Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Yesu Ka Faa Onyankopɔn Ahenni Ho

Nea Yesu Ka Faa Onyankopɔn Ahenni Ho

Nea Yesu Ka Faa Onyankopɔn Ahenni Ho

“Otutuu akwan kɔɔ nkurow mu ne nkuraa ase kɔkaa . . . Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa.”—LUKA 8:1.

YƐN ani gye ho sɛ yɛbɛka nneɛma a ɛho hia yɛn na yɛn koma da so ho asɛm. Sɛnea Yesu ankasa kae no, “nea ayɛ koma mã no na ano ka.” (Mateo 12:34) Sɛ yɛhwɛ nsɛm a Yesu kae wɔ n’asɛnka adwuma no mu a, yebetumi aka sɛ na Onyankopɔn Ahenni no ho hia no paa.

Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni? Ahenni yɛ aban a ɔhene di so. Enti, Onyankopɔn Ahenni no yɛ aban a Onyankopɔn ahyehyɛ. Yesu kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kɔɔ akyiri, na ɔde yɛɛ n’asɛnka adwuma no asɛmti. Wɔaka saa Ahenni no ho asɛm bɛboro mpɛn 110 wɔ Nsɛmpa anan no mu. Nanso, ɛnyɛ kasa nko na Yesu de kyerɛkyerɛe. Ne nneyɛe nso ma wohuu sɛnea Onyankopɔn Ahenni no te, ne nea ɛbɛyɛ ama adesamma.

Hena ne Ahenni no so Hene? Ɛnyɛ nnipa na wɔtow aba paw Onyankopɔn Ahenni no so Hene. Mmom, Onyankopɔn ankasa na ɔpaw Sodifo yi. Yesu daa no adi wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu sɛ ɔno na Onyankopɔn apaw no sɛ Ɔhene.

Ná Yesu nim sɛ Bible mu bɔhyɛ ahorow aka ato hɔ sɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no bedi Ahenni bi a ɛrentwam da so. (2 Samuel 7:12-14; Daniel 7:13, 14; Mateo 26:63, 64) Kae sɛ Yesu kaa no pen sɛ ɔne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Ɔnam so gye toom sɛ ɔne Ɔhene a Onyankopɔn apaw no no. (Yohane 4:25, 26) Enti ɛfata sɛ na Yesu taa de asɛm “m’ahenni,” di dwuma wɔ ne nsɛm mu.—Yohane 18:36.

Afei nso Yesu kyerɛkyerɛe sɛ afoforo ne no bedi ade wɔ Ahenni no mu. (Luka 22:28-30) Ɔfrɛɛ mfɛfo adedifo yi “nguankuw ketewa” efisɛ wɔnnɔɔso. Ɔka wɔn ho asɛm sɛ: “Mo Agya no apene so sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.” (Luka 12:32) Bible mu nhoma a etwa to no ma yehu sɛ nnipa 144,000 benya hokwan ne Kristo adi ade.—Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1.

Ɛhe na Ahenni no befi adi tumi? Yesu ka kyerɛɛ Roma sodifo Pontio Pilato sɛ: “M’ahenni mfi wiase.” (Yohane 18:36) Onyankopɔn Ahenni a Kristo di so no remfa nnipa nhyehyɛe biara so nni tumi. Yesu kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm mpɛn pii sɛ “ɔsoro ahenni.” * (Mateo 4:17; 5:3, 10, 19, 20) Enti Onyankopɔn Ahenni yɛ ɔsoro nniso.

Ná Yesu nim paa sɛ sɛ owie n’asase so asetena a, ɔbɛsan akɔ ɔsoro. Ɔkae sɛ sɛ okodu hɔ a, ‘obesiesie baabi’ ama ne mfɛfo adedifo no abɛka ne ho.—Yohane 14:2, 3.

Dɛn na Ahenni no bɛyɛ? Yesu kyerɛkyerɛɛ n’atiefo no sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ ɔsoro. Onyankopɔn nam n’Ahenni no so bɛma wɔayɛ n’apɛde wɔ asase so. Onyankopɔn Ahenni no de nsakrae kɛse bɛba asase so na ama wɔatumi ayɛ n’apɛde.

Dɛn na Ahenni no bɛyɛ wɔ asase so? Yesu kyerɛkyerɛe sɛ Onyankopɔn Ahenni no beyi nnipa a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ bɔne no afi hɔ na ama nsɛmmɔnedi to atwa. (Mateo 25:31-34, 46) Ɛno kyerɛ sɛ ɔporɔw ne abɔnefosɛm nyinaa to betwa. Yesu kyerɛkyerɛe sɛ nnipa a “wodwo,” atreneefo, mmɔborɔhunufo, “wɔn a wɔn koma mu tew,” ne wɔn a wɔpɛ asomdwoe na wɔbɛhyɛ asase so ma.—Mateo 5:5-9.

