Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahonyade a Efi Onyankopɔn Hɔ

Ahonyade a Efi Onyankopɔn Hɔ

Ahonyade a Efi Onyankopɔn Hɔ

SƐ WUDI Onyankopɔn nokware a, so ɔbɛma woanya wo ho? Ebetumi aba saa, nanso ɛnyɛ ahode a wohwɛ kwan no na ebia wubenya. Susuw Yesu maame Maria ho hwɛ. Bere a ɔbɔfo Gabriel yii ne ho adi kyerɛɛ no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ wanya Onyankopɔn “anim dom,” na ɔbɛwo Onyankopɔn Ba. (Luka 1:28, 30-32) Nanso, na Maria nyɛ ɔdefo. Bere a Maria woo Yesu na ɔrekɔbɔ afɔre no, ɔde “mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma mma abien” a na ahiafo taa de bɔ afɔre no na ɛkɔmaa Yehowa.—Luka 2:24; Leviticus 12:8.

So ohia a na Maria di no kyerɛ sɛ na Onyankopɔn nhyiraa no? Ɛnte saa koraa, efisɛ bere a Maria kɔsraa ne busuani Elisabet no, “honhom kronkron hyɛɛ Elisabet mã, na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: ‘Wɔahyira wo [Maria] mmea mu, na wɔahyira wo yafunu mu aba!’” (Luka 1:41, 42) Maria nyaa hokwan bɛyɛɛ Onyankopɔn Dɔba no maame wɔ asase so.

Ná Yesu ankasa nso nyɛ ɔdefo. Wɔwoo no too ahiafo mu, na ne nna a odii wɔ asase so nyinaa mu no, na ɔyɛ ohiani. Bere bi ɔka kyerɛɛ ɔbarima bi a na ɔpɛ sɛ ɔyɛ ne suani no sɛ: “Sakraman wɔ abɔn na ewim nnomaa wɔ mmerebuw, nanso onipa Ba no nni baabi a ɔde ne ti bɛto.” (Luka 9:57, 58) Nanso, asase so a Yesu Kristo bae no maa n’asuafo no nyaa ahode bebree. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, na monam ne hia so ayɛ adefo.” (2 Korintofo 8:9) Ahonyade bɛn na Yesu de maa n’asuafo no? Na ɛnnɛ nso ɛ?

Ahonyade Bɛn na Yenya?

Mpɛn pii no, sɛ obi wɔ honam fam nneɛma pii a, ɛyɛ den sɛ obenya gyidi, efisɛ ɔdefo de ne ho to ne sika so sen sɛ ɔde bɛto Onyankopɔn so. Yesu kae sɛ: “Hwɛ den ara a ɛbɛyɛ ama wɔn a wɔwɔ sika no sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu!” (Marko 10:23) Enti, ɛda adi sɛ ɛnyɛ honam fam ahonyade na Yesu de maa n’akyidifo no.

Nokwarem no, na Kristofo a wɔwɔ hɔ wɔ afeha a edi kan no mu no dodow no ara yɛ ahiafo. Bere a ɔbarima bi a wɔwoo no obubuafo srɛɛ Petro sika no, Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Dwetɛ ne sika de, minni bi, na mmom nea mewɔ na mede ma wo yi: Mise wo Nasareni Yesu Kristo din mu sɛ nantew!”—Asomafo Nnwuma 3:6.

Asɛm a osuani Yakobo nso kae no ma yehu sɛ na Kristofo asafo no mufo dodow no ara yɛ ahiafo. Ɔkyerɛwee sɛ: “Me nuanom adɔfo, muntie. Ɛnyɛ wiase no mu ahiafo na Onyankopɔn paw wɔn sɛ wɔmmɛyɛ adefo wɔ gyidi mu ne ahenni a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ no adedifo?” (Yakobo 2:5) Afei ɔsomafo Paulo nso kae sɛ, ɛnyɛ “honam fam anyansafo” anaa “atumfoɔ” anaa “adehye” na wɔfrɛɛ wɔn baa Kristofo asafo no mu.—1 Korintofo 1:26.

