Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awo Foforo No—Ɔkwan Bɛn So?

Awo Foforo No—Ɔkwan Bɛn So?

Awo Foforo No—Ɔkwan Bɛn So?

ƐNYƐ sɛnea awo foforo no ho hia, nea ɔma wɔwo obi foforo, anaa atirimpɔw a enti wɔwo obi no ho asɛm nko na Yesu ka kyerɛɛ Nikodemo, na mmom, ɔkaa ɔkwan a wɔbɛfa so awo obi foforo no nso ho asɛm. Yesu kae sɛ: “Sɛ wɔamfa nsu ne honhom anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn ahenni mu.” (Yohane 3:5) Enti, wɔnam nsu ne honhom so na wɔsan wo obi bio. Nanso, dɛn na asɛm “nsu ne honhom” no kyerɛ?

“Nsu ne Honhom”—Ɛkyerɛ Dɛn?

Esiane sɛ na Nikodemo yɛ Yudasom mu nhomanimfo nti, na akyinnye biara nni ho sɛ onim sɛnea Hebri Kyerɛwsɛm no de asɛm, “Onyankopɔn honhom”—Onyankopɔn tumi a ebetumi ama nkurɔfo ayɛ anwonwade no—di dwuma. (Genesis 41:38; Exodus 31:3; 1 Samuel 10:6) Enti bere a Yesu de asɛmfua “honhom” dii dwuma no, na Nikodemo bɛte ase sɛ ɔreka honhom kronkron, Onyankopɔn tumi a ɔde yɛ ade, no ho asɛm.

Na nsu a Yesu kaa ho asɛm no nso ɛ? Susuw nsɛm a esisii ansa na Yesu ne Nikodemo rekasa, ne nea esii wɔ nkɔmmɔbɔ no akyi pɛɛ no ho hwɛ. Eyi kyerɛ sɛ na Yohane Suboni no ne Yesu asuafo no nyinaa bɔ nkurɔfo asu wɔ nsu mu. (Yohane 1:19, 31; 3:22; 4:1-3) Ná wonim asubɔ ho asɛm yiye wɔ Yerusalem. Enti, bere a Yesu kaa asubɔ ho asɛm no, na Nikodemo behu sɛ ɛnyɛ nsu ho asɛm kɛkɛ na na ɔreka, na mmom na ɔreka nsu a wɔde bɔ asu ho asɛm. *

“Honhom Kronkron” a Wɔde Bɔ Asu

Sɛ ‘nsu a wɔde wo obi’ no fa nsu mu asubɔ ho a, ɛnde na ‘honhom a wɔde wo obi’ no kyerɛ dɛn? Ansa na Nikodemo ne Yesu rebɔ nkɔmmɔ no, na Yohane Suboni no aka sɛ ɛnyɛ nsu nko na wɔde bɛbɔ asu, na mmom wɔde honhom kronkron nso bɛbɔ asu. Ɔkae sɛ: “Mede nsu na ɛbɔɔ mo asu, na ɔno [Yesu] de, honhom kronkron na ɔde bɛbɔ mo asu.” (Marko 1:7, 8) Asɛmpa kyerɛwfo Marko kaa bere a edi kan a wɔde honhom bɔɔ asu no ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nna no mu Yesu fi Nasaret a ɛwɔ Galilea bae ma Yohane bɔɔ no asu wɔ Yordan mu. Na opue fii nsu no mu ara pɛ na ohui sɛ ɔsoro abue, na honhom no resian aba no so te sɛ aborɔnoma.” (Marko 1:9, 10) Bere a wɔde Yesu hyɛɛ Yordan mu no, ɛyɛ nsu na wɔde bɔɔ no asu. Na bere a honhom fi soro baa no so ara pɛ na wɔde honhom kronkron bɔɔ no asu.

Bere a wɔbɔɔ Yesu asu mfe abiɛsa akyi no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Ɛrenni nna pii na wɔde honhom kronkron abɔ mo asu.” (Asomafo Nnwuma 1:5) Bere bɛn na eyi sii?

