Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kyekye Wɔn a Wɔn Biribi Awu no Werɛ Sɛnea Yesu Yɛe No

Kyekye Wɔn a Wɔn Biribi Awu no Werɛ Sɛnea Yesu Yɛe No

Kyekye Wɔn a Wɔn Biribi Awu no Werɛ Sɛnea Yesu Yɛe No

NÁ Lasaro a ɔte Betania no yaree denneennen. Ne nuabeanom Marta ne Maria soma ma wɔkɔka kyerɛɛ Yesu a ɔyɛ wɔn adamfo paa no. Nanso yare no kum Lasaro. Bere a wokosiee no wɔ ɔboda mu no, Maria ne Marta nnamfo ne wɔn afipamfo kɔɔ wɔn nkyɛn ‘kɔkyekyee wɔn werɛ.’ (Yohane 11:19) Awiei koraa no, Yesu beduu Betania na ɔkɔhwɛɛ ne nnamfo no. Sɛ yesusuw nea ɔkae ne nea ɔyɛe no ho a, yebetumi asua biribi afi sɛnea wɔkyekye wɔn a wɔn biribi awu no werɛ no mu.

Ɛhɔ a Wobɛkɔ no Kyerɛ sɛ Wudwen Wɔn Ho

Na ɛsɛ sɛ Yesu de nnanu tu kwan ansa na wadu Betania, na na ɛsɛ sɛ okotwa Yordan Asubɔnten no na ɔkɔnwonwan kɔfa ɔkwan bi a ɛhɔ sian paa a ɛwɔ Yeriko no so. Marta yɛɛ ntɛm kɔɔ kurow no kurotia hɔ kokyiaa Yesu. Akyiri yi, bere a Maria tee sɛ Yesu aba no, ɔno nso yɛɛ ntɛm kohuu no. (Yohane 10:40-42; 11:6, 17-20, 28, 29) Akyinnye biara nni ho sɛ, kɔ a Yesu kɔɔ hɔ no yɛɛ awerɛkyekye maa mmea yi a na awerɛhow ahyɛ wɔn so no.

Saa ara na nnɛ nso, sɛ yɛkɔ wɔn a wɔredi awerɛhow no nkyɛn a, ɛbɛkyekye wɔn werɛ. Scott ne Lydia babarima Theo, a na wadi mfe asia no nyaa kar akwanhyia wui no, wɔkae sɛ: “Ná yehia abusuafo ne nnamfo mmoa paa. Bere a asɛm no sii no, wɔbaa ayaresabea hɔ tẽẽ.” Dɛn na nnamfo yi kae? “Saa bere no na ɛnyɛ wɔn anom nsɛm na yehia. Ba a wɔbae no ara na na yehia—ɛno kyerɛ sɛ wodwen yɛn ho.”

Bible ka sɛ bere a Yesu huu wɔn a Lasaro wu no ama wɔresu no, ‘ne ho yeraw no na osui.’ (Yohane 11:33-35, 38) Yesu anka sɛ ɔbarima nsu wɔ baguam. Ɔtee nka maa wɔn, na ɔne wɔn nyinaa dii awerɛhow. Dɛn na yesua fi mu? Sɛ yɛkɔsra wɔn a wɔn biribi awu no a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn aniwu sɛ yɛne wɔn a wɔresu no besu. (Romafo 12:15) Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛma nea ne biribi awu no su. Ebia ebinom rempɛ sɛ wosu wɔ nnipa mu.

Da Ayamhyehye Adi na Tie Wɔn

Ebetumi aba sɛ na ɛwɔ Yesu adwenem sɛ ɔbɛka nsɛm bi de ahyɛ Maria ne Marta den, nanso ɛda adi sɛ ɔma wodii kan kasae. (Yohane 11:20, 21, 32) Bere a ɔne Marta kasae no, obisaa Marta asɛm, na afei otiee no.—Yohane 11:25-27.

