Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Awufo Betumi Aboa Ateasefo?

So Awufo Betumi Aboa Ateasefo?

So Awufo Betumi Aboa Ateasefo?

NÁ AKA kakra ma aberante bi a wɔfrɛ no Tamba, a ofi Afrika Atɔe fam no akɔyɛ ne sukuu sɔhwɛ. * Ne maame kae denneennen sɛ ɛsɛ sɛ Tamba kɔhwehwɛ abusuafo a wɔawuwu no hɔ mmoa na ama watumi atwa sɔhwɛ no. Nsrahwɛfo tu kwan kɔ Palermo a ɛwɔ Sicily, kɔhwɛ amu pii a wɔakora so yiye wɔ amusiei bi a ɛwɔ asase ase no. Ebinom gye di sɛ amu a wɔahyɛ no aduru yi tumi bɔ ateasefo ho ban. Afe biara, nkurɔfo tu kwan kɔ Lily Dale, kurow bi a ɛwɔ New York State atɔe fam wɔ Amerika, baabi a asumanfo pii wɔ no kɔhwehwɛ mmoa. Nkurɔfo kɔ abisa wɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne wɔn abusuafo anaa wɔn nnamfo a wɔawuwu no bedi nkitaho de ahwehwɛ wɔn hɔ mmoa.

Wɔ wiase nyinaa no, nkurɔfo gye di sɛ awufo betumi aboa ateasefo. Wudwen ho dɛn? Ebia na wɔakyerɛkyerɛ wo sɛ awufo tumi boa ateasefo, anaasɛ wo ne nnipa bi a wokura gyidi a ɛte saa no na ɛte. Ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛn ani tumi gyina yɛn adɔfo a wɔawuwu no. Asumanfo ka sɛ wobetumi aboa ma yɛne yɛn adɔfo a wɔawuwu adi nkitaho. Ɔbea sumanni bi kae wɔ Time nsɛmma nhoma mu sɛ wɔn a wɔwɔ ahonhom atenae no “ayɛ krado sɛ wɔbɛboa yɛn bere biara a yɛbɛfrɛ wɔn no.” So asɛm yi yɛ nokware? So awufo betumi aboa ateasefo ampa? Mmuae a emu da hɔ a Bible de ma no bɛma wo ho adwiriw wo.

So Wɔn a Wɔawuwu no Te Baabi?

Bible de tebea a awufo wom no mu nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ ma. Hyɛ nea Ɔsɛnkafo 9:5 ka yi nsow: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu; awufo de, wonnim biribiara.” So awufo wɔ atenka? Nkyekyɛm 6 no bua sɛ: “Wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dedaw, na wonni nea wɔyɛ owia ase biara mu kyɛfa bio.” Hyɛ no nsow nso sɛ, saa ti no ara nkyekyɛm 10 ka sɛ: “Adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa biara nni asaman a worekɔ no.” Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “Asaman” wɔ ha no kyerɛ “adesamma nyinaa damoa.” Nea ɛyɛ anika ne sɛ, Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ Asomafo Nnwuma 2:31 a wɔkyerɛɛ ase “Asaman” no kyerɛ baabi a Yesu kɔe bere a owui no.

Bere a Yesu te ase no, ɔboaa nnipa bebree, nanso na onim sɛ obewu. So na ɔrehwɛ kwan sɛ ɔbɛkɔ so aboa nnipa bere a ɔwɔ ɔdamoa mu no? Dabi. Yesu de owu a na obewu no totoo anadwo a wontumi nyɛ adwuma biara ho. (Yohane 9:4) Ná Yesu nim paa sɛ sɛ nnipa wu a, wɔrentumi nyɛ biribiara bio.—Ɔsɛnkafo 9:10.

