Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Myanmarfo a Ahum Sɛee Wɔn Nneɛma no Nyaa Mmoa

Myanmarfo a Ahum Sɛee Wɔn Nneɛma no Nyaa Mmoa

Myanmarfo a Ahum Sɛee Wɔn Nneɛma no Nyaa Mmoa

WƆ May 2, 2008 mu no, ahum bi a wɔtoo din Cyclone Nargis tui wɔ Myanmar, na ɛsɛee nneɛma paa ma wɔkaa ho asɛm ntɛm ara wɔ aman pii so. Bere a ahum no tu faa mpoano wɔ Irrawaddy Delta mantam mu no, wɔbɔɔ ammaneɛ sɛ nnipa bɛyɛ 140,000 wuwui anaasɛ wɔyerae.

Anwonwasɛm ne sɛ, Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ no mu biara ho anka. Wonyaa wɔn ti didii mu efisɛ bere a osu no retɔ no wɔn mu dodow no ara kɔhyɛɛ wɔn Ahenni Asa a wɔasi no yiye no mu. Wɔ akuraa bi ase no, bere a osu no yiri kɔɔ soro bɛyɛ anammɔn 15 no, Adansefo 20 ne nnipa afoforo 80 foro kɔtenaa Ahenni Asa no atifi nnɔnhwerew akorɔn. Wɔn nyinaa nyaa nkwa. Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa 300 na wowuwui wɔ saa akuraa no ase. Wɔ nkuraa pii ase no, Ahenni Asa nkutoo ne ɔdan a ammubu.

Ahum no tui no, nnanu akyi na Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Yangon no somaa kuw bi sɛ wɔnkɔboa asafo a ɛwɔ Bothingone a ɛwɔ nsu ano no. Bere a kuw no tuu kwan faa akwan a asɛe so, hwɛe sɛ akorɔmfo renwia wɔn, na wɔfaa afunu a ɛreporɔw mu no, wokoduu Bothingone, na wɔde ɛmo, nnuan a wɔde esiam ayɛ, nsu, ne kyɛnere kɔmaa wɔn. Wɔne kuw a ɛde mmoa ma a wodii kan koduu hɔ. Bere a wɔde nneɛma no maa Adansefo a wɔwɔ hɔ wiei no, kuw no maa ɔkasa a egyina Bible so de hyɛɛ wɔn nkuran, na esiane sɛ na ahum no apra wɔn nneɛma nyinaa kɔ nti, wɔmaa wɔn Bible ne Bible ho nhoma ahorow.

Su a Adansefo a wɔhweree wɔn nneɛma no daa no adi no yɛɛ obiara nwonwa. Wɔn mu biako a ofi asafo a ɛwɔ Irrawaddy mpɔtam a ɛhɔ sɛee paa mu no kae sɛ: “Yɛahwere yɛn biribiara. Yɛn fie nyinaa asɛe. Yɛn nnɔbae nso asɛe. Esiane nsu a eyirii no nti, nsu a yɛbɛnom nyinaa mu ayɛ fĩ. Nanso, tebea no anhaw anuanom sɛnea ɛhaw afoforo no. Ná wɔde wɔn ho ato Yehowa ne n’ahyehyɛde no so. Yɛde akwankyerɛ biara a wɔde bɛma yɛn no bɛyɛ adwuma sɛ́ ebia yɛbɛtena akuraa no ase anaa yɛbɛkɔ baabi foforo no.”

Adansefo kuw bi a wɔn dodow yɛ 30 hweree wɔn biribiara. Na bere a wɔretwa kwantenten akɔ baabi a kuw a wɔde mmoa ma no abɛsoɛ akɔpɛ aduan, ntade, ne baabi a wɔbɛda no, wɔde anigye too Ahenni dwom wɔ kwan no so. Aka kakra ma wɔadu hɔ no, wɔtee sɛ Yehowa Adansefo reyɛ ɔmansin nhyiam wɔ kurow a ɛbɛn hɔ no mu. Wosii gyinae sɛ wobedi kan akɔ nhyiam no bi, na wɔanya honhom fam aduan ne Kristofo fekubɔ a ɛhyɛ nkuran.

Wɔ baabi a ahum no tui nyinaa no, Adansefo no adan 35 sɛe koraa, wɔn adan 125 ho tɔɔ kyima kakra, na Ahenni Asa 8 nso ho kae kakra. Anigyesɛm ne sɛ, ahum no anka adan a ɛwɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea no kɛse.

Mfiase no, esiane nnua akɛse a na abubu agu kar kwan a ɛbɛn hɔ no so nti, na obiara ntumi mfa kar nkɔ adwumayɛbea hɔ, na saa ara nso na na kar ntumi mfi hɔ mpue. Nanso, dɔnhwerew kakra bi wɔ ahum no akyi no, adwumayɛfo a wɔwɔ adwumayɛbea hɔ no mu bɛboro 30 fii ase twitwaa nnua no. Bere a wɔreyɛ adwuma no, nnipa a wohuu wɔn no ho dwiriw wɔn. Ankyɛ koraa na Adansefo mmea bi de annone ne nnuaba brɛɛ adwumayɛfo no ne wɔn a wɔwɔ mpɔtam hɔ a na wɔn ho adwiriw wɔn no. Bere a sɛnkyerɛwfo bi huu nea na ɛrekɔ so no, obisae sɛ, “Henanom ne nkurɔfo yi a wɔmfa wɔn adwuma nni agoru yi?” Bere a wɔkyerɛɛ no nnipa ko a wɔyɛ no, ɔkae sɛ, “Me yam a anka nnipa pii da ahofama a ɛte saa adi sɛnea Yehowa Adansefo yɛ yi!”