Wɔ Pentekoste afe 33 wɔ Yesu awo akyi no, Yesu asuafo bɛyɛ 120 hyiaam wɔ ofie bi mu wɔ Yerusalem. “Mpofirim ara wɔtee dede bi fii soro te sɛ mframa a ɛrebɔ denneennen, na egyigyei wɔ ofie a na wɔte mu no mu nyinaa. Na wohuu tɛkrɛma bebree a ɛte sɛ ogya . . . , na honhom kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa mãmã.” (Asomafo Nnwuma 2:1-4) Saa da no ara, wɔhyɛɛ afoforo a wɔwɔ Yerusalem no nkuran sɛ wɔmma wɔmmɔ wɔn asu wɔ nsu mu. Ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ nkurɔfokuw no sɛ: “Monsakra, na momma wɔmmɔ mo mu biara asu wɔ Yesu Kristo din mu na moanya bɔne fafiri, na mubenya honhom kronkron akyɛde a wɔde ma kwa no.” Dɛn na nkurɔfo no yɛe? “Wɔbɔɔ wɔn a wɔde anigye gyee n’asɛm no asu, na saa da no wɔde akra bɛyɛ mpem abiɛsa bɛkaa wɔn ho.”—Asomafo Nnwuma 2:38, 41.

Adeyɛ a Ɛwɔ Afã Abien

Dɛn na asubɔ ahorow yi ma yehu wɔ awo foforo no ho? Ɛma yehu sɛ egye nneɛma abien na ama wɔawo obi foforo. Hyɛ no nsow sɛ wodii kan bɔɔ Yesu asu wɔ nsu mu. Ɛno akyi no, onyaa honhom kronkron. Saa ara na wodii kan bɔɔ tete asuafo no asu wɔ nsu mu. (Yohane Suboni na ɔbɔɔ wɔn mu binom asu.) Na ɛno akyi na wonyaa honhom kronkron no. (Yohane 1:26-36) Ɔkwan koro no ara so no, wɔbɔɔ nnipa 3,000 a wɔsakra bɛyɛɛ Kristofo no asu wɔ nsu mu, na ɛno akyi ansa na wɔrenya honhom kronkron no.

Sɛ yɛkae asubɔ a ɛkɔɔ so wɔ Pentekoste afe 33 wɔ Yesu awo akyi no a, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ awo foforo no bɛkɔ so nnɛ? Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ɛbɛyɛ te sɛ nea esii wɔ Yesu asomafo no ne tete asuafo no bere so no ara pɛ. Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ onipa no nu ne ho, twe ne ho fi bɔne ho, hyira ne nkwa so ma Yehowa na ɔsom no, na ɔbɔ asu wɔ nsu mu ma obiara hu sɛ wahyira ne ho so. Afei, sɛ Onyankopɔn paw no sɛ ɔhene wɔ N’Ahenni mu a, ɔde honhom kronkron sra no. Onipa no na otu anammɔn a edi kan (nsu mu asubɔ) wɔ adeyɛ a ɛwɔ afã abien yi mu; na Onyankopɔn ayɛ ɔfã a ɛtɔ so abien (honhom a wɔde bɔ asu) no. Sɛ obi fa adeyɛ abien yi nyinaa mu a, na ɛkyerɛ sɛ wɔasan awo no bio.

Ɛnde, dɛn nti na Yesu kaa ‘nsu ne honhom a wɔde wo obi’ no ho asɛm wɔ nkɔmmɔ a ɔne Nikodemo bɔe no mu? Ɔkaa saa de kyerɛe sɛ wɔn a wɔde nsu ne honhom bɛbɔ wɔn asu no bɛfa nsakrae soronko bi mu. Yebesusuw awo foforo no fã yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.—w09 04/01-E.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, bere bi a na ɛsɛ sɛ wɔbɔ nkurɔfo bi asu no, ɔsomafo Petro bisae sɛ: “Hena na obetumi asiw wɔn kwan sɛ yɛmmfa nsu mmmɔ wɔn asu?”—Asomafo Nnwuma 10:47.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Yohane de nsu bɔɔ Israelfo a wɔanu wɔn ho no asu