Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kyerɛ Akronkronne Ho Anisɔ!

Kyerɛ Akronkronne Ho Anisɔ!

Mmofra Afã

Kyerɛ Akronkronne Ho Anisɔ!

Akwankyerɛ: Pɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm tena na kenkan Bible no fa bua nsɛmmisa yi. Bere a worekenkan kyerɛw nsɛm no, fa no sɛ wowɔ hɔ na asɛm no sii. Twa nea ɛkɔɔ so no ho mfonini. Tie nsɛm a na wɔreka no. Hu sɛnea wɔn a wɔwom no te nka fa.

Wɔn a wɔwom: Isak, Rebeka, Yakob, ne Esau

Nsɛm a wɔabɔ no mua: Esau tɔn ne panyin maa n’ata, Yakob.

1 DWINNWEN NEA ESII NO HO.—KENKAN GENESIS 25:20-34.

Bere a na Yakob ne Esau da so wɔ awotwaa mu no, su bɛn na wɔdaa no adi?

․․․․․

Wohwɛ a, bere a na Yakob ne Esau yɛ mmerante no, na wɔte dɛn?

․․․․․

Nkate bɛn na wohwɛ a Yakob ne Esau daa no adi wɔ wɔn nkɔmmɔbɔ no mu wɔ nkyekyɛm 30 kosi 33?

․․․․․

DWINNWEN HO KƆ AKYIRI.

Yɛ nhwehwɛmu fa hwehwɛ hokwan ahorow a na abakan wɔ no mu hwɛ. Dɛn nti na na saa hokwan ahorow yi ho hia? Dɛn na abakan a wɔtɔn de gyee abom ayowa biako no kyerɛ?

․․․․․

2 DWINNWEN NEA ESII NO HO.—KENKAN GENESIS 27:1-10, 30-38.

Dɛn na wohyɛɛ no nsow wɔ ɛnne a Esau de kasae bere a obehui sɛ ne nua no agye abakan nhyira no?

․․․․․

DWINNWEN HO KƆ AKYIRI.

So na ɛyɛ mfomso sɛ Rebeka ne Yakob de wɔn ho begye nsɛm mu ama Yakob anya nhyira no? Dɛn nti na wubua saa? (Nea ɛbɛboa wo: Hwɛ Genesis 25:23, 33.)

․․․․․

3 FA NEA WUSUAE NO YƐ ADWUMA. KYERƐW NEA WUSUAE WƆ NEA EDIDI SO YI HO . . .

Nea ebetumi afi ade a obi yɛ a onsusuw nea ebefi mu aba daakye ho.

․․․․․

AKWAN FOFORO A WUBETUMI DE ADI DWUMA.

Akronkronne bɛn na wɔde ahyɛ wo nsa?

․․․․․

Akwan pɔtee bɛn na wubetumi afa so akyerɛ sɛ wubu akronkronne?

․․․․․

4 ASƐM YI FÃ BƐN NA W’ANI GYE HO PAA, NA DƐN NTIA?

․․․․․

Sɛ wunni Bible a, bisa Yehowa Adansefo anaa kenkan wɔ intanɛt so wɔ www.watchtower.org