Otiefo pa a yɛbɛyɛ no kyerɛ sɛ yedwen afoforo ho ankasa. Sɛ yebetumi akyekye obi a ade atɔ n’ani werɛ a, ehia sɛ yɛyɛ atiefo pa. Yebetumi akyerɛ sɛ yɛyɛ atiefo pa denam nsɛm a yebebisa de ama nea ne biribi awu no ada sɛnea ɔte nka ankasa adi akyerɛ yɛn. Nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa kasa anhyɛ wɔn bere a wɔmpɛ sɛ wɔkasa no. Ebia na wɔabrɛ na wɔpɛ sɛ wɔhome.

Wɔn a wɔredi awerɛhow no tumi botow na ɛtɔ mmere bi nso a wotĩ nsɛm mu. Ebinom ka sɛnea wɔte nka no ho asɛm. Maria ne Marta nyinaa ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.” (Yohane 11:21, 32) Dɛn na Yesu yɛe? Ɔtɔɔ ne bo ase tiee wɔn na ohuu wɔn mmɔbɔ. Wammɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔtee ase sɛ, wɔn a wɔahwere wɔn dɔfo no betumi adi yaw kɛse.

Sɛ wunhu nea wobɛka bere a worekɔ obi a ne biribi awu no nkyɛn a, wubetumi de asɛmmisa yi afi nkɔmmɔbɔ no ase sɛ, “Ɛrenhaw wo sɛ wobɛka ho asɛm anaa?” Ɛno akyi no, wɛn w’aso tie nea ɔbɛka. Tie nea ɔreka no yiye. Hwɛ nea ade atɔ n’ani no anim tẽẽ na bɔ mmɔden sɛ wubehu sɛnea ɔte nka.

Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛte sɛnea obi a ne biribi awu te nka no ase. Lydia kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Yɛn ahiade sesae, na ɛtɔ mmere bi na ahɔho ba yɛn nkyɛn a, yesu ma wɔpata yɛn a ɛmpata. Ná yɛpɛ sɛ afoforo nya yɛn ho adwempa. Na yɛn nnamfo nso bɔɔ mmɔden tee yɛn ase.”

Saa pɛpɛɛpɛ na Yesu yɛe. Ná onim sɛ obiara wɔ “ne haw ne ne yaw.” (2 Beresosɛm 6:29) Ɛsono sɛnea Yesu gyee nkyia a Maria ne Marta kyiaa no no mu biara so. Marta de ɔkɔɔ so kasae, enti Yesu ne no bɔɔ nkɔmmɔ. Esiane sɛ na Maria de ɔresu nti, Yesu ne no ankasa ankyɛ. (Yohane 11:20-28, 32-35) Dɛn na yebetumi asua afi ne nhwɛso no mu? Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛma nea ne biribi awu no mmom bɛkasa pii. Sɛ wɔkasa na wutie wɔn a ɛbɛma wɔanya awerɛkyekye pii.

Nsɛm a Ɛma Denhyɛ

Bere a Maria ne Marta ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Sɛ wowɔ ha a, anka” no, Yesu ammɔ obiara sobo anaa ne bo amfuw obiara wɔ nea wɔkae no ho. Mmuae a ɛka koma a ɔde maa Marta ne sɛ: “Wo nua no bɛsɔre.” (Yohane 11:23) Yesu de nsɛm kakraa yi boaa no ma ɔhyɛɛ n’anidaso mu den na ofi ɔdɔ mu kaee no sɛ akyea nanso emmui.

