemmɔne na ebisa, sɛ mode bedi mo honam akɔnnɔ akyi.”—Yakobo 4:3.

Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ kuw abien rebɔ bɔɔl, na wɔn mu biara bɔ mpae sɛ obedi nkonim. Nyansa nnim sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn betie akansi mpaebɔ a ɛte saa no. Saa ara na yebetumi aka nso sɛ Onyankopɔn ntie mpae a wɔbɔ de hwehwɛ nkonimdi wɔ akodi mu nnɛ no.

Wɔn a wonni Onyankopɔn mmara so no bɔ mpae kwa. Bere bi Yehowa ka kyerɛɛ nyaatwomfo a wɔyɛ wɔn ho te sɛ nea wɔsom no no sɛ: “Mo mpae dodow no nyinaa mintie, efisɛ mogya ayɛ mo nsa mãmã.” (Yesaia 1:15) Bible ka sɛ: “Nea oyi n’asõ fi mmara tie ho no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyide.”—Mmebusɛm 28:9.

Nanso, sɛ wɔn a wɔsom Yehowa no bɔ mmɔden yɛ n’apɛde, na wofi wɔn komam bɔ mpae a, obetie wɔn bere nyinaa. So ɛno kyerɛ sɛ biribiara a wobebisa no no, ɔde bɛma wɔn? Dabi. Ma yensusuw Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow bi ho nhwɛ.

Ná Mose ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ yɛ papa paa; nanso na ɛsɛ sɛ ɔno nso bisa Onyankopɔn hɔ ade ‘sɛnea Onyankopɔn apɛde te.’ Mose bisaa biribi a na ɛne nea Onyankopɔn aka nhyia. Ɔsrɛe sɛ Onyankopɔn mma ɔnkɔ Kanaan asase no so. Ɔkae sɛ: “Mesrɛ wo ma mintwa nkɔhwɛ asase pa a ɛwɔ Yordan agya no.” Nanso, esiane bɔne bi a Mose yɛe nti, na wɔaka akyerɛ no sɛ ɔrenkɔ asase no so. Enti, sɛ́ anka Yehowa bɛyɛ nea Mose kae no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Twa so! Mmɔ asɛm yi so nkyerɛ me bio.”—Deuteronomium 3:25, 26; 32:51.

Ɔsomafo Paulo bɔɔ mpae sɛ wonyi ne haw bi a ɔkaa ho asɛm sɛ ɛyɛ “ɔhonam mu nsɔe” no mfi no so. (2 Korintofo 12:7) Ebetumi aba sɛ saa “nsɔe” yi yɛ aniyare a na wontumi nsa anaa ɔhaw a asɔretiafo ne “anuanom atorofo” de baa no so bere nyinaa no. (2 Korintofo 11:26; Galatifo 4:14, 15) Paulo kyerɛwee sɛ: “Mesrɛɛ Awurade mprɛnsa sɛ emfi me so.” Nanso, na Onyankopɔn nim sɛ sɛ Paulo kɔ so ka asɛmpa no ɛmfa ho saa “ɔhonam mu nsɔe” a na ɛhaw n’adwene no a, ɛbɛma tumi a Onyankopɔn wɔ ne ahotoso a Paulo wɔ wɔ Onyankopɔn mu no ada adi kɛse. Enti, sɛ́ anka Onyankopɔn bɛyɛ Paulo abisade ama no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.”—2 Korintofo 12:8, 9.

Nokwarem no, sɛ biribi a yɛasrɛ Onyankopɔn a ɔde bɛma yɛn no so bɛba yɛn mfaso a, onim koraa sen yɛn. Yehowa yɛ nea eye ma yɛn bere nyinaa ma ɛne n’atirimpɔw a ɔdɔ wom a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no hyia.—w09 01/01-E.