Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Enkosi sɛ Owu Bɛtetew Yɛn Ntam”

“Enkosi sɛ Owu Bɛtetew Yɛn Ntam”

“Enkosi sɛ Owu Bɛtetew Yɛn Ntam”

AWAREFO pii de anigye ka asɛm yi wɔ wɔn ayeforohyia da—nanso, wɔn mu baahe na ɛyɛ a wodwen ho sɛ owu betumi atetew wɔn ntam? Mpanyinyɛ, yare, anaa akwanhyia yɛ nneɛma a ɛtaa sisi a ebetumi atwa obi dɔfo nkwa so na ama obiako a waka no ayɛ ankonam, na wadi awerɛhow.—Ɔsɛnkafo 9:11; Romafo 5:12.

Akontaabu kyerɛ sɛ mmea a wɔadi mfe 65 anaa nea ɛboro saa no mu bɛyɛ ɔha biara mu nkyem aduonum yɛ akunafo. Nokwarem no, esiane sɛ mmarima taa wu gyaw wɔn yerenom nti, nkurɔfo taa ka sɛ “mmea na edi kuna.” Eyi nkyerɛ sɛ mmarima nni kuna. Nokwasɛm ne sɛ, nnipa ɔpepem pii ahwere wɔn aware mu hokafo ma ɛyɛ awerɛhow. So woahwere wo hokafo?

Sɛ́ woyɛ ɔbarima anaa ɔbea no, sɛ woahwere wo hokafo a, dɛn na wubetumi ayɛ? So Bible no betumi aboa ma woagyina awerɛhodi a ɛte saa ano? Dɛn na aboa akunafo binom ma wɔatumi agyina tebea a ɛte saa ano? Ɛwom sɛ ɔkwan pɔtẽẽ bi nni hɔ a wotumi fa so nya awerɛkyekye wɔ tebea a ɛte saa mu de, nanso nnyinasosɛm a ɛwɔ Bible mu no betumi aboa.

Nea Ɛbɛboa ma Woagyina Ano

Ɛwom sɛ ebinom susuw sɛ sɛ wusu a, na ɛkyerɛ sɛ woyɛ mmerɛw na ebetumi ahaw wo. Nanso Ɔbenfo Joyce Brothers a ɔyɛ adwene ne nneyɛe ho nimdefo, a n’ankasa nso yɛ okunafo no kyerɛ sɛ osu ne ade a edi kan a ebetumi aboa obi a ɔredi awerɛhow. Nokwasɛm ne sɛ, osu yɛ awerɛhodi no fã, na ɛboa ma yawdi no so tew. Mfɛre sɛ wubesu. Yehu eyi ho nhwɛso pa wɔ Bible mu. Ná Abraham yɛ ɔbarima a ɔwɔ gyidi paa, na onyaa hokwan bɛyɛɛ Onyankopɔn adamfo. Nanso bere a ne yere a ɔdɔ no no wui no, Abraham ‘gyam Sara na osuu no.’—Genesis 23:2.

Ɛwom sɛ ɛfata sɛ wo nkutoo nya bere a wode besusuw nneɛma ho de, nanso ɛnsɛ sɛ wotwe wo ho fi afoforo ho. Mmebusɛm 18:1 bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ɔtew ne ho no hwehwɛ nea n’ankasa pɛ.” Mmom no, hwehwɛ mmoa fi abusuafo ne nnamfo a wɔdwene wo ho no hɔ. Sɛ biribi a ɛte saa to wo a, baabi a ɛfata paa sɛ wokɔ ne Kristofo nhyiam ase, efisɛ mmarima a wɔn ho akokwaw wɔ Onyankopɔn som mu wɔ hɔ a wobetumi de mmoa ne afotu a wuhia ama wo.—Yesaia 32:1, 2.

