Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

5 So Bere ne Beae a Yɛbɔ Mpae Ho Hia?

5 So Bere ne Beae a Yɛbɔ Mpae Ho Hia?

AKYINNYE biara nni ho sɛ woahu sɛ nyamesom kuw pii twe adwene si mpaebɔ fie ahorow so na wɔkyerɛ mmere pɔtee wɔ da no mu a ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae. So Bible no kyerɛ mmeae pɔtee ne mmere a ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae?

Ɛyɛ nokware, Bible no kyerɛ tebea horow a ɛfata a yebetumi abɔ mpae wom. Sɛ nhwɛso no, ansa na Yesu ne n’akyidifo no rebedidi no, ɔbɔɔ mpae daa Nyankopɔn ase. (Luka 22:17) Na sɛ n’asuafo no hyiam som a, wɔbom bɔ mpae. Enti wodii adeyɛ a na wɔakɔ so ayɛ no bere tenten wɔ Yudafo hyia adan mu ne Yerusalem asɔrefie hɔ no akyi. Ná nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ asɔrefie no bɛyɛ “amanaman nyinaa mpaebɔ fie.”—Marko 11:17.

Sɛ Onyankopɔn asomfo hyiam na wɔbɔ mpae a, wɔn adesrɛ no tumi yɛ adwuma paa. Sɛ kuw no nyinaa adwene hyia, na mpae a wɔbɔ ma wɔn no ne Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm hyia a, Onyankopɔn ani sɔ. Mpaebɔ no betumi aka no ma wayɛ nea na ɔmmɔɔ ne tirim mpo sɛ ɔbɛyɛ. (Hebrifo 13:18, 19) Yehowa Adansefo bɔ mpae daa wɔ wɔn nhyiam ahorow ase. Wɔde anigye to nsa frɛ wo sɛ bra wɔn Ahenni Asa a ɛbɛn wo no so na w’ankasa betie mpaebɔ a ɛte saa.

Nanso, Bible no nkyerɛ beae anaa bere pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae. Wɔ Bible mu no, yehu sɛ Onyankopɔn asomfo bɔɔ mpae wɔ baabiara a wɔpɛ ne mmere ahorow mu. Yesu kae sɛ: “Sɛ worebɔ mpae a, kɔ wo pia mu na to wo pon mu bɔ w’Agya a ɔwɔ kokoam no mpae; ɛno na w’Agya a ɔhwɛ kokoam no betua wo ka.”—Mateo 6:6.

Yebetumi abɔ mpae bere biara, ne wɔ baabiara

So eyi nyɛ anigyesɛm? Wubetumi abɛn amansan Hene no bere biara mu wɔ kokoam, na nya awerɛhyem sɛ obetie wo. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ na Yesu nkutoo taa tew ne ho kɔbɔ mpae no! Bere bi a ɛda adi sɛ na ɔrehwehwɛ akwankyerɛ wɔ gyinaesi bi a ɛho hia ho no, ɔde anadwo mũ nyinaa bɔɔ Onyankopɔn mpae.—Luka 6:12, 13.

Mmarima ne mmea a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no bɔɔ mpae bere a wohyiaa nsɛnnennen anaa ɛho hiae sɛ wosisi gyinae a anibere wom no. Ɛtɔ mmere bi a wɔbɔ mpae denneennen, na ɛtɔ mmere bi nso a, wɔbɔ no wɔn tirim; wohyiam sɛ kuw a, wɔbɔ mpae, na na wɔbɔ mpae sɛ ankorankoro nso. Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, na wɔbɔ mpae. Onyankopɔn ka kyerɛ n’asomfo sɛ: “Munnnyae mpaebɔ da.” (1 Tesalonikafo 5:17) Ɔwɔ ɔpɛ sɛ obetie wɔn a wɔyɛ n’apɛde no daa. So eyi nyɛ anigyesɛm?

Nokwarem no, wɔ wiase a nkurɔfo gye biribiara ho kyim yi mu no, nnipa pii nhu mfaso a ɛwɔ mpaebɔ so. Ebia wubebisa sɛ, ‘So ɛbɛboa me ankasa?’