Sɛ ɛnyɛ honam fam nneɛma na Yesu de maa n’akyidifo no a, ɛnde na ahonyade bɛn na ɔde maa wɔn? Yesu kae wɔ krataa bi a ɔde kɔmaa Smirna asafo no mu sɛ: “Minim w’ahohiahia ne wo hia—nanso woyɛ ɔdefo.” (Adiyisɛm 2:8, 9) Ɛwom sɛ na Kristofo a wɔwɔ Smirna no yɛ ahiafo de, nanso na wɔwɔ ahode a ɛsen dwetɛ ne sika kɔkɔɔ. Esiane sɛ na wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi na wodi no nokware nti, na wɔyɛ adefo. Gyidi yɛ biribi a ɛsom bo paa, efisɛ “ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidi.” (2 Tesalonikafo 3:2) Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a wonni gyidi no yɛ ahiafo ankasa wɔ Onyankopɔn ani so.—Adiyisɛm 3:17, 18.

Ahonyade a Gyidi Ma Wonya

Akwan bɛn so na gyidi som bo? Wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi no nya “n’ayamye ne n’abotare ne n’abodwokyɛre mu ahonyade” so mfaso. (Romafo 2:4) Afei nso esiane Yesu agyede afɔre no mu gyidi a wɔwɔ nti, wonya wɔn “mfomso ho fafiri.” (Efesofo 1:7) Bio nso, wɔwɔ nyansa a “Kristo asɛm” ma nnipa a wɔwɔ gyidi nya no bi. (Kolosefo 3:16) Bere a wofi gyidi mu bɔ Onyankopɔn mpae no, “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so” no bɔ wɔn koma ne wɔn adwene ho ban, na ɛma wonya anigye ne akomatɔyam.—Filipifo 4:7.

Mfaso yi nyinaa akyi no, wɔn a wɔnam Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, so kyerɛ Onyankopɔn mu gyidi no wɔ daa nkwa ho anidaso. Nnipa pii nim Yesu Kristo nsɛm yi: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Sɛ obi nya Agya no ne ne Ba no ho nimdeɛ a, ɛhyɛ saa gyidi a ɔwɔ no mu den, efisɛ Yesu san kae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.”—Yohane 17:3.

Ɛwom sɛ mpɛn pii no, nhyira a efi Onyankopɔn hɔ no yɛ honhom fam de de, nanso ɛma yenya nkate fam ne honam fam mfaso nso. Ma yɛmfa Dalídio a ɔwɔ Brazil no sɛ nhwɛso. Ansa na ɔresua Onyankopɔn atirimpɔw ho ade no, na ɔyɛ ɔsabofo, na na eyi ama n’abusua ayɛ basaa. Ná ne sikasɛm nso nyɛ papa. Afei ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, na eyi sesaa n’asetena kɛse.

Nea Dalídio sua fii Bible mu no boaa no ma ɔsesaa ne subammɔne no. Ɔde nea osuae no bɔɔ ne bra, na eyi ma otumi kae sɛ: “Kan no na mikyinkyin asanombea ahorow; nanso seesei de, mikyinkyin afie afie mu.” Dalídio de ne bere nyinaa kyerɛkyerɛ nkurɔfo Onyankopɔn Asɛm. Nsakrae a ɛte saa a ɔyɛe no ma onyaa apɔwmuden, na ne sikasɛm nso yɛɛ yiye. Dalídio ka sɛ, “Seesei mede sika a na mede we nsa no boa afoforo anaa mede tɔ nneɛma a ɛho hia me.” Afei nso, esiane sɛ ɔne nnipa a wɔsom Onyankopɔn bɔ nti, wabenya nnamfo pa pii. Ɛnnɛ, asomdwoe ne akomatɔyam a Dalídio wɔ no sen biribiara a na osusuw sɛ obetumi anya bere a na onsuaa Onyankopɔn ho ade no.