Yesu san de ntotoho bi dii dwuma de kyerɛkyerɛɛ asɛm koro no ara mu. Bere a Yesu adamfo Lasaro wui no, Yesu de owu totoo nna ho. (Yohane 11:11-13) Yɛnhwɛ kwan sɛ obi a wada bɛboa yɛn, ɛnte saa? Obi a wada no nnim nea ɛrekɔ so, na ontumi nyɛ biribiara mfa mmoa yɛn.

So Ɔkra Nwu Da?

Wɔakyerɛkyerɛ nnipa pii sɛ ɔkra yɛ biribi a ɛhyɛ nnipa mu a enwu da. Nanso, Bible kyerɛkyerɛ biribi foforo koraa. Bible mu nhoma a edi kan, Genesis, ma yehu dekode a ɔkra yɛ. Genesis 2:7 kyerɛ sɛ bere a wɔbɔɔ onipa a odi kan no, ‘ɔbɛyɛɛ ɔkra teasefo.’ Eyi kyerɛ sɛ onipa mũ no nyinaa yɛ ɔkra; mmoa nso yɛ akra. (Genesis 1:20-25) Enti sɛ onipa anaa aboa wu a, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ ɔkra awu. Bible foa asɛm yi so.—Hesekiel 18:4.

Nanso, ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Na nsɛm pii a wɔka de kyerɛ sɛ nkurɔfo ne awufo di nkitaho, wɔte awufo nne, na wohu wɔn no nso ɛ?’ Nsɛm a ɛtete saa abu so wɔ aman pii so. Nsɛm a ɛtete saa a wɔka no ma wɔn a wɔn abusuafo anaa wɔn nnamfo awuwu no nya anidaso bi, na ɛma wɔkɔhwehwɛ mmoa fi asumanfo a wɔkyerɛ sɛ wobetumi ama wɔne awufo adi nkitaho no nkyɛn.

So nsɛm a ɛte saa no yɛ nokware? Sɛ saa a, so eyi ne Bible mu asɛm a yɛkae wɔ atifi hɔ no mmɔ abira? Kristo Yesu kae sɛ Onyankopɔn Asɛm yɛ nokware. (Yohane 17:17) Nokware mmɔ ne ho abira. Bible de akwankyerɛ a emu da hɔ ma wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ wɔn a wɔka sɛ awufo betumi aboa ateasefo no ho. Bible no ka obi a ɔbɔɔ mmɔden sɛ obegye mmoa afi awufo hɔ ho asɛm kyerɛ yɛn. Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase kenkan saa asɛm no a, ɛbɛma yɛahu nokwasɛm a ɛwɔ mu.

Ɔhene Bi Hwehwɛɛ Mmoa Fii Awufo Hɔ

Ná Israelfo no wɔ akono wɔ ɔman no atifi fam. Ná ɛsɛ sɛ Ɔhene Saul ne ne dɔm kohyia Filistifo asraafo a wɔn ho yɛ hu no. Bere a Saul huu Filistifo no nsra no, “osuroe na ne koma tui papaapa.” Ɛwom sɛ saa bere yi nyinaa na Saul yɛ ɔhene de, nanso na wagyae nokware som. Ne saa nti, na Yehowa ntie ne mpaebɔ. Ɛnde, na ɛhe na Saul bɛkɔ akɔhwehwɛ mmoa? Ná Onyankopɔn diyifo Samuel nso awu.—1 Samuel 28:3, 5, 6.

Saul kɔhwehwɛɛ akwankyerɛ fii ɔkɔmfo bea bi hɔ wɔ En-Dor. Ɔsrɛɛ ɔkɔmfo no sɛ ‘ɔmma Samuel mforo’ mfi awufo mu mmra. Ɔkɔmfo no frɛɛ honhom bi. Saa “Samuel” yi ka kyerɛɛ Saul sɛ Filistifo no bedi ne so nkonim, na Saul ne ne mmabarima no bewuwu wɔ akono. (1 Samuel 28:7-19) So na ɛyɛ Samuel ankasa na wafi awufo mu aba?