Ntɛm ara na Adansefo no hyehyɛɛ akuw abien a wɔde mmoa bɛma wɔ mmeae ahorow a asiane no asisi no. Nnipa pii tuu wɔn ho mae ne akuw no yɛɛ adwuma. Wɔ nna kakra bi ntam no, wosisii adan afoforo maa Adansefo a wɔn adan asɛe no. Bere a akuw no mu biako kɔe sɛ wɔrekosi ɔdan foforo ama Ɔdansefo bi no, ɛyɛɛ nnipa a wɔwɔ mpɔtam hɔ no nwonwa. Ɔbea bi kae sɛ: “Ɔdansefo yi asɔrefo resi ne dan ama no. Wɔn a me ne wɔn wɔ Buddhasom mu no biara ammɛboa me. Bere a obedii me adanse no, na anka ɛsɛ sɛ mebɛyɛ Ɔdansefo!”

Bere a adansi adwumayɛfo ne kuw a wɔde mmoa ma no kɔhwɛɛ abusua bi a wɔyɛ Adansefo a ahum no asɛe wɔn dan wɔ Thanlyn no, abusua no kae sɛ: “Hwee nsɛe wɔ ha. Yɛn dan no ye. Yebetumi atena mu saa ara—monnhaw mo ho! Adansefo bi wɔ hɔ a wonni dan a wɔbɛda mu mpo. Monkɔ nkɔboa wɔn!” Eyi maa wɔn ho dwiriw wɔn paa!

Wɔ Yangon mpɔtam bi no, na ebinom pɛ sɛ wokohintaw asɔredan bi mu. Nanso, na wɔato ɔpon no mu ma enti obiara ntumi nkɔ mu. Nkurɔfo no bu fuwii paa, na na wɔpɛ sɛ wobu ɔpon no ani. Nanso, Yehowa Adansefo boaa nkurɔfo ma wonyaa ahobammɔ wɔ Ahenni Asa so bere a ahum no tui no. Sɛ nhwɛso no, awarefo bi a wɔyɛ Adansefo de afipamfo 20 a wɔn ho akyere wɔn kɔɔ Ahenni Asa a ɛwɔ Dala no so ma wɔkɔhyɛɛ hɔ. Ade kyee no, na nnipa no nni afie a wɔbɛkɔ mu, na na ɔkɔm nso de wɔn. Enti bere a okunu no huu obi a ɔretɔn ɛmo no, ɔtɔɔ nea ɛbɛso obiara ma wodii.

Abusua bi a ɛwɔ Yangon no mufo binom yɛ Yehowa Adansefo na afoforo nso kɔ asɔre afoforo. Ahum no tui akyi no, abusua mũ no nyinaa baa nhyiam wɔ Ahenni Asa no so. Dɛn ntia? Abusua no muni bi kae sɛ: “Yɛn asɔre no kae sɛ sɛ ahum no gyae a wɔbɛba abɛsra yɛn, nanso wɔamma. Adansefo no nkutoo na wɔbae. Momaa yɛn ɛmo ne nsu. Monte sɛ asɔre ahorow a aka no!” Abusua no mufo a wɔnyɛ Adansefo no ani gyee Ɔwɛn-Aban adesua a n’asɛmti ne “Yehowa Tie Yɛn Sufrɛ” no ho, na wɔmaa mmuae pii mpo.

Bere a ahum no tui akyi bɛyɛ dapɛn biako no, ɔbea bi a na ɔne Adansefo no resua Bible no baa asafo nhyiam. Wɔkenkan krataa bi a efi Yehowa Adansefo adwumayɛbea a na ɛrekyerɛkyerɛ nea wɔayɛ de aboa wɔn a wɔn ho akã no, na ɛkaa wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu no suahu ahorow nso wɔ nhyiam no ase. Bere a wogu so rekenkan krataa no, ɔbea no fii ase sui. Ɛyɛɛ no nwonwa sɛ wɔahu Adansefo no nyinaa a biribiara nyɛɛ wɔn. Ɛno akyi no, wɔmaa no nneɛma bi a obehia, na wosii ntamadan wɔ ne fie nkyɛn maa no. Ɔkae sɛ, ɔtee nka sɛ Adansefo no ahwɛ no yiye paa.

Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” (Yohane 13:35) Osuani Yakobo nso sii so dua sɛ sɛ obi wɔ gyidi ankasa a, ɔde nnwuma pa na ɛkyerɛ. (Yakobo 2:14-17) Yehowa Adansefo fa saa asɛm no aniberesɛm, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa nnipa a wohia mmoa de ada ɔdɔ a ɛte saa adi akyerɛ wɔn.—w09 03/01-E.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

Bible ka sɛ sɛ obi wɔ gyidi a, ɔde nnwuma pa na ɛkyerɛ