Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

So Wunim?

Nnipakan bɛn na ɛnam so ma wɔkɔwoo Yesu wɔ Betlehem?

Sɛnea Luka Asɛmpa no kyerɛ no, bere a Kaesare Augusto hyɛe sɛ wɔnkan nnipa a wɔwɔ Roma Ahemman no mu nyinaa no, “nnipa nyinaa tuu kwan kɔɔ wɔn kurom kɔkyerɛw wɔn din.” (Luka 2:1-3) Ná Yesu papa a ɔtetee no, Yosef, kurom ne Betlehem, na ɔkwan a Yosef ne Maria tui sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi ahyɛde no so no, na ɛma wɔkɔwoo Yesu wɔ Betlehem. Ná dinkyerɛw a ɛte saa no boa ma wotumi gyigye tow, na na ɛma wonya nnipa de wɔn kɔ sraadi.

Bere a Romafo dii Egyptfo so nkonim wɔ afe 30 ansa na wɔrewo Yesu no, na nnipakan yɛ ade a Egyptfo yɛ dedaw. Nhomanimfo gye di sɛ Romafo suaa sɛnea Egyptfo kan nnipa, na wɔfaa saa kwan no ara so kan nnipa a na wɔwɔ wɔn ahemman no mu nyinaa.

Dinkyerɛw a ɛte saa ho ahyɛde bi a Roma amrado a na ɔwɔ Egypt de mae wɔ afe 104 mu wɔ Yesu awo akyi no di eyi ho adanse. Wɔakora saa ahyɛde no bi so wɔ Britain Nhomakorabea. Emu nsɛm kenkan sɛ: “Egypt Amrado, Gaius Vibius Maximus (ka sɛ): Yɛahu sɛ bere aso sɛ wɔkan nnipa wɔ afie afie mu, enti ɛho hia sɛ yɛma obiara kɔ ne kurom ma wɔkan no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi nnipakan ahyɛde yi so, na wɔde nsi akɔyɛ wɔn nsase so adwuma.”

Dɛn nti na na Yosef resusuw ho sɛ ɔbɛma Maria awaregyae nhoma bere a na wonnya nwaree?

Sɛnea Mateo Asɛmpa no kyerɛ no, bere a wɔde “Maria maa Yosef sɛ ne siyere a wonnya nwaree no,” Yosef hui sɛ Maria anyinsɛn. Esiane sɛ na Yosef nnim sɛ “honhom kronkron na ama” Maria anyinsɛn nti, ɔyɛɛ n’adwene sɛ obegyaa no, efisɛ na osusuw sɛ wafi n’akyi.—Mateo 1:18-20.

Wɔ Yudafo mu no, sɛ nnipa baanu yɛ aware nhyehyɛe a, na wobu wɔn sɛ wɔaware dedaw. Nanso na nnipa baanu no ntena sɛ awarefo kosi sɛ wobehyia ayeforo. Ná wobu aware nhyehyɛe aniberesɛm paa—efisɛ, sɛ ɛba sɛ ɔbarima no adwene sesa anaa biribi foforo bi nti, nhyehyɛe no gu—na wɔanware a, ababaa no nni hokwan sɛ ɔware kosi sɛ ɔbarima no bɛma no awaregyae nhoma. Sɛ nnipa baanu hyehyɛ aware na ɔbarima no wu a, wobu ɔbea no sɛ ɔyɛ okunafo. Nanso sɛ ɔbea no kɔbɔ aguaman bere a wɔayɛ aware nhyehyɛe a, wobu no sɛ wasɛe aware ma enti wobu no kumfɔ.—Deuteronomium 22:23, 24.

Ɛda adi sɛ Yosef susuw nea na ebetumi ato Maria bere a nkurɔfo ate ne nyinsɛn no ho asɛm no ho. Ɛwom sɛ na ɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔbɔ atumfoɔ no amanneɛ de, nanso na ɔmpɛ sɛ obegu n’anim ase wɔ baguam. Enti osii gyinae sɛ obegyaa no kokoam. Sɛ ɔbea a wawo a onni kunu wɔ awaregyae krataa a, anyɛ hwee koraa no, ɛbɛkyerɛ sɛ waware pɛn.—w09-E 12/1.

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Nnipakan ho ahyɛde a roma amrado a ɔwɔ Egypt de mae, afe 104 wɔ Yesu awo akyi

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

© The British Library Board, all rights reserved (P.904)