Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkɔmhyɛ 4. Nnipa A Wonni Tema

Nkɔmhyɛ 4. Nnipa A Wonni Tema

Nkɔmhyɛ 4. Nnipa A Wonni Tema

“Nnipa rennya . . . tema mma wɔn mmusua.”—2 TIMOTEO 3:1-3, God’s Word Bible.

● Chris yɛ adwuma ma kuw bi a wɔboa wɔn a wɔyɛ wɔn basabasa wɔ afie mu wɔ North Wales. Chris ka sɛ, “Mekae awuraa bi a ɔbaa m’adwumam a minim no, na bere a ɔbae no na wɔahwe no araa ma mantumi anhu no. Mmea binom ahaw araa ma wontumi mpagyaw wɔn ti mpo na wɔahwɛ w’anim.”

DƐN NA ADANSE AHOROW NO MA YEHU? Wɔ Afrika man bi so no, wɔto mmea bɛyɛ 3 biara mu 1 mmonnaa wɔ ne mmofraase. Nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ saa ɔman no mu ma ɛbɛdaa adi sɛ, mmarima 3 biara mu 1 susuw sɛ mfomso nni ho sɛ wɔbɛhwe wɔn yerenom. Nanso, ɛnnyɛ mmea nko na wɔyɛ wɔn basabasa wɔ afie mu. Wɔ Canada sɛ nhwɛso no, ɛrekame ayɛ sɛ, mmarima 10 biara mu 3 ahokafo hwe wɔn anaa wɔyɛ wɔn basabasa.

NSƐM BƐN NA NKURƆFO TAA DE YI WƆN HO ANO? Wɔyɛ nkurɔfo basabasa wɔ afie mu daa. Nanso afei na adwene aba so.

SO ƐTƆ ASOM? Nnansa yi na wɔaka basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ afie mu ho nsɛm pii. Nanso, so ka a wɔka ho nsɛm pii no ama ɛso atew? Dabi, ɛnte saa koraa. Wɔnna tema adi wɔ mmeae pii.

WUSUSUW HO DƐN? So 2 Timoteo 3:1-3 renya mmamu? So nnipa pii ntumi nna tema a anka ɛsɛ sɛ wofi wɔn pɛ mu da no adi kyerɛ wɔn mmusua no?

Nkɔmhyɛ a ɛto so anum yi a wuhu sɛ ɛrenya mmamu no fa yɛn fie, asase yi ho. Susuw nea Bible ka fa asɛm yi ho hwɛ.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]

“Wɔka sɛ basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ afie mu no yɛ bɔne a wodi wɔ nnipa asetena mu a wɔntaa mmɔ ho amanneɛ koraa. Sɛ yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ansa na ɔbea bi bɛbɔ polisifo amanneɛ sɛ ne hokafo ahwe no no, na wɔahwe no bɛyɛ mpɛn 35 dedaw.”—WALES ADWUMAKUW BI A WƆBOA WƆN A WƆYƐ WƆN BASABASA WƆ AFIE MU NO KASAMAFO.