Obi foforo nso a Yehowa Nyankopɔn mu gyidi aboa no ne Renato. Seesei sɛ wuhu sɛnea Renato wɔ anigye a, worenka sɛ wadi amia wɔ asetena mu pɛn. Ne maame woo no ara pɛ na oguan gyaw no. Ɔde no hyɛɛ bag bi mu kosii benkyi bi ase. Ná wontwaa ne funuma, na na nneɛma atĩtĩ no ma ne ho asoasoa. Ná mmea baanu bi retwam, na wohui sɛ bag no hyɛ benkyi no ase a ɛrewosowosow. Mfiase no, wosusuwii sɛ agyinamoa ba bi na ɔhyɛ mu. Bere a wohui sɛ ɛyɛ abotafowa na ɔhyɛ mu no, wɔyɛɛ ntɛm de no kɔɔ ayaresabea bi a ɛbɛn hɔ ma wɔhwɛɛ no.

Ná mmea no mu biako yɛ Yehowa Dansefo. Na bere a ohuu abofra no, ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Ɔdansefo foforo bi a wɔfrɛ no Rita. Ná Rita di awomawu ma enti na ɔwɔ babea biako pɛ. Ná ɔrepɛ ɔbabarima denneennen ma enti ogyee Renato hwɛɛ no.

Renato mmofraase pɛɛ na Rita ka kyerɛɛ no sɛ ɛnyɛ ɔno ankasa na ɔwoo no. Nanso, Rita fii ɔdɔ mu hwɛɛ no, na ɔkyerɛkyerɛɛ no Bible no. Bere a Renato renyin no, n’ani begyee Bible no ho. Anwonwakwan a wɔnam so gyee no nkwa no ho anisɔ a ɔwɔ no yɛɛ kɛse. Bere biara a ɔbɛkenkan odwontofo Dawid asɛm yi no, n’ani taataa nusu: “Sɛ me papa ne me maame mpo gyaw me a, Yehowa de, obegye me.”—Dwom 27:10.

Renato bɔɔ asu wɔ afe 2002 mu de kyerɛɛ nea Yehowa ayɛ ama no no ho anisɔ, na afe a edi hɔ no, ɔbɛyɛɛ Kristoni a ɔde ne bere nyinaa kyerɛkyerɛ nkurɔfo Bible no. Ɛde besi nnɛ, onnim ne maame ne ne papa a wɔwoo no no, na ebetumi aba sɛ ɔrenhu wɔn da. Nanso, Renato te nka sɛ nneɛma a ɛsom bo ma no paa no mu biako ne sɛ wabehu Yehowa, na wanya ne mu gyidi sɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ na odwen ne ho.

Ebia wopɛ sɛ wobɛn Onyankopɔn na wo ne no nya abusuabɔ a ɔdɔ wom na ama w’asetena adi mu. Obiara betumi ne Yehowa Nyankopɔn, ne ne Ba, Yesu Kristo, anya abusuabɔ a ɛte saa ɛmfa ho sɛ onii no yɛ ohiani anaa ɔdefo. Ebia abusuabɔ a ɛte saa a wo ne Onyankopɔn benya no remma wonyɛ ɔdefo de, nanso ebetumi ama woanya asomdwoe ne abotɔyam a sika a ɛwɔ wiase yi mu nyinaa rentumi mma wunnya. Asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 10:22 yi yɛ nokware paa: “Yehowa nhyira—ɛno na ɛma onipa yɛ ɔdefo, na ɔmfa ɛyaw biara nka ho.”

Yehowa Nyankopɔn ani gye nnipa a wɔba ne nkyɛn no ho paa. Ɔka sɛ: “O sɛ wubetie me mmara nsɛm a, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.” (Yesaia 48:18) Afei Yehowa hyɛ bɔ sɛ, wɔn a wɔde koma pa ne adwempa ba ne nkyɛn no benya nhyira pii. Bible ka sɛ: “Ahobrɛase ne Yehowa suro—ɛde ahonya ne anuonyam ne nkwa na ɛba.”—Mmebusɛm 22:4.—w09 9/1-E.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

Onyankopɔn mu gyidi ma yenya asomdwoe, abotɔyam, ne anigye

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Ɛwom sɛ abusua a wɔwoo Yesu toom wɔ asase so no yɛ ahiafo de, nanso Onyankopɔn hyiraa wɔn pii