Ebinom ahu sɛ sɛ wobua nkrataa a afoforo kyerɛw de bɛkyekye wɔn werɛ no a, ɛboa wɔn. Wubetumi de hokwan a ɛte saa no akyerɛw nneɛma a w’ani gye ho wɔ wo hokafo no ho, ne nneɛma pa a wo ne no boom yɛe no ho asɛm. Sɛ woboaboa mfonini a moatwa ne nkrataa a mokyerɛw mo ho no ano a, ebetumi aboa ma woagyina awerɛhodi no ano.

Sɛ obi a ne hokafo wui nkyɛe te nka sɛ ne biribiara ayɛ basaa a, ɛyɛ ne kwan so. Nanso, sɛ wokɔ so yɛ nneɛma a woyɛ no daa no a, ɛbɛboa wo. Sɛ nhwɛso no, sɛ wowɔ bere pɔtẽẽ a wode da, nea wode sɔre, wode didi, anaa wode yɛ fie nnwuma a, bɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ so ayɛ no saa ara. Sɛ wote ankonamyɛ nka kɛse a, di kan yɛ nea wobɛyɛ wɔ dapɛn awiei no ho nhyehyɛe to hɔ, na saa ara na hyehyɛ nea wobɛyɛ bere a da a mo de kae mo aware rebɛn no. Ɛho hia paa sɛ wokɔ so yɛ nneɛma a woyɛ wɔ Onyankopɔn som mu no.—1 Korintofo 15:58.

Sɛ obi haw paa a, ɛmma ontumi nsisi gyinae pa. Ebia nnipa a wonni adwempa bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa wo tebea no so adidi wo ho. Ne saa nti, mpere wo ho nsisi gyinae nka sɛ wobɛtɔn wo fie, wode wo sika bɛhyɛ adwuma bi mu, wubetu afi baabi a wote, anaa wobɛsan aware. Abebusɛm bi a nyansa wom ka sɛ: “Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba, na obiara a ɔpere ne ho de, ohia na ebehia no.” (Mmebusɛm 21:5) Ɛsɛ sɛ wotɔ wo bo ase kosi sɛ w’ani so bɛda hɔ ansa na woasisi gyinae ahorow a ɛte saa.

Wo hokafo no nneɛma a wubeyiyi afi hɔ no betumi ama yaw a wudi no mu ayɛ den, titiriw bere a moaware mfe pii no. Nanso saa a wobɛyɛ no bɛboa ma awerɛhodi no to atwa ntɛm. Sɛ woanyɛ saa ntɛm a, ebetumi ama woadi awerɛhow akyɛ. (Dwom 6:6) Wɔ ebinom fam no, ɛyɛ a wɔpɛ sɛ wɔn nkutoo yiyi nneɛma no; afoforo nso, esiane sɛ nneɛma no a wobeyiyi no betumi ama wɔadi awerɛhow nti, wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛma obi a ɔbɛn wɔn a ɔbɛte wɔn ase aboa wɔn. Ebia w’ani begye ho nso sɛ wobɛma wo busuani anaa w’adamfo bi aboa wo ma woayɛ wo hokafo no wu ho nkrataa. Afei nso, obetumi aboa ma woakyerɛw nkrataa a wode bɛkɔ akɔma aban mpanyimfo, sikakorabea, ne nnwumakuw ahorow a ɔde wɔn ka; obetumi nso aboa ma woasesã agyapade ho nkrataa; na waboa ma woayɛ sika a wobetua ama wo ne nea wubetua ama nnuruyɛfo ho nkrataa nso.

Kae sɛ yɛte wiase a ɔbrasɛe ahyɛ mu ma mu. Saa bere yi a wo nkutoo na wote yi, wubehyia ɔbra pa a wopɛ sɛ wobɔ no ho sɔhwɛ. Asɛm a ɔsomafo Paulo kae no so wɔ mfaso nnɛ sɛnea na ɛte tete no ara pɛ. Ɔkae sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ mo mu biara hu sɛnea ɔbɛhyɛ n’ankasa nipadua so wɔ ahotew ne nidi mu, na ɛnyɛ nna ho akɔnnɔ bɔne mu te sɛ aman a wonnim Onyankopɔn no.’ (1 Tesalonikafo 4:4, 5) Ne saa nti, nyansa wom sɛ wobɛtwe wo ho afi sini, nhoma, ne nnwom ahorow a ɛhyɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho nkuran ho.