So nnipa anokwafo a wɔte saa no bɛtena asase a ɛso asɛe mu? Dabida! Yesu hyɛɛ bɔ sɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni no ase no, wɔbɛdan asase no ayɛ no foforo. Bere a na Yesu sɛn dua so no, ɔbarima bi a na ɔno nso sɛn dua so no ka kyerɛɛ no sɛ: “Yesu, sɛ woba w’ahenni mu a, kae me.” Yesu buaa no sɛ: “Nokwarem mise wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.” (Luka 23:42, 43) Nokwarem no, Onyankopɔn Ahenni no bɛdan asase nyinaa paradise—ɛbɛyɛ te sɛ nea na ɛwɔ Eden turo no mu no.

Dɛn bio na Ahenni no bɛyɛ ama adesamma? Ɛnyɛ nea Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ nko na Yesu hyɛɛ ho bɔ. Na mmom, ɔkyerɛɛ nea Ahenni no bɛyɛ nso. Yesu saa nyarewa pii anwonwakwan so de kyerɛe sɛ ɔbɛyɛ nea ɛsen saa koraa daakye bere a n’Ahenni no redi tumi no. Asɛmpa no a wɔnam honhom so kyerɛwee no ka faa Yesu ho sɛ: “Okyinkyin Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛe wɔ wɔn hyia adan mu kaa ahenni no ho asɛmpa, saa nyarewa ne ahoɔmmerɛw ahorow a ɛwɔ nnipa no so nyinaa bi.”—Mateo 4:23.

Yesu saa nyarewa ahorow nyinaa bi. ‘Obuee nea wɔwoo no onifuraefo ani.’ (Yohane 9:1-7, 32, 33) Yesu de ne nsa soo ɔbarima bi a na kwata ayɛ no mu ma ne ho fii. (Marko 1:40-42) Bere a wɔde “ɔbarima bi a n’aso asiw a ontumi nkasa yiye” brɛɛ Yesu no, ɔsaa no yare de kyerɛe sɛ obetumi ama ‘asotifo mpo ate asɛm, na mum akasa.’—Marko 7:31-37.

Owu mpo antumi ankyekyere Onyankopɔn Hene a wapaw no no nsa. Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ Yesu nyanee nnipa baasa a wɔawuwu baa nkwa mu. Onyanee okunafo bi babarima a na odi no bakoro, abeawa bi a na wadi mfe 12, ne n’adamfo Lasaro.—Luka 7:11-15; 8:41-55; Yohane 11:38-44.

Bere a Yesu reka anigye a Onyankopɔn Ahenni no nkoa benya daakye ho asɛm no, ɔnam ɔsomafo Yohane so kae sɛ: “Hwɛ! Onyankopɔn ntamadan wɔ adesamma mu, na ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne man. Na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 1:1; 21:3, 4) Wo de, susuw ho hwɛ—wiase a obiara renni awerɛhow nsu, yaw nni mu, na owu nso nni mu! Saa bere no, mpae a ɛka sɛ Onyankopɔn apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro no bɛbam ankasa.

Bere bɛn na Onyankopɔn Ahenni no bɛba? Yesu kyerɛe sɛ n’ahenni no befi ase adi tumi wɔ bere titiriw bi a ɔfrɛɛ no ne “mmae” no mu. Yesu kaa nneɛma pɔtẽẽ a ebesisi bere a waba n’ahenni mu na wafi ase redi tumi no ho asɛm. Nsɛm a ebesisi wɔ wiase nyinaa a ɛbɛma yɛahu sɛ yɛwɔ saa bere no mu ne akodi, aduankɔm, asasewosow, ɔyaredɔm, ne amumɔyɛsɛm a ɛbɛdɔɔso. (Mateo 24:3, 7-12; Luka 21:10, 11) Eyinom ne nsɛm afoforo a Yesu kae sɛ ebesisi no ada adi, titiriw fi afe 1914, bere a Wiase Ko I no fii ase no. Ne saa nti, mprempren Yesu redi ade sɛ Ɔhene. Ɛrenkyɛ, Ahenni no bɛba na ama wɔayɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so. *

Dɛn na Onyankopɔn Ahenni a ɛreba no kyerɛ ma wo ankasa? Ɛno begyina sɛnea wobɛyɛ woade wɔ Yesu nsɛm ho no so.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 8 Asɛm “ɔsoro ahenni” no pue bɛyɛ mpɛn 30 wɔ Mateo Asɛmpa no mu.

^ nky. 17 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea ɛma yehu sɛ Onyankopɔn Ahenni no abɛn a, hwɛ asɛmti, “So Yɛte ‘Nna a Edi Akyiri’ no Mu?” a ɛwɔ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 9 no.