Sɛ wo ne wɔn a ade atɔ wɔn ani no rekasa a, kae sɛ, nsɛm a ɛyɛ dɛ a ɛma denhyɛ kakraa bi a wobɛka no betumi aboa pii. Wubetumi aka nsɛm a ɛma awerɛkyekye akyerɛ nea ade atɔ n’ani no anaa wubetumi akyerɛw nsɛm no ama no. Esiane sɛ sɛ yɛkyerɛw krataa ma no a obetumi akenkan no bio nti, ebetumi akyekye ne werɛ bere tenten. Bere a Kath kunu Bob wui asram akron akyi no, ɔsan kenkan nkrataa a wɔkyerɛw brɛɛ no no nyinaa bio. Ɔkae sɛ: “Ɛboaa me pii sen bere a wɔde brɛɛ me no. Saa bere yi mmom na minyaa awerɛkyekye.”

Awerɛkyekyesɛm tiaa bɛn na wubetumi akyerɛw? Wubetumi akyerɛw biribi afa nea wawu no ho—osuahu bi a wo ne no nyae anaasɛ ne suban bi a na w’ani gye ho. Kath ka sɛ: “Nsɛm a ɛyɛ anika a wɔkyerɛw faa sɛnea na Bob te ne sɛnea na ɔyɛ n’ade ho no kaa me ma na minhu sɛ minsu anaa menserew mpo. Ne ho nsɛm a na ɛyɛ serew a mekaakae kɛkɛ no ma mitumi sereserew. M’ani da so ara gye Bible mu nsɛm a na ɛwɔ nkrataa no pii mu no ho.”

Fa Mmoa Ankasa Ma

Nea ɛbɛyɛ na Yesu aboa Lasaro abusua no, ɔyɛɛ biribi soronko maa wɔn. Onyanee Lasaro fii awufo mu. (Yohane 11:43, 44) Nanso nneɛma bi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de aboa wɔn a ade atɔ wɔn ani no, te sɛ aduan a yɛbɛnoa, yɛn dan a yɛde bɛma ahɔho a wɔaba ayi no, nneɛma a yɛbɛhoro atow so, mmofra a yɛbɛhwɛ wɔn, nnwuma nketenkete a yɛbɛyɛ, anaa kar ho nhyehyɛe a yɛbɛyɛ ama wɔn. Wɔn a wɔn biribi awu no ani bɛsɔ nneɛma nketenkete a yɛbɛyɛ de akyerɛ yɛn dɔ no.

Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a wɔn a wɔredi awerɛhow no behia bere bi de adwene wɔn ho. Nanso wubetumi afi wo pɛ mu ahwehwɛ wɔn akyi kwan. Ɛna bi a ade atɔ n’ani ka sɛ, “Wɔnhyɛɛ bere a wɔde di awerɛhow ntoo hɔ, saa ara nso na wɔnhyɛɛ bere a wɔde gyae awerɛhodi.” Ebinom bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ nea ade atɔ n’ani no hɔ bere a ɔde rekae da a ohyiaa ayeforo anaa da a ne dɔfo no wui no. Sɛ wutu wo ho ma boa wɔ saa mmere a emu yɛ den yi mu a, ebetumi ama woayɛ ɔyɔnko pa wɔ ahohia bere mu.—Mmebusɛm 17:17.

Yesu kaa anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo no ho asɛm kyerɛɛ n’asuafo no de kyekyee Lasaro nuanom no werɛ: “Yɛn adamfo Lasaro ada, na merekɔ hɔ akonyan no.” (Yohane 11:11) Yesu maa n’akyidifo no awerɛhyem sɛ wobenyan awufo. Obisaa Marta sɛ: “Wugye eyi di?” Obuae sɛ: “Yiw, Awurade.”—Yohane 11:24-27.

So wugye di sɛ Yesu benyan awufo? Sɛ saa a, ka anidaso a ɛsom bo yi ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔn biribi awu no. Fa mmoa a ɛho hia ankasa ma wɔn. Nsɛm a wobɛka ne nea wobɛyɛ de aboa wɔn no bɛma wɔanya awerɛkyekye pii.—1 Yohane 3:18.—w10-E 11/1.

[Asase mfonini wɔ kratafa 18]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

PEREA

Yordan Asubɔnten

Yeriko

Betania

Nkyene Po

Yerusalem

SAMARIA