Nea ɛsen saa no, hu sɛ ebegye bere ansa na awerɛhodi no to atwa. Nsɛmma nhoma bi ka sɛ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Michigan Sukuupɔn Asuae a Ɛyɛ Nnipa Asetena Ho Nhwehwɛmu no kyerɛ sɛ, sɛ obi hokafo wu a, ebegye bɛyɛ asram 18 ansa na nkakrankakra watumi agyae awerɛhodi ne ɛho adwennwene. (USA Today) Bɔ Onyankopɔn mpae na ɔmma wo boasetɔ, efisɛ sɛ obi sow Onyankopɔn honhom aba no a, ɛma onya boasetɔ. (Galatifo 5:22, 23) Ebia seesei de, wunsusuw sɛ wubetumi adi tebea no so, nanso bere rekɔ so no, nneɛma bɛkɔ yiye.

Nea Aboa Ebinom ma Wɔagyina Ano

Ná Anna aware mfe 40, na na ɔwɔ anigye wɔ n’aware mu. Nanso, nnansa yi a ne kunu wui no, odii awerɛhow pii. Ɔka sɛ: “Me maame wui bere a na madi mfe 13. Afei, me papa ne me nua mmarima baanu, ne me nuabea nso wuwui. Nanso, sɛ mɛka paa a, wɔn mu biara wu anka me kɛse te sɛ me kunu wu no. Metee nka te sɛ nea wɔde sekan atwa me mu abien. Ná mintumi nnyina yaw no ano.” Dɛn na aboa Anna ma watumi agyina yawdi a ɛte saa no ano? Ɔka sɛ: “Maboaboa nkrataa a adɔfo kyerɛw de bɛkyekyee me werɛ a wɔkaa nneɛma pa a me kunu Darryl yɛe ho asɛm wom no ano. Emu biara ka biribi pɔtẽẽ a ɔyɛe ho asɛm. Migye di paa sɛ Yehowa nso kae no, na obenyan no wɔ owusɔre no mu.”

Esther a wadi mfe 88 no ka nea aboa no ho asɛm sɛ: “Me ne me kunu tenaa mfe 46, na bere a owui no, ɔhaw a mahyia paa ne ankonamyɛ. Nanso mahu sɛ, esiane sɛ mebɔ me ho mmɔden wɔ Onyankopɔn som mu nti, aboa me paa. Mekɔ Kristofo nhyiam, meka Bible mu nsɛm kyerɛ nkurɔfo, na m’ankasa mekenkan Bible no daa. Afoforo a me ne wɔn bɔ no nso aboa me. Me ne nnipa a wotie me no na ɛfa nnamfo. Ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wotumi ka nsɛm a ɛbɛkyekye me werɛ de, nanso m’ani sɔ bere a wonya ma me na wɔne me bɔ nkɔmmɔ no yiye.”

Ná Robert aware mfe 48. Bere a kokoram kum ne yere no, ɔkae sɛ: “Sɛ wo hokafo a wutumi ne no bɔ nkɔmmɔ, sisi gyinae, bom tu kwan kogye mo ani, na wutumi ka w’asetena mu nsɛm kyerɛ no wu gyaw wo a, ɛyɛ den paa sɛ wubegyina ano. Ná ɛnyɛ mmerɛw mma me koraa, nanso masi me bo sɛ merempa abaw. Nnwuma a meyɛ ne ade a mekenkan no aboa me. Mpaebɔ nso ama manya awerɛkyekye kɛse.”