Wo de, susuw ho hwɛ. Bible ka sɛ sɛ onipa wu a, “ɔsan kɔ ne dɔte mu” na “ne nsusuwii yera.” (Dwom 146:4) Ná Saul ne Samuel nyinaa nim sɛ Onyankopɔn ani nnye ho sɛ wɔbɛkɔ akɔmfo nkyɛn. Nea ɛte ne sɛ, na Saul adi anim ma wɔatu wɔn a wodi asumansɛm nyinaa afi asase no so!—Leviticus 19:31.

Wo de, susuw asɛm no ho hwɛ. Sɛ na ɔnokwafo Samuel da so ara te ase sɛ honhom a, so anka obebu Onyankopɔn mmara so na watie ɔkɔmfo no sɛnea ɛbɛyɛ a obehyia Saul? Ná Yehowa ne Saul nkasa bio. Enti so na ɔkɔmfo betumi ahyɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ma wafa Samuel a wawu no so ne Saul akasa? Dabi. Ɛda adi pefee sɛ na saa “Samuel” yi nyɛ Onyankopɔn diyifo nokwafo no wɔ ɔkwan biara so. Ná ɛyɛ honhom—adaemone bi na wahyɛ da ayɛ ne ho te sɛ Samuel a wawu no.

Adaemone yɛ abɔfo a wɔtew atua tiaa Onyankopɔn tumidi wɔ adesamma abakɔsɛm mfiase pɛɛ. (Genesis 6:1-4; Yuda 6) Saa adaemone yi tumi suasua sɛnea na obi te bere a na ɔte ase no, na wohu sɛnea ɔfa so kasa ne sɛnea ɔyɛ n’ade. Wɔpɛ sɛ wɔma nkurɔfo nya adwene sɛ Bible mu asɛm a ɛfa awufo ho no nyɛ nokware. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no bɔ kɔkɔ sɛ yɛntwe yɛn ho mfi ahonhom a wɔte saa no ho! (Deuteronomium 18:10-12) Saa ahonhommɔne no da so ara reyɛ adwuma nnɛ.

Yebetumi ahu nea enti a nnɛ nnipa pii ka sɛ “wɔte” wɔn adɔfo a wɔawuwu no nne, anaa “wohu” wɔn no. Honhom a wɔte saa no yɛ wɔn ho te sɛ nea wɔpɛ yɛn asɛm, nanso wɔyɛ ahonhommɔne a wɔdaadaa nnipa. * (Efesofo 6:12) Afei, susuw eyi ho hwɛ: Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn a odwen yɛn ho. Sɛ awufo te baabi a wobetumi aboa wɔn nnamfo ne wɔn abusuafo a, so yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no besiw wɔn kwan, na waka sɛ ‘okyi’? Dabi, ɛnte saa koraa! (1 Petro 5:7) Ɛnde, so baabi wɔ hɔ a yebetumi anya mmoa ankasa afi?

Ateasefo ne Awufo Betumi Anya Mmoa Ankasa

Nea yɛasusuw ho yi ama yɛate ase sɛ awufo ntumi mmoa ateasefo. Nea ɛsen saa no, mfaso biara nni so sɛ yɛbɛhwehwɛ awufo hɔ mmoa; asiane kɛse wɔ saa a yɛbɛyɛ no mu, efisɛ ɛto Onyankopɔn mmara, na ɛma yɛde yɛn ho hyɛ adaemone nkɛntɛnso ase.

Bible no ma yehu sɛ, Yehowa, yɛn Bɔfo no nkutoo na obetumi ama yɛn mmoa a eye sen biara. Ɔno na obetumi ayi yɛn afi owu mpo mu. (Dwom 33:19, 20) Yehowa ayɛ krado sɛ nnɛ nso ɔbɛboa yɛn. Ɔnte sɛ asumanfo a wodi nnipa huammɔ no, mmom ɔma yenya anidaso a edi mũ.

