Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn ne Onyankopɔn Adwene Wɔ Mmosã Ho?

Dɛn ne Onyankopɔn Adwene Wɔ Mmosã Ho?

Dɛn ne Onyankopɔn Adwene Wɔ Mmosã Ho?

YƐN Bɔfo a ɔpɛ sɛ yɛn ani gye wɔ asetena mu no mmara nsã a obi bɛnom no sɛnea ɛsɛ no. * Mmom ɔde “nsã ma ɔdesani ma n’ani agye, ɔma no ngo ma n’anim yɛ hyɛɛhyɛɛ, na ɔma no aduan ma onya ahoɔden.” (Dwom 104:15, Today’s English Version) Bere bi, Yesu Kristo maa ayeforohyia bi ase yɛɛ dɛ bere a ɔdan nsu ma ɛyɛɛ “nsã pa” no.—Yohane 2:3-10.

Ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ Ɔbɔadeɛ no nim dwuma a nsã di wɔ yɛn nipadua ne yɛn amemene mu. Yɛn soro Agya no nam Bible no so ‘kyerɛkyerɛ yɛn nea eye ma yɛn,’ na ɔbɔ yɛn kɔkɔ denneennen sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbow nsã. (Yesaia 48:17) Hyɛ kɔkɔbɔ a emu da hɔ yi nsow:

“Mommmow nsa, efisɛ ɛne ahohwisɛm na ɛnam.” (Efesofo 5:18) “Asabofo . . . rennya Onyankopɔn ahenni no.” (1 Korintofo 6:9-11) Onyankopɔn Asɛm kasa tia “asabow, agobɔne, ne nea ɛtete saa.”—Galatifo 5:19-21, Akuapem Twi Bible.

Afei ma yensusuw ɔhaw ahorow a asanom ntraso de ba no bi ho nhwɛ.

Ɔhaw a Asanom Ntraso De Ba

Ɛwom sɛ nsã betumi ama yɛn ani agye de, nanso nneɛma bi wom a etumi nya sɛnea yɛn adwene ne yɛn nipadua yɛ adwuma no so nkɛntɛnso. Asanom ntraso betumi de ɔhaw a edidi so yi mu biara aba:

Sɛ obi nom nsã tra so a, ɛremma ontumi nsisi gyinae pa, na ‘ɔrentumi nnwen yiye nso.’ (Mmebusɛm 23:33, TEV) Allen, ɔkɔwensani a yedii kan kaa ne ho asɛm no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ woyɛ sadweam a, ɛnyɛ wo nipadua nko na ɛsɛe; ɛka w’adwene ne wo nneyɛe nso. Ɛmma wunsusuw sɛnea wo nneyɛe bɛka afoforo no ho.”

Sɛ obi nom nsã bebree a, ɛremma ɔmfa atɛmpa nni dwuma. Kyerɛwnsɛm no bɔ kɔkɔ sɛ: “Nsã ne nsã dɔkɔdɔkɔ sɛe adwempa.” (Hosea 4:11) Ɔkwan bɛn so? Sɛ yɛbow nsã a, ɛbɛma yɛabu nsusuwii ne akɔnnɔ a yɛtaa ka hyɛ no sɛ asɛm biara nni ho, na ebi mpo a, yɛn ani begye ho. Yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ no ano betumi adwo. Nsã betumi ama yɛde yɛn ho ahyɛ ɔbrasɛe mu, na asɛe yɛne Onyankopɔn ntam.

Sɛ nhwɛso no, bere a akasakasa baa John ne ne yere ntam no, ɔde abufuw pue kɔɔ asanombea. Bere a ɔbea bi baa ne nkyɛn no, na wadi kan anom nsã kakra de adwudwo ne bo. Bere a ɔnom kakra kaa ho no, odii ɔbea no akyi ne no kɔsɛee aware. Ɛno akyi no, John nuu ne ho paa sɛ ɔyɛɛ biribi a sɛ ɛnyɛ sɛ wanom nsã a anka ɔrentumi nyɛ da no.