Asetena a Abotɔyam Wom a Wubenya wɔ Wo Hokafo Wu Akyi

Ɛwom, sɛ obi hokafo a ɔdɔ no wu gyaw no a, ɛyɛ yaw paa. Nanso sɛ wokɔ tebea a ɛte saa mu a, na ɛnkyerɛ sɛ ɛno ara ne no. Sɛ wunya tebea no ho adwempa a, ebia wubehu sɛ wubenya hokwan a wode bɛyɛ nneɛma bi a bere bi a atwam no na wuntumi nyɛ no. Ebia wobɛyɛ nneɛma bi de agyigye w’ani, anaasɛ wubetutu akwan. Nneɛma a ɛtete saa a wobɛyɛ no bɛboa wo na woanyɛ ankonam. Wɔ ebinom fam no, ɛma wonya hokwan yɛ pii wɔ Kristofo som adwuma no mu. Sɛnea ɛte biara no, sɛ woboa afoforo wɔ saa kwan yi so a, wubenya anigye ne akomatɔyam, efisɛ Yesu kae sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Asomafo Nnwuma 20:35.

Ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ worennya anigye bio da. Nya ahotoso sɛ sɛ wobɛn Yehowa Nyankopɔn a, ɔbɛboa wo. Odwontofo Dawid kae sɛ: ‘Yehowa na odi boa okunafo.’ (Dwom 146:9) Ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ Bible no ka Yehowa ho asɛm sɛ “ɔyɛ ahummɔbɔ Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn.” Bible no san ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Wubue wo nsam na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.” (2 Korintofo 1:3; Dwom 145:16) Nokwarem no, Yehowa a ɔyɛ ɔdɔ Nyankopɔn no wɔ ɔpɛ, na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa wɔn a wofi wɔn koma mu hwehwɛ no no nyinaa, na obetumi ayɛ nso. Ɛmmra sɛ wobɛte nka sɛnea Israelfo a wɔtoo dwom yi tee nka no: “Mɛma m’ani so akyerɛ mmepɔw. Ɛhe na me mmoa befi aba? Me mmoa fi Yehowa, Ɔsoro ne asase Yɛfo no.”—Dwom 121:1, 2.—w10-E 03/1.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 30]

Nnipa ɔpepem pii a wɔahwere wɔn ahokafo no di awerɛhow, na wɔte ankonamyɛ nka. So ɛte saa wɔ wo fam?

[Adaka wɔ kratafa 32]

Na sɛ Obi Pɛ sɛ Ɔware Bio Nso Ɛ?

Bible no ma yehu sɛ owu tetew aware mu, enti sɛ obi hokafo wu a, ɔwɔ hokwan sɛ ɔsan ware. (1 Korintofo 7:39) Nanso, eyi yɛ nea ɔte ase no ankasa gyinaesi. Enti ɛsɛ sɛ mmofra hyɛ eyi nsow, na sɛ wɔn maame anaa wɔn papa si gyinae sɛ ɔbɛsan aware a, ɛnsɛ sɛ wɔsɔretia no. (Filipifo 2:4) Sɛ nhwɛso no, na Andrés ani nnye ho sɛ ne papa bɛware bio. Ná ɔpɛ ne maame asɛm paa ma enti, na ɔmpɛ sɛ obiara bɛba abɛhyɛ n’ananmu. Andrés kae sɛ: “Nanso, ankyɛ na mibehui sɛ me papa asi gyinae pa. Aware no ma ɔsan nyaa anigye bio. Ofii ase yɛɛ nneɛma a na wagyae yɛ, te sɛ akwan a na otutu kɔhwɛ mmeae ahorow no. Nokwarem no, m’ani agye sɛ ne yere foforo no hwɛ no yiye na ɔma n’ani gye.”

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Sɛ wopɛ biribi yɛ, na wobɔ Onyankopɔn mpae srɛ ne hɔ boasetɔ a, ɔbɛboa wo ma woadi yaw no so