Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahye Mpo Antumi Ansɛe Wɔn Biakoyɛ

Ahye Mpo Antumi Ansɛe Wɔn Biakoyɛ

Ahye Mpo Antumi Ansɛe Wɔn Biakoyɛ

Yehowa Adansefo bɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔremma mpaapaemu biara mma wɔn mu. Wɔde asɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no yɛ adwuma. Yesu kae sɛ: “Mo nyinaa yɛ anuanom.” (Mateo 23:8) Yebehu eyi ho nhwɛso wɔ mmeae abien a Adansefo no hyia som. Biako wɔ Portugal, na biako nso wɔ Spain.

ƆKO bere mu na wɔkyekyee Valença do Minho kurow a wɔato ho fasu wɔ Portugal atifi fam no. Sɛ wugyina kurow no akoban so a, wuhu Minho Asubɔnten no. Saa asubɔnten no ne hye a ɛda Spain ne Portugal ntam. Wufi Portugal twa nsu no a, wobɛkɔ akɔto Spainfo kurow Tui, na wubehu asɔredan kɛse bi wɔ hɔ a sɛ anhwɛ a wobɛka sɛ ɛyɛ asraafo abankɛse. Bɛboro mfe 400 ni na wosisii Tui ne Valença akoban ne abankɛse no.

Afe 1995 mu no, Europa Aman Nkabom Kuw no ma woyiyii ahye so awɛmfo a wɔhwehwɛ akwantufo nneɛma mu no fii hɔ. Nanso sɛ nnipa annye antom wɔ wɔn adwene ne wɔn koma mu sɛ wɔbɛyɛ biako a, woyiyi ahye a ɛda aman ntam no fi hɔ koraa a, ɛrenkosi hwee. Wɔasi dan ketewa fɛfɛ bi wɔ Valença kurow no mu, na ɛkyerɛ sɛnea nnipa ahorow ahorow betumi ayɛ biako. Ɛyɛ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a wohyiam wɔ hɔ som, na Adansefo no asafo abien a biako wɔ Spain na biako wɔ Portugal na wohyiam wɔ hɔ.

Nea ɛbae ne sɛ, afe 2001 mu no, na Adansefo a wɔwɔ Tui no hia Ahenni Asa foforo. Ná ɛsɛ sɛ wotu fi dan a wɔagye tua ho ka no mu, nanso na wonni sika a wɔde besi asa foforo. Ná asafo no mufo nnɔɔso, enti na wonni sika mpo a wɔde bɛhan dan. Ɛno nti, Spain Adansefo no de kɔtoo wɔn nuanom Portugalfo no anim sɛ wɔpɛ sɛ wɔbɛka wɔn ho wɔ wɔn Ahenni Asa no so, efisɛ efi hɔ kɔ Tui no nware koraa.

Eduardo Vila a ɔwɔ Spainfo asafo no mu kae sɛ: “Yehyia susuw asɛm no ho December 2001 mu. Yewiee nhyiam no, mihui sɛ Yehowa aka yɛn nuanom Portugalfo no koma. Wɔbrɛe paa ansa na wɔretumi asi Ahenni Asa fɛfɛɛfɛ no. Enti bere a wɔpenee so sɛ yɛmmɛka wɔn ho no, ɛhyɛɛ me gyidi den.”

Américo Almeida a ɔwɔ Portugalfo asafo mu no nso kɔɔ saa nhyiam no bi, na ɔkae sɛ: “Yɛpenee so sɛ yɛn nuanom a wofi Spain no mmra yɛn Ahenni Asa no so bi. Ná yɛwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa behyira nhyehyɛe yi so, enti yɛn nyinaa adwene hyiae.” Portugal ne Spain Adansefo no ka paa. Paolo a ofi Valença no kae sɛ: “Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ yenhu mpo sɛ yemfi ɔman biako so. Nea yenim ara ne sɛ yɛyɛ anuanom Kristofo.”

Sɛ obi wura Ahenni Asa no so a, ade biako a n’ani bɛbɔ so ne wɔɔkye abien a ɛbɔ akyi hɔ a ne nyinaa nkɔ pɛ. Spain di Portugal anim dɔnhwerew biako, enti nsonsonoe a ɛda wɔn ntam wɔ Ahenni Asa no so ara ne saa wɔɔkye abien no a ɛnkɔ pɛ no. Bere bi a na ehia sɛ wɔyɛ Ahenni Asa no ho adwuma no, Ɔmantam Adansi Boayikuw bi a wɔwɔ Spain na wɔbɛhwɛɛ adwuma no so, na anuanom a wɔwɔ asafo abien no nyinaa mu de anigye bɛyɛɛ adwuma no bi. Paolo ka sɛ: “Adansifo bebree fi Spain bɛboaa yɛn; ebinom mpo twaa bɛboro kilomita 160 (akwansin 100). Adwuma no maa ɔdɔ a ɛwɔ asafo abien no ntam no yɛɛ kɛse.”

Ma yɛnhwɛ asɛm foforo a ɛkyerɛ sɛ ahye ntumi nsiw biakoyɛ kwan.

Biakoyɛ Wɔ Kurow a Emu Akyɛ Abien Mu

Puigcerdá yɛ Spainfo kurow a ɛne France bɔ hye. Kurow yi da bon bi mu, na Pyrenees mmepɔw akɛse no atwa ho ahyia; ɛhɔ yɛ asase pa. Bere bi, na saa bon yi a wɔfrɛ no Cerdaña no nyinaa yɛ Spainfo asase. Nanso afe 1659 mu no, wɔyɛɛ asomdwoe apam bi a wɔfrɛ no Pyrenees Apam, na Spainfo de asase no fã maa Francefo.

