Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere Bɛn na Yebenya Asomdwoe ne Ahobammɔ Ankasa?

Bere Bɛn na Yebenya Asomdwoe ne Ahobammɔ Ankasa?

Baguam Ɔkasa Titiriw

Bere Bɛn na Yebenya Asomdwoe ne Ahobammɔ Ankasa?

Mfe mpempem pii ni na nnipa ahwehwɛ asomdwoe ne ahobammɔ. Nanso asomdwoe ankasa abɔ adesamma. Dɛn ntia? Bible ka nneɛma titiriw abien a enti nnipa ntumi nya asomdwoe no ho asɛm. Ɛsan nso ma yɛn awerɛhyem a ɛyɛ anigye yi: Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma adesamma anya asomdwoe ne ahobammɔ a enni awiei wɔ wiase nyinaa.

Ɔkwan bɛn so na saa asomdwoe ne ahobammɔ yi bɛbam ankasa, na bere bɛn na ɛbɛba? Dɛn na ehia sɛ woyɛ na ama woanya nhyira ahorow yi bi? Wobebua nsɛmmisa ahorow yi wɔ baguam ɔkasa a n’asɛmti ne “Bere Bɛn na Yebenya Asomdwoe ne Ahobammɔ Ankasa?” no mu. Wɔbɛma ɔkasa a egyina Bible so yi wɔ aman bɛboro 230 mu wɔ wiase nyinaa. Wɔ mmeae pii no, wɔbɛma ɔkasa yi wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so, Kwasida, April 18, 2010. Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no ani begye sɛ wɔbɛma woahu bere ne beae no. Yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ bra betie bi.