Tamba a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no ankasa huu nsonsonoe a ɛda atoro a asumanfo ka ne nokware a Yehowa ka kyerɛ yɛn no mu. Asumanfo no kae sɛ sɛ wanyɛ amanne amma ne nananom a wɔawuwu no a, ɔrentwa ne sukuu sɔhwɛ no. Saa bere no, na Tamba afi ase ne Yehowa Adansefo resua Bible no. Ná wabehu tebea ankasa a awufo wom, ne baabi a ahonhommɔne a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ nananom a wɔawuwu no nso fi. Ɛmfa ho sɛ ne maame hyɛɛ no denneennen sɛ ɔnkɔhwehwɛ mmoa mfi asumanfo hɔ no, Tamba ampene, na ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Sɛ mantwa sɔhwɛ no a, afe a edi hɔ no, mɛyere me ho ayɛ bio.”

Dɛn na efii mu bae? Ɔno na odii kan wɔ sɔhwɛ no mu! Ne maame ho dwiriw no, na ogyaee asumanfo no akyi di, na wanka bio da sɛ ɔnyɛ amanne a ɛte saa. Ná Tamba ahu Yehowa kɔkɔbɔ a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛkɔ ‘awufo nkyɛn kobisa ma ateasefo’ no. (Yesaia 8:19) Bible no a Tamba suae no ma onyaa ahotoso sɛ sɛ ɔma n’ani gye Onyankopɔn mmara ho a, ebesi no yiye.—Dwom 1:1-3.

Ɛnde, yɛn adɔfo a wɔawuwu no nso ɛ? So anidaso bi wɔ hɔ ma wɔn? Sɛnea yɛahu no, Yehowa bɛboa yɛn a yɛte nkwa mu no, na wahyɛ bɔ nso sɛ ɔbɛboa awufo a wɔwɔ adamoa mu no. Bere a odiyifo Yesaia rekyerɛkyerɛ sɛnea awufo ntumi nyɛ hwee mu no, hyɛ nea ɔkae wɔ ti 26, nkyekyɛm 19 no nsow: “W’awufo benya nkwa. . . . Mo a mote mfutuma mu, monsɔre mmɔ ose!” Nkɔmhyɛ no toa so sɛ “awufo” bɛtena ase bio.

Wo de, susuw ho hwɛ! Wɔbɛsan anyan awufo ɔpepem pii a wɔwɔ adamoa mu no aba nkwa mu bio. Nokwarem no, Bible ka sɛ Yehowa ‘ani gyina’ sɛ ɔbɛma awufo aba nkwa mu bio. (Hiob 14:14, 15) So ɛyɛ wo sɛ bɔhyɛ yi ntumi mma mu anaa? Ná Yesu Kristo wɔ saa anidaso yi mu ahotoso araa ma enti ɔkaa awufo ho asɛm sɛ, wɔ Yehowa ani so no, wɔda so ara te ase.—Luka 20:37, 38.

So wopɛ sɛ wo nso wunya anidaso a ɛte saa? * Kɔ so sua Bible mu nokware no. Bere a woresua Bible no, wubehu sɛ Yehowa betumi aboa ateasefo ne awufo, efisɛ ne bɔhyɛ nyinaa “wom, na ɛyɛ nokware.”—Adiyisɛm 21:4, 5.—w10-E 01/1.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Wɔasesa din no.

^ nky. 18 Sɛ wopɛ asɛm yi mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?, nhomawa a Yehowa Adansefo tintimii no.

^ nky. 26 Sɛ wopɛ Bible mu bɔhyɛ ahorow a ɛfa owusɔre ho a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 7.

[[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]

Ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛn ani tumi gyina yɛn adɔfo a wɔawuwu no

[Mfonini wɔ kratafa 22]

So odiyifo Samuel na ofii awufo mu bae ne Ɔhene Saul bɛkasae?