Sɛ obi nom nsã bebree a, ebetumi ama wakasa pii na wayɛ nneɛma a ɛmfata. Bible no bisa sɛ: “Hena na ɔwɔ ahoyeraw mu? Hena na ntɔkwaw ahyɛ no mã?” Ebua sɛ: “Ɛyɛ wɔn a wɔtena nsa ho kyɛ na wɔka sɛ ma me bi nka ho” no. (Mmebusɛm 23:29, 30, Contemporary English Version) Asanom ntraso betumi ama “woate nka te sɛ obi a ɔda po mfinimfini ne obi a ɔda hyɛnnua so.” (Mmebusɛm 23:34, TEV) Sɛ obi a wanom nsã abow pira na n’ani so tetew no a, obehu sɛ “ne honam nyinaa asoasoa, nanso ɔnkae nea ɛyɛe a ɛbaa saa.”—Mmebusɛm 23:35, CEV.

Sɛ obi nom nsã tra so a, ebetumi ama wayare. “Awiei koraa no, [mmosã] ka te sɛ ɔwɔ, na epuw bɔre te sɛ ahurutoa.” (Mmebusɛm 23:32, New International Version) Nnuruyɛfo ahu sɛ nyansa wɔ tete abebusɛm yi mu. Nsã bebrebe yɛ awuduru a ebetumi ama obi anya kokoram ahorow, mmerɛbo mu yare, ne asikreyare. Ebetumi nso apira abofra a ɔhyɛ yafunu mu, ebetumi ama obi fã adwudwo, anaasɛ wanya komayare ne nyarewa afoforo. Sɛ obi nom nsã boro so da koro mpo a, ebetumi ama watɔ mum anaasɛ wawu. Nanso, wɔnka ɔhaw a ɛyɛ hu sen biara a asanom ntraso de ba no ho asɛm wɔ nnuruyɛfo nhoma mu.

Ɔhaw a ɛyɛ hu sen biara. Sɛ obi taa nom nsã pii na ɔmmow mpo a, ebetumi asɛe ɔne Onyankopɔn ntam. Bible ka no pen sɛ: “Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema kodi mmosã akyi, wɔn a wɔtena nsã ase ma ade sa tumm kosi sɛ wɔbɛbow ayɛ titãã!” Dɛn nti na ɛka saa? Yesaia kyerɛkyerɛ sɛnea wɔn a wɔyɛ sadweam no ne Onyankopɔn ntam tumi sɛe no mu sɛ: “Yehowa nneyɛe de, wɔnhaw wɔn ho wɔ ho, ne nsa ano adwuma nso, wonhui.”—Yesaia 5:11, 12.

Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ ɛnsɛ sɛ ‘yɛkɔka sadweamfo ho.’ (Mmebusɛm 23:20) Wotu mmerewa fo sɛ wɔmmma “nsã mmfa wɔn nnyɛ nkoa.” (Tito 2:3) Dɛn ntia? Wɔn a wɔnom nsã bebree no taa fi ase nkakrankakra, na wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na wɔadan sadweamfo. Awiei koraa no, sɛ ɔsadweam no “ani so tetew no a, otumi bisa sɛ, ‘Bere bɛn na mɛsɔre na masan akosi me ho so bio?’” (Mmebusɛm 23:35, CEV) Asiane a ɛwɔ sadweamyɛ mu ne sɛ sɛ obi nom nsã bow na ade kye a, gye sɛ ɔsan nom bio ansa na ne ho atɔ no.

Bible bɔ kɔkɔ sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ “asanom bebrebe, anigye ntraso, akɔwensafo fekuw” mu no “bebu akontaa akyerɛ nea wayɛ krado sɛ obebu ateasefo ne awufo atɛn no.” (1 Petro 4:3, 5) Na bere a Yesu reka mmere a emu yɛ den a yɛte mu yi ho asɛm no, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye na adidi mmoroso ne asanom ntraso ne asetena mu dadwen anhyɛ mo koma so da, na [Yehowa] da no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri.”—Luka 21:34, 35.

Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ asadweam no yɛ na amma ‘asanom ntraso anhyɛ wɔn so’?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Wɔ asɛm yi mu no, “mmosã” ne “nsã” nyinaa gyina hɔ ma bia, bobesa, ne nsãden afoforo.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Asanom ntraso betumi de ɔhaw pii aba