Puigcerdá ne kurow kɛse a ɛwɔ bon no mu, na ɛnnɛ Francefo ba hɔ bɛtotɔ nneɛma. Efi afe 1997 mu no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Puigcerdá no nso agye wɔn nuanom a wɔwɔ France awaawaa atuu aba wɔn Ahenni Asa so. Ná ɛsɛ sɛ France Adansefo no tu fi dan a wɔahan no mu. Ahenni Asa a ɛwɔ France a na ɛbɛn wɔn paa no, sɛ wɔde kar rekɔ hɔ a, ebedi dɔnhwerew biako, na sɛ edu awɔwbere mu nso a, sukyerɛmma kata ɔkwan a ɛda mmepɔw mu a wɔbɛfa so akɔ no so.

Bere a France Adansefo no ka kyerɛɛ Spain Adansefo no sɛ wɔn ho akyere wɔn paa na wonni baabi a wobehyia no, ntɛm ara na Spain anuanom no penee so sɛ wɔmmra wɔn Ahenni Asa no so bi. Ɔdansefo bi a ɔte kurow no so a wɔfrɛ no Prem ka sɛ: “Spain anuanom no nyinaa ani gyee ho sɛ wɔbɛma wɔn nuanom aba asa no so bi. Nea ɛmaa anuanom nyaa saa adwempa no ne sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm no atete yɛn mfe pii. Adapɛn kakraa bi akyi no, wofii ase baa yɛn Ahenni Asa no so bi, na yɛne wɔn atena mfe 13 ni.”

Eric a ɔyɛ France asafo no mu panyin kae sɛ: “Ná Puigcerdá a Ahenni Asa no wɔ no yɛ baabi pa ma yɛn paa. Meda so kae sɛnea Spain asafo no mufo gyee yɛn awaawaa atuu no. Wɔde nhwiren kɛse bi siesiee hɔ, na wɔkyerɛw biribi wɔ hɔ sɛ, ‘Yɛn nuanom mmarima ne mmea, yɛma mo akwaaba oo.’”

Eric toaa so sɛ: “Ná ɛyɛ ebinom sɛ gyama yɛn Ahenni Asa a ɛwɔ France a wɔatotom no kyerɛ sɛ asafo no agu. Nanso asɛnka a yɛkɔ no daa wɔ hɔ ne nkrataa a yɛde to nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra yɛn nhyiam ahorow wɔ Spain no ma ɛdaa adi sɛ asafo no da so wɔ hɔ. Nkurɔfo ani gye ho sɛ wɔbɛba Ahenni Asa no so wɔ Spain. Bio nso Ahenni Asa a yɛne yɛn nuanom Spainfo kɔ asafo nhyiam wɔ hɔ no ama yɛabɛn wɔn kɛse. Kan no, na yenim sɛ Spainfo asafo bi wɔ hye no fã nohoa, nanso na yɛntaa nhyia. Seesei a yehu yɛn ho daa yi, yɛnte nka sɛ yɛyɛ ankonam wɔ bon no mu.”

Esiane sɛ ɛsono obiara amammerɛ nti, so ebinom adwenem yɛɛ wɔn nãã? Ɔdansefo bi a ɔwɔ France a wadi boro mfe 80 kae sɛ: “Bere a metee sɛ yɛbɛkɔ asafo nhyiam wɔ Spain no, egyaw me adwennwen kakra. Nanso sɛnea anuanom a wɔwɔ Puigcerdá de anigye gyee yɛn no amma nsakrae no anyɛ den. Ama yɛanya hokwan mmom de akyerɛ sɛ biakoyɛ wɔ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa ntam ampa.”

Biakoyɛ a Edi mu Fapem

Wɔn a wɔhyehyɛɛ Europa aman nkabom kuw no kae sɛ emu aman no “asi wɔn bo sɛ wɔbɛto fapem pa a ɛbɛma Europa aman nyinaa anya biakoyɛ a edi mu.” Nea enti a woyiyii ahye so awɛmfo no wɔ 1980 kosi 1995 hɔ baabi ne sɛ ɛbɛma biakoyɛ ho nhyehyɛe no akɔ so. Nanso aka sɛ wɔbɛma nnipa asesa wɔn adwene.

Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wobeyi animhwɛ ne nnipa ho adwemmɔne afi hɔ. Wonim sɛ aman horow so a wofi no de mfaso pii brɛ wɔn, na wonim nso sɛ “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim.” (Asomafo Nnwuma 10:34) Sɛ wɔkɔ amanaman ntam nhyiam anaa wɔn Ahenni Asa so a, wohu “oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena biakoyɛ mu!” (Dwom 133:1) Biakoyɛ a Adansefo a wɔwɔ Valença ne Puigcerdá ama aba wɔne wɔn nuanom a wɔwɔ aman a ɛbɛn wɔn no ntam no di adanse sɛ asɛm yi yɛ nokware.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]

“Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ yenhu mpo sɛ yemfi ɔman biako so. Nea yenim ara ne sɛ yɛyɛ anuanom Kristofo”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

“Adwuma no maa ɔdɔ a ɛwɔ asafo abien no ntam no yɛɛ kɛse”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]

“Oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena biakoyɛ mu!” DWOM 133:1

[Mfonini wɔ kratafa 12, 13]

Sɛ obi gyina Valença do Minho kurow a wɔato ho fasu no mu a, sei na obehu Tui ne Minho Asubɔnten no

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Wɔreyɛ Ahenni Asa no ho adwuma

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Pyrenees ne Cerdaña bon no

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Asafo abien a wohyiam wɔ Puigcerdá Ahenni Asa so no mu mpanyimfo baanu—biako fi Spain asafo no mu, na biako nso fi France asafo no mu